< Jobs 19 >

1 Då svara Job og sagde:
Na Hiob buae se,
2 «Kor lenge vil mi sjel de harma og krasa meg med dykkar ord?
“Mobɛhyɛ me ɔyaw na mode nsɛm abubu me akosi da bɛn?
3 Ti gonger hev de no meg spotta; de skjemmest ei å krenkja meg.
Mpɛn du ni a moasopa me; mo ani nwu sɛ motow hyɛ me so.
4 Hev eg i røyndi mistak gjort, dei mistak er mi eigi sak.
Sɛ ɛyɛ nokware sɛ mafom ɔkwan a, me mfomso yɛ me nko ara asɛm.
5 Vil de dykk briska imot meg, som um eg lid mi skam med rette?
Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so asen me na mode mʼanimguase ayɛ adanse atia me a,
6 Hugs på at Gud hev bøygt meg ned og spana kringum meg sitt garn.
ɛno de munhu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne na ɔde ne tan atwa me ho ahyia.
7 Eg ropar: «Vald!» - men eg fær’kje svar; eg ropar: «Hjelp!» men fær’kje rett.
“Ɛwɔ mu, misu se, ‘Wɔafom me’ de, nanso obiara mmua me; meteɛ mu pɛ mmoa, nanso atɛntrenee biara nni hɔ.
8 Han stengjer vegen for min fot, og myrker legg han på min stig.
Wasiw me kwan enti mintumi nsen; ɔde sum aduru mʼakwan so.
9 Min heidersklædnad drog han av; han frå mitt hovud kransen tok.
Wayi mʼanuonyam afi me so na watu mʼahenkyɛw afi me ti so.
10 Mi vern han braut, so eg gjekk under, mi von sleit han lik treet upp.
Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me; watu mʼanidaso ase te sɛ dua.
11 Hans vreide logar meg imot, og for ein fiend’ held han meg.
Nʼabufuw huru tia me; na wakan me afra nʼatamfo mu.
12 Hans skarar stemner fram mot meg; dei brøyter seg ein veg mot meg og lægrar seg kring tjeldet mitt.
Nʼakofo ba anibere so; wosisi mpie de tia me na wotwa me ntamadan ho hyia.
13 Han dreiv ifrå meg mine frendar, og kjenningar vart framande.
“Wayi me nuabarimanom afi me ho; na mʼamanifo atwe wɔn ho koraa.
14 Skyldfolki held seg burte frå meg, husvenerne hev gløymt meg burt.
Mʼabusuafo kɔ; na me nnamfonom werɛ afi me.
15 For hjon og tenar er eg framand; dei held meg for ein ukjend mann.
Mʼahɔho ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho; mete sɛ ɔnanani ma wɔn.
16 Ei svarar drengen på mitt rop. Eg må med munnen tigga honom;
Mefrɛ me somfo, na ommua; mpo, metew mʼano srɛ no.
17 min ande byd imot for kona, eg tevjar ilt for mine sambrør.
Me home bɔn me yere; me ho afono mʼankasa nuabarimanom.
18 Jamvel smågutar spottar meg, når eg stend upp, dei talar mot meg.
Mpo, mmarimaa nkumaa bu me animtiaa; sɛ mipue a wodi me ho fɛw.
19 Dei styggjest for meg mine vener, og dei eg elska, snur seg mot meg.
Me nnamfo ankasa nyinaa kyi me; mʼadɔfo asɔre atia me.
20 Min kropp er berre skin og bein, snaudt hev eg endå tannkjøt att.
Maka were ne nnompe, nea mede aguan nkutoo ne me se akyi nam.
21 Hav medynk, medynk, mine vener! Gud hev meg råka med si hand.
“Munhu me mmɔbɔ, me nnamfonom, munhu mmɔbɔ, na Onyankopɔn nsa abɔ me.
22 Kvifor skal de som Gud meg jaga, og vert ei mette av mitt kjøt?
Adɛn nti na motaa me sɛnea Onyankopɔn yɛ no? Na mommfa me honam yi saa ara?
23 Å, gjev at mine ord vart skrivne, og i ei bok vart rita inn,
“Ao, sɛ anka wɔde me nsɛm bɛhyɛ nhoma mu, anka wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so,
24 ja, vart med jarnmeitel og bly for ævleg tid i berget hogne!
anka wɔde dade pɛe bɛkyerɛw wɔ sumpii so, anaa wobekuruakyerɛw wɔ ɔbotan so afebɔɔ!
25 Eg veit at min utløysar liver, til sist han yver moldi kjem.
Minim sɛ me dimafo te ase, na awiei no ɔbɛsɔre agyina asase so.
26 Og når mi hud er øydelagd, ut frå mitt kjøt då ser eg Gud,
Na wɔasɛe me were awie no, mefi me were mu ahu Onyankopɔn.
27 eg honom ser som venen min, mitt auga ser det, ingen framand! Å, nyro lengtar i mitt liv!
Me ara mehu no mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforo ani, behu no. Sɛnea me koma ho pere wɔ me mu!
28 De segjer: «Me vil jaga honom!» - som um orsaki låg hjå meg!
“Sɛ moka se, ‘Yɛbɛteetee no, efisɛ ɔhaw no fi ɔno ara a,’
29 Men de lyt agta dykk for sverdet; for vreide vert ved sverdet straffa. Og de skal vita: domen kjem.»
ɛsɛ sɛ mo ankasa musuro afoa no na abufuw nam afoa so de asotwe bɛba, na mubehu sɛ atemmu wɔ hɔ.”

< Jobs 19 >