< اول پادشاهان 3 >

سلیمان با فرعون مصر پیمان دوستی بسته، دختر او را به همسری گرفت و به شهر داوود آورد تا بنای کاخ سلطنتی خود و نیز خانۀ خداوند و دیوار شهر اورشلیم را تمام کند. 1
Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babaa. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom kɔsii sɛ ɔsii nʼahemfie, sii Awurade Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho ɔfasuo nso wieeɛ.
در آن زمان، قوم اسرائیل به بالای تپه‌ها می‌رفتند و روی مذبحهای آنجا قربانی می‌کردند، چون هنوز خانهٔ خداوند ساخته نشده بود. 2
Saa ɛberɛ no mu, na Israelfoɔ gu so bɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea, ɛfiri sɛ, na wɔnsii asɔredan, mfaa Awurade din ntoo so.
سلیمان خداوند را دوست می‌داشت و مطابق دستورهای پدر خود عمل می‌کرد، ولی او هم به بالای تپه‌ها می‌رفت و در آنجا قربانی می‌کرد و بخور می‌سوزانید. 3
Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ maa Awurade, ɛfiri sɛ, na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hye aduhwam wɔ hɔ nso.
یکبار سلیمان برای قربانی کردن به جبعون رفت، زیرا مهمترین تپه بود. او هزار گاو و گوسفند در آن محل قربانی کرد. 4
Gibeon na na afɔrebukyia no mu atitire wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ apem wɔ afɔrebukyia so.
آن شب در جبعون خداوند در عالم خواب به او ظاهر شد و فرمود: «از من چه می‌خواهی تا به تو بدهم؟» 5
Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ daeɛ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.”
سلیمان گفت: «تو به پدرم داوود بسیار محبت نشان دادی چون او نسبت به تو صادق و امین بود و قلب پاکی داشت. به او پسری بخشیدی که امروز بر تختش نشسته است. با این کار، لطف خود را در حق او کامل کردی! 6
Salomo kaa sɛ, “Woada adɔeɛ kɛseɛ pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi wo nokorɛ, yɛ ɔteneneeni a nʼakoma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔeɛ kɛseɛ yi ara, na ɛnnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahennwa nso so.
ای خداوند، خدای من، تو مرا به جای پدرم داوود به پادشاهی رسانده‌ای. ولی من مانند یک کودک هستم که راه خود را نمی‌داند. 7
“Afei, Ao Awurade, me Onyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene, sɛ mensi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abɔfra ketewaa bi a mennim sɛdeɛ mɛsi ayɛ mʼadwuma.
حال که رهبری قوم برگزیدهٔ تو با این همه جمعیت بی‌شمار به عهدهٔ من است، 8
Ɛha na wʼakoa abɛduru wɔ nnipa a woapa wɔn no mu; nnipa a wɔn dodoɔ enti, obi ntumi nkan wɔn.
به من حکمت عطا کن تا بتوانم نیک و بد را تشخیص بدهم و با عدالت بر مردم حکومت کنم؛ و گرنه چطور می‌توانم این قوم بزرگ را اداره کنم؟» 9
Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?”
خداوند درخواست سلیمان را بسیار پسندید و خشنود شد که سلیمان از او حکمت خواسته است. 10
Awurade ani sɔɔ Salomo mmuaeɛ no, na nʼani gyee sɛ ɔbisaa nyansa.
پس به سلیمان فرمود: «چون تو حکمت خواستی تا با عدالت حکومت کنی و عمر طولانی یا ثروت فراوان برای خود و یا مرگ دشمنانت را از من نخواستی، 11
Enti, Awurade buaa sɛ, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bɛdi me manfoɔ so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo ɔtamfoɔ bi nwu no enti,
پس هر چه خواستی به تو می‌دهم. من به تو فهم و حکمتی می‌بخشم که تاکنون به کسی نداده‌ام و نخواهم داد. 12
mede deɛ woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne nteaseɛ a obiara nnyaa bi da, na obiara nso nnya bi da.
در ضمن چیزهایی را هم که نخواستی به تو می‌دهم، یعنی ثروت و افتخار را، به طوری که در طول زندگی‌ات هیچ پادشاهی به پای تو نخواهد رسید. 13
Na deɛ woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne animuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ ewiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu.
اگر مثل پدرت داوود از من اطاعت کنی و دستورهای مرا پیروی نمایی آنگاه عمر طولانی نیز به تو خواهم بخشید!» 14
Na sɛ wodi mʼakyi, na wodi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.”
وقتی سلیمان بیدار شد، فهمید که خدا در خواب با او سخن گفته است. پس به اورشلیم رفت و به خیمهٔ عبادت وارد شده، در برابر صندوق عهد خداوند ایستاد و قربانیهای سوختنی و سلامتی به خداوند تقدیم کرد. سپس برای تمام درباریان خود، ضیافتی بزرگ ترتیب داد. 15
Na Salomo nyaneeɛ, na ɔhunuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɔkɔɔ Yerusalem kɔgyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔhyiaa ne mpanimfoɔ nyinaa, too wɔn ɛpono.
چندی بعد دو فاحشه برای حل اختلاف خود به حضور پادشاه آمدند. 16
Akyire yi, mmaa nnwamanfoɔ baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn.
یکی از آنان گفت: «ای پادشاه، ما دو نفر در یک خانه زندگی می‌کنیم. چندی قبل من فرزندی به دنیا آوردم. 17
Wɔn mu baako hyɛɛ aseɛ sɛ, “Me wura, mesrɛ wo meka sɛ, saa ɔbaa yi ne me te fi korɔ mu. Mewoo ɔba ɛberɛ a ɔne me te efie hɔ.
سه روز بعد از من، این زن هم فرزندی زایید. کسی جز ما در آن خانه نبود. 18
Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu ho.
یک شب که او خواب بود، روی بچه‌اش افتاد و بچه‌اش خفه شد! 19
“Nanso, anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kumm no.
نصف شب وقتی من در خواب بودم، او برخاست و پسر مرا از کنارم برداشت و پیش خودش برد و بچهٔ مردهٔ خود را در بغل من گذاشت. 20
Na ɔsɔree anadwo no faa me ba firii me nkyɛn ɛberɛ a mada. Ɔde ne ba a wawu no too mʼabasa so, na ɔfaa me deɛ no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdaeɛ.
صبح زود که برخاستم بچه‌ام را شیر بدهم دیدم مرده است. اما وقتی در روشنایی روز با دقت به او نگاه کردم متوجه شدم که آن کودک پسر من نیست.» 21
Adeɛ kyeeɛ a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufoɔ no, na wawu. Nanso, anim tetee kakra a mehwɛɛ abɔfra no yie no, mehunuu sɛ, ɛnyɛ me ba no koraa.”
زن دوم حرف او را قطع کرد و گفت: «اینطور نیست، بچهٔ مرده مال اوست و اینکه زنده است پسر من است.» زن اولی گفت: «نه، آنکه مرده است مال تو است و اینکه زنده است مال من است.» و در حضور پادشاه به مجادله پرداختند. 22
Ɛhɔ ara na ɔbaa baako no gyee hwanyan kaa sɛ, “Abɔfra a wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.” Ɛnna ɔbaa a ɔdi ɛkan no nso se, “Dabi, deɛ wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.” Enti, wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim.
پس پادشاه گفت: «بگذارید ببینم حق با کیست. هر دو شما می‌گویید: بچهٔ زنده مال من است، و هر دو هم می‌گویید: بچهٔ مرده مال من نیست!» 23
Ɔhene no kaa sɛ, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokorɛ yie. Mo baanu nyinaa, obiara se abɔfra a ɔnwuiɛ no yɛ ne dea, na abɔfra a wawuo no deɛ, ɔnyɛ obiara dea.
سپس پادشاه دستور داد شمشیری بیاورند. پس یک شمشیر آوردند. 24
“Sɛ saa na ɛte deɛ a, mommrɛ me akofena.” Enti, wɔde akofena brɛɛ ɔhene no.
آنگاه سلیمان فرمود: «طفل زنده را دو نصف کنید و به هر کدام یک نصف بدهید!» 25
Afei, ɔkaa sɛ, “Mompae abɔfra a ɔnwuiɛ no mu mmienu, na momfa ɛfa mma mmaa no mu biara.”
زنی که مادر واقعی بچه بود دلش بر پسرش سوخت و به پادشاه التماس کرده گفت: «ای پادشاه بچه را نکشید. او را به این زن بدهید!» ولی زن دیگر گفت: «نه، بگذار او را تقسیم کنند تا نه مال من باشد و نه مال تو!» 26
Na ɔbaa a nokorɛm, ɔyɛ abɔfra a ɔte ase no maame a ɔpɛ ne ba yi asɛm yie no teateaam sɛ, “Ao! Dabi me wura! Fa abɔfra no ma no. Mesrɛ wo nku no!” Nanso, ɔbaa baako no kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!”
آنگاه پادشاه فرمود: «بچه را نکشید! او را به این زن بدهید که نمی‌خواهد بچه کشته شود؛ چون مادرش همین زن است!» 27
Ɛhɔ na ɔhene no kaa sɛ, “Monnku no, na mmom, momfa abɔfra no mma ɔbaa a ɔpɛ sɛ abɔfra no tena ase no, na ɔno ne ne maame no.”
این خبر به سرعت در سراسر اسرائیل پخش شد و همه از پادشاه ترسیدند، چون فهمیدند که خدا به سلیمان حکمت بخشیده تا بتواند عادلانه داوری کند. 28
Ɔhene yi atemmuo no trɛ faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfoɔ no ho dwirii wɔn wɔ nyansabun a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntenenee no ho.

< اول پادشاهان 3 >