< Jeremias 45 >
1 Dette er det ord profeten Jeremias talte til Baruk, Nerijas sønn, da han efter Jeremias' munn skrev disse ord i en bok, i Judas konge Jojakims, Josias' sønns fjerde år:
Eyi ne nsɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no mu, bere a na Baruk akyerɛw nsɛm a efi Yeremia anom no agu nhoma mmobɔwee bi mu.
2 Så sier Herren, Israels Gud, om dig, Baruk:
“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wo, Baruk:
3 Du sa: Ve mig! For Herren har lagt sorg til min smerte; jeg er trett av mine sukk og finner ikke ro.
Wokae se, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhow aka me yawdi ho; apinisi ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’
4 Dette skal du si til ham: Så sier Herren: Se, det jeg har bygget, det bryter jeg ned, og det jeg har plantet, det rykker jeg op, og så går det med hele jorden.
Awurade kae se, ‘Ka eyi kyerɛ no: Nea Awurade se ni: Mɛsɛe nea makyekyere na matu nea madua no ase wɔ asase no so nyinaa.
5 Og du, du attrår store ting? Attrå dem ikke! For se, jeg lar ulykke komme over alt kjød, sier Herren. Men jeg vil gi dig ditt liv til krigsbytte på alle de steder hvor du går hen.
Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛse ma wo ho ana? Nyɛ saa. Efisɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ose, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’”