< عاموس 7 >
خداوند یهوه به من چنین نمودار ساخت که اینک در ابتدای روییدن حاصل رش دوم ملخها آفرید و هان حاصل رش دوم بعد از چیدن پادشاه بود. | ۱ 1 |
Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: na ɔreboaboa mmoadabi bebree ano. Eyi yɛ bere a wɔatwa ɔhene kyɛfa afi mfuw no so na akyiri nnɔbae no renyin no.
و چون تمامی گیاه زمین را خورده بودند، گفتم: «ای خداوند یهوه مستدعی آنکه عفو فرمایی! چگونه بعقوب برخیزد چونکه کوچک است؟» | ۲ 2 |
Bere a mmoadabi no awe asase no so nnɔbae nyinaa no, meteɛɛ mu se “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn! Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
و خداوند از این پشیمان شد وخداوند گفت: «نخواهد شد.» | ۳ 3 |
Ɛno nti, Awurade bo dwoe. Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”
خداوند یهوه به من چنین نمودار ساخت و اینک خداوند یهوه آتش را خواند که محاکمه بکند. پس لجه عظیم رابلعید و زمین را سوزانید. | ۴ 4 |
Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: Otumfo Awurade de ogya rebebu atɛn; ɛyow bun kɛse no, na ɛsɛee asase no.
پس گفتم: «ای خداوندیهوه از این باز ایست! یعقوب چگونه برخیزدچونکه کوچک است؟» | ۵ 5 |
Na meteɛɛ mu se, “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, gyae! Yakob rentumi nnyina! Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
و خداوند از این پشیمان شد و خداوند یهوه گفت: «این نیز نخواهد شد.» | ۶ 6 |
Ɛno nti, Awurade bo dwoe na ɔkae se, “Megyae mʼatirimpɔw yi nso.”
و به من چنین نمودار ساخت که خداوند بر دیوارقایمی ایستاده بود و شاقولی در دستش بود. | ۷ 7 |
Eyi ne nea oyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasu a wɔato no kirebenn no ho, a okita kirebennyɛ susudua no.
و خداوند مرا گفت: «ای عاموس چه میبینی؟» گفتم: «شاقولی.» خداوند فرمود: «اینک من شاقولی در میان قوم خود اسرائیل میگذارم و بار دیگر از ایشان درنخواهم گذشت. | ۸ 8 |
Na Awurade bisaa me se, “Amos, dɛn na wuhu?” Mibuae se, “Kirebennyɛ susudua.” Na Awurade kae se, “Mede kirebennyɛ susudua yi reto me nkurɔfo Israelfo ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.
و مکانهای بلند اسحاق ویران و مقدس های اسرائیل خراب خواهد شد و به ضد خاندان یربعام با شمشیر خواهم برخاست.» | ۹ 9 |
“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea na Israel kronkron tenabea nso wobebubu no; mede mʼafoa bɛsɔre atia Yeroboamfi.”
و امصیای کاهن بیت ئیل نزد یربعام پادشاه اسرائیل فرستاده، گفت: «عاموس در میان خاندان اسرائیل بر تو فتنه میانگیزد و زمین سخنان او رامتحمل نتواند شد. | ۱۰ 10 |
Amasia a ɔyɛ Bet-El sɔfo de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam se, “Amos rebɔ pɔw atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nyɛ abodwosɛm.
زیرا عاموس چنین میگوید: یربعام به شمشیر خواهد مرد و اسرائیل از زمین خود البته به اسیری خواهد رفت.» | ۱۱ 11 |
Nea Amos reka ni: “‘Yeroboam bewu wɔ afoa ano, na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, wɔ akyirikyiri asase so.’”
و امصیا به عاموس گفت: «ای رایی برو و به زمین یهودا فرار کن و در آنجا نان بخور و در آنجا نبوت کن. | ۱۲ 12 |
Na Amasia ka kyerɛɛ Amos se, “Fi ha kɔ, wo ɔdehufo! San kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm.
اما در بیت ئیل بار دیگر نبوت منماچونکه آن مقدس پادشاه و خانه سلطنت میباشد.» | ۱۳ 13 |
Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, efisɛ ha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
عاموس در جواب امصیا گفت: «من نه نبی هستم و نه پسر نبی بلکه رمه بان بودم و انجیرهای بری را میچیدم. | ۱۴ 14 |
Amos buaa Amasia se, “Mennyɛ odiyifo anaa odiyifo bi ba, na na meyɛ oguanhwɛfo a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so.
و خداوند مرا از عقب گوسفندان گرفت و خداوند مرا گفت: برو و بر قوم من اسرائیل نبوت نما. | ۱۵ 15 |
Nanso Awurade frɛɛ me fii nguan sohwɛ so, ka kyerɛɛ me se, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfo Israelfo.’
پس حال کلام خداوندرا بشنو: تو میگویی به ضد اسرائیل نبوت مکن وبه ضد خاندان اسحاق تکلم منما. | ۱۶ 16 |
Na afei, tie Awurade asɛm. Woka se, “‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfo, na gyae asɛnka a wode tia Isakfifo no.’
لهذاخداوند چنین میگوید: زن تو در شهر مرتکب زناخواهد شد و پسران و دخترانت به شمشیرخواهند افتاد و زمینت به ریسمان تقسیم خواهدشد و تو در زمین نجس خواهی مرد و اسرائیل اززمین خود البته به اسیری خواهد رفت.» | ۱۷ 17 |
“Enti asɛm a Awurade ka ni: “‘Wo yere bɛbɔ aguaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmabarima ne wo mmabea bewuwu wɔ afoa ano. Wobesusuw wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wubewu wɔ abosonsomman mu, na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, wɔ akyirikyiri asase so.’”