< 1 Tessalonikerne 1 >

1 Paulus og Silvanus og Timoteus - til tessalonikernes menighet i Gud Fader og den Herre Jesus Kristus: Nåde være med eder og fred!
Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: Adom ne asomdwoe nka mo.
2 Vi takker alltid Gud for eder alle når vi kommer eder i hu i våre bønner,
Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaebɔ mu nso.
3 idet vi uavlatelig minnes eders virksomhet i troen og arbeid i kjærligheten og tålmod i håpet på vår Herre Jesus Kristus for vår Guds og Faders åsyn,
Efisɛ yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma mutumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim.
4 da vi er visse på at I er utvalgt, brødre, I som er elsket av Gud.
Anuanom, yenim sɛ Onyankopɔn dɔ mo nti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne de no.
5 For vårt evangelium kom ikke til eder bare i ord, men og i kraft og i den Hellige Ånd og i stor fullvisshet, likesom I jo vet hvorledes vi var iblandt eder for eders skyld,
Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛnea yɛboaa mo fae.
6 og I blev efterfølgere av oss og av Herren, idet I tok imot ordet under megen trengsel med glede i den Hellige Ånd,
Musuasuaa yɛn ne Awurade; ɛwɔ mu sɛ muhuu amane de, nanso mode anigye a efi Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no.
7 så I er blitt et forbillede for alle de troende i Makedonia og Akaia.
Ɛnam so ma mobɛyɛɛ nhwɛso maa agyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Hela nyinaa.
8 For fra eder har Herrens ord lydt ut; ikke bare i Makedonia og Akaia, men allesteds er eders tro på Gud kommet ut, så vi ikke trenger til å tale noget om det;
Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio.
9 for selv forteller de om oss hvad inngang vi fikk hos eder, og hvorledes I vendte eder til Gud fra avgudene, for å tjene den levende og sanne Gud
Obiara kamfo sɛnea mugyee yɛn ne sɛnea motwee mo ho fii abosom ho kɔsom nokware Nyankopɔn a ɔte ase daa no,
10 og vente på hans Sønn fra himlene som han opvakte fra de døde, Jesus, han som frir oss fra den kommende vrede.
na motwɛn ne Ba a ofi ɔsoro no; Yesu a onyan no fii awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no.

< 1 Tessalonikerne 1 >