< Galaterne 1 >
1 Paulus, apostel, ikke av mennesker eller ved noget menneske, men ved Jesus Kristus og Gud Fader, som opvakte ham fra de døde,
Paulo, ɔsomafo a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔpaw me sɛ ɔsomafo, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no,
2 og alle de brødre som er hos mig - til menighetene i Galatia:
ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa, De krataa yi kɔma Galati asafo ahorow no nyinaa:
3 Nåde være med eder og fred fra Gud Fader og vår Herre Jesus Kristus,
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
4 han som gav sig selv for våre synder for å fri oss ut av den nærværende onde verden efter vår Guds og Faders vilje; (aiōn )
Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ osetie maa yɛn Agya Nyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔre gyee yɛn fii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu. (aiōn )
5 ham være æren i all evighet! Amen. (aiōn )
Anuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen. (aiōn )
6 Jeg undrer mig over at I så snart vender eder bort fra ham som kalte eder ved Kristi nåde, til et annet evangelium,
Mo ho yɛ me nwonwa sɛ mopɛ ntɛm po nea ɔfrɛɛ mo se montena Kristo adom mu no, kodi asɛmpa foforo
7 skjønt der ikke er noget annet; det er bare nogen som forvirrer eder og vil forvrenge Kristi evangelium.
a ɛnyɛ nokware asɛmpa koraa bi no akyi. Ɛda adi sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔredan mo adwene pɛ sɛ wosiw Kristo Asɛmpa no ho kwan.
8 Men selv om vi eller en engel fra himmelen forkynner eder et annet evangelium enn det som vi har forkynt eder, han være forbannet!
Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfo fi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonoe da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu.
9 Som vi før har sagt, så sier jeg og nu igjen: Om nogen forkynner eder et annet evangelium enn det som I har mottatt, han være forbannet!
Yɛaka dedaw na mereti mu sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye ato mu no bɔ abira no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu.
10 Taler jeg nu mennesker til vilje, eller Gud? eller søker jeg å tekkes mennesker? Søkte jeg ennu å tekkes mennesker, da var jeg ikke Kristi tjener.
Nea nnipa pene so na mereyɛ yi ana? Dabi! Mepɛ nea Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ nea ɛsɔ nnipa ani? Sɛ migu so yɛ saa de a, na menyɛ Kristo somfo.
11 Jeg kunngjør eder, brødre, at det evangelium som er blitt forkynt av mig, ikke er menneske-verk;
Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfi onipa hɔ.
12 for heller ikke jeg har mottatt det eller lært det av noget menneske, men ved Jesu Kristi åpenbaring.
Me nsa anka amfi onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.
13 I har jo hørt hvorledes jeg fordum levde som jøde, at jeg over all måte forfulgte Guds menighet og ødela den,
Moate sɛ na mesɛe mʼadagyew nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei moate nso sɛ na mede atirimɔden taa Onyankopɔn akyidifo, na mefaa ɔkwan biara a metumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase.
14 og jeg gikk videre i jødedommen enn mange jevnaldrende i mitt folk, jeg var enda mere nidkjær for mine fedrene lærdommer.
Me mfɛfo Yudafo no de, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sen wɔn nyinaa. Na mikura yɛn nananom amanne nso mu denneennen.
15 Men da han som utvalgte mig fra mors liv og kalte mig ved sin nåde,
Nanso Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na bere no soo
16 efter sin vilje åpenbarte sin Sønn i mig, forat jeg skulde forkynne evangeliet om ham blandt hedningene, da samrådde jeg mig ikke med kjød og blod,
sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufo no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo;
17 heller ikke drog jeg op til Jerusalem til dem som var apostler før mig; men jeg drog straks bort til Arabia og vendte tilbake til Damaskus.
saa ara nso na mankɔ Yerusalem ankohu asomafo a na wodi mʼanim kan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ na mesan baa Damasko.
18 Siden, tre år efter, drog jeg op til Jerusalem for å bli kjent med Kefas, og jeg blev femten dager hos ham;
Mfe abiɛsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kodii nkɔmmɔ. Midii ne nkyɛn nna dunum.
19 men nogen annen av apostlene så jeg ikke, uten Jakob, Herrens bror.
Manhu ɔsomafo biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho.
20 Det jeg her skriver til eder - se, det vet Gud at jeg ikke lyver!
Meka kyerɛ mo wɔ Onyankopɔn anim se nea merekyerɛw yi yɛ nokware turodoo.
21 Derefter kom jeg til Syrias og Kilikias bygder.
Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia.
22 Jeg var av utseende ukjent for de kristne menigheter i Judea;
Saa bere no na Kristo asafo ahorow a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me.
23 de hadde bare hørt si: Han som før forfulgte oss, han forkynner nu den tro som han før vilde utrydde;
Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei de, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidi a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.”
24 og de priste Gud for mig.
Na me nti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.