< Efeserne 5 >

1 Bli derfor Guds efterfølgere som hans elskede barn,
Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no nti, munsuasua no
2 og vandre i kjærlighet, likesom Kristus elsket eder og gav sig selv for oss som en gave og et offer, Gud til en velbehagelig duft.
na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no.
3 Men utukt og all urenhet og havesyke må ikke engang nevnes iblandt eder, således som det sømmer sig for hellige,
Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte aguamammɔ anaa afide anaa anibere ho asɛm wɔ mo mu, efisɛ eyinom mfata Onyankopɔn nkurɔfo kronkron.
4 heller ikke skamløs ferd og dårlig snakk eller lettferdig tale, som alt sammen er utilbørlig, men heller takksigelse.
Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase.
5 For dette vet og skjønner I at ingen horkarl eller uren eller havesyk, som er en avgudsdyrker, har arv i Kristi og Guds rike.
Munnya ntease sɛ, obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo (anibere yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no mu bi.
6 La ingen dåre eder med tomme ord! for på grunn av disse ting kommer Guds vrede over vantroens barn;
Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no.
7 ha derfor ikke noget med dem å gjøre!
Enti mo ne saa nnipa no nyɛ biribiara.
8 For I var fordum mørke, men nu er I lys i Herren; vandre som lysets barn -
Bere bi, na moyɛ sum, nanso mprempren de, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa nti montena ase sɛ hann mma.
9 for lysets frukt viser sig i all godhet og rettferdighet og sannhet -
Efisɛ hann no ma moyɛ papa, atreneefo ne nokwafo,
10 idet I prøver hvad som er velbehagelig for Herren,
na ɛhwehwɛ nea ɛsɔ Awurade ani.
11 og ha intet å gjøre med mørkets ufruktbare gjerninger, men refs dem heller!
Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ sum mu ho, na mompa ho ntama.
12 For det som lønnlig drives av dem, er skammelig endog å si;
Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfo yɛ no wɔ sum mu no so.
13 men når det refses, blir det alt åpenbaret av lyset; for alt som blir åpenbaret, er lys.
Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yebehu nnebɔne biara a wɔyɛ.
14 Derfor sier Skriften: Våkn op, du som sover, og stå op fra de døde, og Kristus skal lyse for dig.
Efisɛ hann da biribiara adi. Enti na wɔaka se, “Nyan, wo a woada, na sɔre fi awufo mu, na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”
15 Se derfor til hvorledes I kan vandre varlig, ikke som uvise, men som vise,
Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa.
16 så I kjøper den beleilige tid; for dagene er onde.
Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
17 Derfor, vær ikke dårer, men forstå hvad Herrens vilje er!
Monnyɛ adwene mu harefo, na mmom monte Awurade apɛde ase.
18 Og drikk eder ikke drukne av vin, for i det er der ryggesløshet, men bli fylt av Ånden,
Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma.
19 så I taler til hverandre med salmer og lovsanger og åndelige viser, og synger og leker for Herren i eders hjerter,
Momfa nnwom, ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu,
20 og alltid sier Gud og Faderen takk for alle ting i vår Herre Jesu Kristi navn,
na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
21 og underordner eder under hverandre i Kristi frykt.
Mumfi nidi a mowɔ ma Kristo mu no mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.
22 I hustruer! underordne eder under eders egne menn som under Herren!
Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no,
23 for mannen er hustruens hoved, likesom Kristus er menighetens hoved, han som er sitt legemes frelser.
efisɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛnea Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefo no. Asafo no yɛ Kristo nipadua.
24 Men likesom menigheten underordner sig under Kristus, således skal også hustruene underordne sig under sine menn i alle ting.
Sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.
25 I menn! elsk eders hustruer, likesom Kristus elsket menigheten og gav sig selv for den,
Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no,
26 for å hellige den, idet han renset den ved vannbadet i ordet,
na ɔnam asɛm no so de nsu guaree no yɛɛ no kronkron,
27 forat han selv kunde fremstille menigheten for sig i herlighet, uten plett eller rynke eller noget sådant, men at den kunde være hellig og ulastelig.
de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a enni nkekae anaasɛ mpomponoe anaasɛ dɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a enni sintɔ.
28 Så er mennene skyldige å elske sine hustruer som sine egne legemer. Den som elsker sin hustru, elsker sig selv;
Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho.
29 ingen har jo nogensinne hatet sitt eget kjød, men han før og varmer det, likesom Kristus gjør med menigheten;
Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo yɛ asafo no,
30 for vi er hans legemes lemmer.
na yɛn nso yɛyɛ ne nipadua no ho akwaa.
31 Derfor skal mannen forlate far og mor og holde sig til sin hustru, og de to skal være ett kjød.
“Eyi nti, ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ ɔhonam baako.”
32 Denne hemmelighet er stor; men jeg tenker hermed på Kristus og på menigheten.
Eyi yɛ ahintasɛm a mu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm.
33 Dog, også I skal elske, enhver sin hustru som sig selv, og hustruen skal ha ærefrykt for sin mann.
Enti ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu.

< Efeserne 5 >