< Jobs 31 >
1 Med augo hev eg gjort ei pakt; eg skal’kje skygna etter møy.
“Me ne mʼani yɛɛ apam sɛ meremfi akɔnnɔ mu, nhwɛ ababaa.
2 Kva gav meg elles Gud der uppe? Kva arv gav Allvald frå det høge?
Dɛn ne onipa kyɛfa a efi ɔsoro Nyankopɔn nkyɛn? Dɛn ne nʼagyapade a efi ɔsoro Tumfo no nkyɛn?
3 Kjem ikkje udådsmann i naud? Og illgjersmenn i ulukka?
Ɛnyɛ ɔsɛe mma amumɔyɛfo, atoyerɛnkyɛm mma wɔn a wɔyɛ bɔne ana?
4 Ser ikkje han på mine vegar? Tel ikkje han kvart stig eg gjeng?
Onhu mʼakwan na ɔnkan anammɔn biara a mitu ana?
5 Dersom eg fram med fals hev fare, og foten sprunge etter svik
“Sɛ manantew wɔ nkontompo mu anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a,
6 - Gud vege meg på rettferds vegt, so han kann sjå eg skuldlaus er! -
ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa so na obehu sɛ me ho nni asɛm;
7 Veik mine stig frå vegen av, hev hjarta etter augo gjenge, var det ein flekk på mine hender,
sɛ mʼanammɔntu afom ɔkwan, sɛ me koma adi mʼani akyi, anaasɛ me nsa ho agu fi a
8 so gjev ein annan et mitt såd, og riv mi planting upp med rot!
ɛno de ma afoforo nni nea madua, na ma wontutu me nnɔbae ngu.
9 Let eg min hug av kvinna dåra, sneik eg til grannens dør meg fram,
“Sɛ ɔbea bi atɔ me koma so, anaasɛ matɛw me yɔnko bi pon akyi a,
10 so lat mitt viv åt andre mala, og andre yver ho seg bøygje!
ɛno de, me yere nyam ɔbarima foforo aduan, na mmarima afoforo ne no nna.
11 For dette er ei skjemdarferd, eit brot som dom og straff fortener,
Efisɛ anka ɛno na ɛbɛyɛ aniwusɛm ne bɔne a ɛsɛ sɛ wɔtwe aso wɔ so.
12 ein eld som eta vil til avgrunns og øydeleggja all mi eiga.
Ɛyɛ ogya a ɛhyew kodu Ɔsɛe mu; na ebetumi atutu me nnɔbae ase.
13 Vanvyrd’ eg retten åt min træl og trælkvinna i trætta med deim?
“Sɛ mabu mʼasomfo mmarima ne mmea ntɛnkyew, bere a wɔne me nyaa asɛm,
14 - Kva gjord’ eg då, når Gud reis upp? Kva svara eg, når han meg klaga?
sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a dɛn na mɛyɛ? Sɛ wɔfrɛ me akontaabu a, mmuae bɛn na mɛma?
15 Dei er som meg i morsliv skapte; ein forma oss i moderfang -
Ɛnyɛ nea ɔbɔɔ me wɔ ɔyafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn? Ɛnyɛ onipa koro no na ɔyɛɛ yɛn baanu wɔ yɛn nanom yafunu mu?
16 Um eg sagde nei når arming bad, og let enkja gråtande gå burt,
“Sɛ mamma ahiafo nea wɔn koma pɛ anaa mama akunafo ani ayɛ wɔn yaw,
17 hev eg mitt brød åleine ete, so farlaus inkje fekk ein bit,
sɛ mabɔ mʼaduan ho atirimɔden a mamma ayisaa bi,
18 - nei, far for han eg var frå yngdi, frå morsliv var eg hennar førar -
nanso efi mmerantebere mu matetew no sɛnea agya bɛyɛ, na efi ɔyafunu mu, mahwɛ akunafo.
19 Såg eg ein stakar utan klæde, ein fatig utan yverplagg,
Sɛ mahu obi a onni adurade na ɔrebrɛ, anaa ohiani bi a onni atade,
20 og so hans lender ei meg signa, og ei mi saueull han vermde,
na sɛ wɔamfi koma mu anhyira me sɛ mede me nguan ho nwi kaa wɔn hyew,
21 hev eg mot farlaus handi lyft, av di eg medhald fekk i retten:
sɛ mama me nsa so atia ayisaa bi, esiane sɛ mewɔ tumi wɔ asennii nti a,
22 Let herdi mi or led då losna, og armen brotna frå sitt bein!
ɛno de, ma me basa mpan mfi me mmati, ma emmubu mfi nʼapɔw so.
23 For eg var ovleg rædd Guds straff, eg magtlaus stod framfor hans velde.
Misuroo ɔsɛe a efi Onyankopɔn nkyɛn, na nʼanuonyam ho suro nti mantumi anyɛ saa nneyɛe no.
24 Um eg mi lit til gullet sette, og voni til det fine gull,
“Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ ankasa se, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’
25 Gledde eg meg ved auka rikdom, og alt eg vann meg med mi hand,
sɛ masɛpɛw me ho wɔ mʼahode bebrebe nti, ahode a me nsa aka yi,
26 såg eg på ljoset når det stråla, på månen der han skreid i glans,
sɛ mahwɛ owia ne ne hyerɛn anaa ɔsram a ɔnam anuonyam mu,
27 vart hjarta mitt i løyndom dåra, so kyss på hand til deim eg sende,
ama aka me koma a obiara nnim na me nsa yɛɛ wɔn atuu de nidi maa wɔn a,
28 so var det og straffande brot, då neitta eg min Gud der uppe.
ɛno de, na eyinom nso bɛyɛ bɔne a wobu ho atɛn, efisɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokware.
29 Hev eg meg gledt ved uvens uferd, og jubla når han kom i skade,
“Sɛ mʼani gyee wɔ me tamfo amanehunu nti anaa mesrew no wɔ ɔhaw a aba ne so nti,
30 - men eg let ikkje munnen synda og banna honom ifrå livet -
memmaa mʼano nyɛɛ bɔne sɛ mɛdome ne nkwa,
31 hev ei mitt husfolk stendigt sagt: «Kven gjekk vel svolten frå hans bord?»
sɛ nnipa a wɔwɔ me fi mu nkaa da sɛ, ‘Hena na Hiob pon so nam mmee no da?’
32 - Eg let’kje framand natta ute; for ferdamann eg opna døri -
Ɔhɔho biara anna abɔnten so da, efisɛ me pon ano daa hɔ da biara maa akwantufo,
33 hev eg som Adam dult mi synd, og løynt mi misgjerd i min barm,
Makata me bɔne so sɛnea nnipa yɛ de mʼafɔdi ahyɛ me koma mu
34 di eg var rædd den store hop og ottast spott frå ættefrendar, so stilt eg heldt meg innum dører?
esiane sɛ misuroo nnipadɔm ne ahohora a efi mmusua hɔ no nti na meyɛɛ komm a mamfi adi.
35 Å, vilde nokon høyra på meg! Sjå her er underskrifti mi, lat berre Allvald svara meg! Fekk eg den skrift min motpart skreiv,
(“Ao, sɛ anka mewɔ obi a obetie me. Mede me din ahyɛ mʼanoyi ase, ma Otumfo no mmua me; ma nea ɔbɔ me kwaadu no nkyerɛw ne sobobɔ.
36 den skulde eg på oksli bera og binda på meg som ein krans
Ampa ara, mɛhyɛ wɔ me mmati, mɛhyɛ sɛ ahenkyɛw.
37 eg melde honom kvart mitt stig, og som ein hovding møta honom.
Mebu mʼanammɔntu biara ho akontaa akyerɛ no; mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.)
38 Dersom min åker klagar meg, og um plogforerne lyt gråta,
“Sɛ mʼasase teɛ mu tia me na nusu fɔw ne nkɔ nyinaa,
39 åt eg hans grøda ubetalt, tok livet eg av eigarmannen:
sɛ madi so aba a mintuaa ka anaasɛ mabu so apaafo no aba mu a,
40 Lat då for kveite klunger gro, og ugras der eg sådde bygg!» Her endar Jobs tale.
ma nsɔe mfifi nsi awi anan mu na wura mfuw nsi atoko anan mu.” Hiob nsɛm no asi.