< Apenbaring 16 >
1 Og jeg hørte en høi røst fra templet si til de syv engler: Gå avsted og tøm Guds vredes syv skåler ut på jorden!
Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Monkohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason no mu no ngu asase so.”
2 Og den første gikk avsted og tømte sin skål ut på jorden; og det kom en ond og farlig byld på de mennesker som hadde dyrets merke, og som tilbad dets billede.
Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa mu abufuw no guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso honi no nso.
3 Og den annen engel tømte sin skål ut i havet; og det blev til blod som av en død mann, og hver levende sjel i havet døde.
Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa mu abufuw guu po mu. Nsu no dan sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui.
4 Og den tredje engel tømte sin skål ut i elvene og i vannkildene; og det blev til blod.
Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu nsubɔnten ne nsuwa mu maa ne nyinaa dan mogya.
5 Og jeg hørte engelen over vannene si: Rettferdig er du som er og som var, du hellige, at du har dømt således;
Metee sɛ ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no reka se, “Wʼatɛn a wubu no yɛ atɛntrenee. Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dedaw,
6 for blod av hellige og av profeter har de utøst, og blod gav du dem å drikke; de er det verd.
efisɛ wɔahwie mo ahotefo ne adiyifo mogya agu, woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛnea ɛfata wɔn.”
7 Og jeg hørte alteret si: Ja, Herre Gud, du allmektige, sanne og rettferdige er dine dommer.
Afei metee nne bi wɔ afɔremuka no so se, “Yiw, Awurade, Otumfo Nyankopɔn, atɛn a wubu nyinaa yɛ atɛntrenee!”
8 Og den fjerde engel tømte sin skål ut på solen; og den fikk makt til å brenne menneskene med ild;
Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa.
9 og menneskene brente i svær hete, og de spottet Guds navn, hans som har makt over disse plager, og de omvendte sig ikke til å gi ham ære.
Owia hyew no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔansakra wɔn adwene anhyɛ Onyankopɔn anuonyam.
10 Og den femte engel tømte sin skål ut over dyrets trone; og dets rike blev formørket, og de tygget sine tunger av pine,
Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu aboa no ahengua no so. Sum duruu wɔ aboa no ahemman mu, na esiane ɔyaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma;
11 Og de spottet himmelens Gud for sine piner og for sine bylder, og omvendte sig ikke fra sine gjerninger.
na esiane saa ɔyaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.
12 Og den sjette engel tømte sin skål ut i den store elv Eufrat; og vannet i den tørket bort, forat der skulde ryddes vei for kongene fra Østen.
Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu Asubɔnten Eufrate mu. Asu no yow dan ɔkwan maa ahemfo a wofi apuei no.
13 Og jeg så at det av dragens munn og av dyrets munn og av den falske profets munn kom ut tre urene ånder som lignet padder;
Afei mihuu ahonhommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mpɔtorɔ a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro diyifo no anom.
14 for de er djevle-ånder som gjør tegn, og de går ut til kongene over hele jorderike for å samle dem til krigen på Guds, den allmektiges, store dag.
Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahonhom abiɛsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfo Nyankopɔn ɔko da kɛse no.
15 Se, jeg kommer som en tyv; salig er den som våker og tar vare på sine klær, så han ikke skal gå naken og de skal se hans skam.
“Muntie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, sɛnea ɔrennantew adagyaw ngu ne ho anim ase wɔ bagua mu!”
16 Og han samlet dem på det sted som på hebraisk heter Harmageddon.
Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu no wɔfrɛ hɔ Armagedon.
17 Og den syvende engel tømte sin skål ut i luften; og en høi røst kom fra templet i himmelen, fra tronen, og sa: Det er skjedd!
Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu abufuw guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no so kae se, “Wɔawie.”
18 Og det kom lyn og røster og tordener, og det kom et stort jordskjelv, et slikt som ikke har vært fra den tid menneskene blev til på jorden, et sådant jordskjelv, så stort.
Na anyinam twitwa maa aprannaa paapaee, na asasewosow dennen bi bae. Efii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosow biara mmaa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano yɛ den pa ara.
19 Og den store by blev delt i tre deler, og folkenes byer falt, og Babylon, den store, blev ihukommet for Gud, at den skulde få begeret med hans strenge vredes vin.
Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilonia Kokuroko no, na ɔmaa no nsa nomee; nsa a ɛyɛ nʼabufuw a ano yɛ den no fi ne kuruwa ano.
20 Og hver ø vek bort, og fjell blev ikke funnet.
Asupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae.
21 Og et svært hagl, som en hundre pund, falt ned fra himmelen på menneskene, og menneskene spottet Gud for haglets plage; for plagen av det var meget stor.
Mparuwbo akɛse a biara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ fii ɔsoro guu nnipa so. Na esiane mparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.