< میکا 4 >

و در ایام آخر، کوه خانه خداوند بر قله کوها ثابت خواهد شد و بر فوق تلهابرافراشته خواهد گردید و قوم‌ها بر آن روان خواهند شد. ۱ 1
Nna a edi akyi no mu no, Awurade asɔredan bepɔw no betim sɛ mmepɔw no nyinaa ti; ebegye din aboro nkoko nyinaa, na nnipa ahorow bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
و امت های بسیار عزیمت کرده، خواهند گفت: بیایید تا به کوه خداوند و به خانه خدای یعقوب برآییم تا طریق های خویش را به ما تعلیم دهد و به راههای وی سلوک نماییم زیراکه شریعت از صهیون و کلام خداوند از اورشلیم صادر خواهد شد. ۲ 2
Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.
و او در میان قوم های بسیارداوری خواهد نمود و امت های عظیم را از جای دور تنبیه خواهد کرد و ایشان شمشیرهای خودرا برای گاوآهن و نیزه های خویش را برای اره هاخواهند شکست و امتی بر امتی شمشیر نخواهدکشید و بار دیگر جنگ را نخواهند آموخت. ۳ 3
Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
وهر کس زیر مو خود و زیر انجیر خویش خواهدنشست و ترساننده‌ای نخواهد بود زیرا که دهان یهوه صبایوت تکلم نموده است. ۴ 4
Obiara bɛtena ne bobe anaa ne borɔdɔma nnua ase, na obiara remmehunahuna wɔn, efisɛ, Asafo Awurade akasa.
زیرا که جمیع قوم‌ها هر کدام به اسم خدای خویش سلوک می‌نمایند اما ما به اسم یهوه خدای خود تاابدالاباد سلوک خواهیم نمود. ۵ 5
Amanaman no nyinaa betumi anantew wɔn anyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew Awurade, yɛn Nyankopɔn Din mu daa daa.
خداوند می‌گوید که در آن روز لنگان راجمع خواهم کرد و رانده شدگان و آنانی را که مبتلا ساخته‌ام فراهم خواهم آورد. ۶ 6
“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, “Mɛboaboa mmubuafo, atukɔfo ɛne wɔn a mede awerɛhow aba wɔn so ano.
و لنگان رابقیتی و دور شدگان را قوم قوی خواهم ساخت وخداوند در کوه صهیون برایشان از الان تا ابدالابادسلطنت خواهند نمود. ۷ 7
Mɛma mmubuafo ayɛ me nkurɔfo wɔ asase no so, atukɔfo no bɛyɛ ɔman kɛse. Awurade bedi wɔn so hene wɔ Sion bepɔw so afi da no akosi daa.
و تو‌ای برج گله و‌ای کوه دختر صهیون این به تو خواهد رسید وسلطنت اول یعنی مملکت دختر اورشلیم خواهدآمد. ۸ 8
Na wo, nguankuw no abantenten, Ɔbabea Sion, abandennen, wɔde wo tete tumidi no bɛsan abrɛ wo; Ɔbabea Yerusalem nsa bɛsan aka nʼahenni.”
الان چرا فریاد برمی آوری؟ آیا در توپادشاهی نیست و آیا مشیر تو نابود شده است که درد تو را مثل زنی که می‌زاید گرفته است؟ ۹ 9
Adɛn nti na afei woresu dennen, wunni ɔhene ana? Wo futufo ayera, na enti ɔyaw aka wo sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu?
‌ای دختر صهیون مثل زنی که می‌زاید درد زه کشیده، وضع حمل نما زیرا که الان از شهر بیرون رفته، درصحرا خواهی نشست و به بابل رفته، در آنجارهایی خواهی یافت و در آنجا خداوند تو را ازدست دشمنانت رهایی خواهد داد. ۱۰ 10
Bukabukaw wo mu wɔ yawdi mu, Ɔbabea Sion, te sɛ ɔbea a awo aka no, mprempren ɛsɛ sɛ wufi kuropɔn no mu kɔtena sare so. Wobɛkɔ Babilonia; na hɔ na wobegye wo. Ɛhɔ na Awurade begye wo afi wʼatamfo nsam.
و الان امت های بسیار بر تو جمع شده، می‌گویند که صهیون نجس خواهد شد و چشمان ما بر او خواهد نگریست. ۱۱ 11
Mprempren de, aman bebree aka abɔ mu atia wo. Wɔka se, “Wongu Sion ho fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”
اما ایشان تدبیرات خداوندرا نمی دانند و مشورت او را نمی فهمند زیرا که ایشان را مثل بافه‌ها در خرمنگاه جمع کرده است. ۱۲ 12
Nanso wonnim Awurade adwene. Wɔnte nʼagyinatu ase. Wonnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi de kɔ awiporowbea.
‌ای دختر صهیون برخیز و پایمال کن زیرا که شاخ تو را آهن خواهم ساخت و سمهای تو رابرنج خواهم نمود و قوم های بسیار را خواهی کوبید و حاصل ایشان را برای یهوه و دولت ایشان را برای خداوند تمامی زمین وقف خواهی نمود. ۱۳ 13
“Sɔre, na porow, Ɔbabea Sion, mɛma wo dade mmɛn; mɛma wo kɔbere tɔte na wubebubu aman bebree mu nketenkete.” Wode wɔn mfaso a wɔampɛ no ɔkwan pa so bɛbrɛ Awurade, wode wɔn ahonyade bɛbrɛ asase nyinaa so wura.

< میکا 4 >