< Predikerens 5 >

1 Vokt din fot når du går til Guds hus! Å komme dit for å høre er bedre enn når dårene bærer frem offer; for de vet ikke at de gjør ondt.
Sɛ wokɔ Onyankopɔn fie a, hwɛ wʼanammɔntuo yie. Bɛn no na tie no sene sɛ wobɛbɔ nkwaseafoɔ afɔdeɛ, wɔn a wɔnnim mfomsoɔ a wɔyɛ no.
2 Vær ikke for snar med din munn, og la ikke ditt hjerte forhaste sig med å bære frem et ord for Guds åsyn! For Gud er i himmelen og du på jorden; la derfor dine ord være få!
Mpɛ ntɛm nkasa, mma wʼakoma ho mpere no sɛ ɔbɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn te ɔsoro na wo deɛ, wo wɔ asase so, enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
3 For av meget strev og kav kommer drømmer, og med for mange ord følger dårlig tale.
Sɛdeɛ adaeɛsoɔ firi adwendwene bebree mu ba no, saa ara na ɔkwasea kasa tentene teɛ.
4 Når du gjør Gud et løfte, så dryg ikke med å holde det, for han har ikke behag i dårer! Hold det du lover!
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so.
5 Bedre er det at du ikke lover, enn at du lover og ikke holder det.
Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so.
6 La ikke din munn føre synd over ditt legeme og si ikke til Guds sendebud: Det var av vanvare jeg gjorde det! Hvorfor skal Gud harmes over din tale og ødelegge dine henders verk?
Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ sɛ, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomsoɔ.” Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?
7 For hvor det er mange drømmer, er det også megen tomhet, og likeså hvor det er mange ord. Frykt heller Gud!
Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.
8 Om du ser at den fattige undertrykkes, og at rett og rettferdighet tredes under føtter i landet, så undre dig ikke over den ting! For den som er høitstående, har en høiere til å vokte på sig, og en høieste vokter på dem begge.
Sɛ wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri sɛ, deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so.
9 Og en velsignelse for et land er det med alt dette at det har en konge som folket lyder.
Asase no so siadeɛ wɔ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ.
10 Den som elsker penger, blir ikke mett av penger, og den som elsker rikdom, får aldri nok; også det er tomhet.
Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da; na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
11 Jo mere gods dess flere til å fortære det; og hvad gagn har dets eier av det, annet enn at han får se det?
Adetɔndeɛ bu so a, saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso. Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nya sene sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?
12 Arbeiderens søvn er søt, enten han eter lite eller meget; men den rikes metthet lar ham ikke få sove.
Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee anaasɛ wammee, nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti ɔntumi nna.
13 Der er et stort onde, som jeg har sett under solen: rikdom gjemt av sin eier til hans egen ulykke.
Ɔhaw kɛseɛ bi a mahunu no wɔ owia yi ase nie: sɛ wɔboaboa ahonyadeɛ ano de ha ne wura,
14 Går denne rikdom tapt ved et uhell, og han har fått en sønn, så blir det intet igjen for ham.
anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a enti sɛ ɔnya ɔbabarima bi a hwee nni hɔ a wɔde bɛgya no.
15 Som han kom ut av mors liv, skal han igjen gå bort naken som han kom; og ved sitt strev vinner han ikke noget som han kunde ta med sig.
Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ, na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ. Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara a ɔbɛtumi akuta wɔ ne nsa mu nkɔ.
16 Også dette er et stort onde: Aldeles som han kom, skal han gå bort; hvad vinning har han da av at han gjør sig møie bort i været?
Yei nso yɛ ɔhaw kɛseɛ: Sɛdeɛ onipa ba no, saa ara na ɔkorɔ, na mfasoɔ bɛn na ɔnya wɔ ɛberɛ a ɔyɛ adwuma ma mframa?
17 Dessuten eter han alle sine dager sitt brød i mørket, og megen gremmelse har han og sykdom og vrede.
Ne nna nyinaa mu no, ɔdidi a, nʼanom nyɛ no dɛ ɛfiri sɛ abamubuo, ateeteeɛ ne abufuo wɔ no so.
18 Se, dette er det jeg har funnet godt og skjønt: å ete og drikke og å gjøre sig til gode til gjengjeld for alt det strev som en møier sig med under solen alle de levedager som Gud gir ham; for det er det gode som blir ham til del.
Afei mehunuu sɛ ɛyɛ ma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmerɛ kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, ɛfiri sɛ yei ne ne kyɛfa.
19 Og når Gud gir et menneske rikdom og skatter og setter ham i stand til å nyte godt av det og ta det som blir ham til del, og glede sig i sitt strev, så er det en Guds gave;
Deɛ ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ yɛ nʼadwuma, na ɔhunu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.
20 for da vil han ikke tenke så meget på sine levedager, fordi Gud svarer ham med å gi ham glede i hjertet.
Ɔnntaa ntena ase nnwene ne nkwa nna ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de akoma mu anigyeɛ ama no.

< Predikerens 5 >