< 1 Korintierne 5 >
1 I det hele høres det om hor iblandt eder, og det slikt hor som ikke engang nevnes blandt hedningene: at en holder sig til sin fars hustru.
Nnansa yi wɔkeka se aguaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfo mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere.
2 Og I er opblåst, mens I langt heller skulde sørge, så den som har gjort denne gjerning, kunde bli støtt ut fra eder.
Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ how wɔ ho na mompam saa onipa no mfi mo mu?
3 For jeg for min del, som vel er fraværende med legemet, men nærværende med ånden, har allerede, som om jeg var nærværende, felt den dom over den som har gjort dette,
Ɛwɔ mu, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ.
4 at han skal I vår Herre Jesu navn, idet I og min ånd samles i vår Herre Jesu kraft,
Muhyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti,
5 overgis til Satan til kjødets ødeleggelse, forat hans ånd kan bli frelst på den Herre Jesu dag.
ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no du a, wagye ne honhom nkwa.
6 Det er ikke smukt det som I roser eder av. Vet I ikke at en liten surdeig syrer hele deigen?
Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Munim sɛ mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no tu ana?
7 Rens derfor ut den gamle surdeig, så I kan være ny deig, likesom I er usyrede! for vårt påskelam er jo slaktet: Kristus.
Ɛsɛ sɛ muyi saa bɔne mmɔkaw dedaw yi fi mo mu na moayɛ kronkron. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforo a mmɔkaw nni mu sɛnea minim mo sɛ mote dedaw no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Guamma no abɔ afɔre no, yɛn Twam Afahyɛ no adu so.
8 La oss derfor holde høitid, ikke med gammel surdeig eller med ondskaps og ugudelighets surdeig, men med renhets og sannhets usyrede brød!
Eyi nti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom yɛmfa brodo a mmɔkaw nni mu na ɛyɛ kronkron no na enni afahyɛ no.
9 Jeg skrev til eder i mitt brev at I ikke skulde ha omgang med horkarler -
Krataa a mekyerɛw mo no, mekaa wɔ mu se mommfa mo ho mmmɔ nguamanfo ho koraa,
10 jeg mente ikke i almindelighet horkarlene i denne verden eller de havesyke og røverne eller avgudsdyrkerne, ellers måtte I jo gå ut av verden;
anaa wiase yi nguamanfo anaa aniberefo anaa akorɔmfo anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne eyinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wufi wiase koraa.
11 men det jeg skrev til eder, var at I ikke skulde ha omgang med nogen som kalles en bror og er en horkarl eller havesyk eller avgudsdyrker eller baktaler eller dranker eller røver, så I ikke engang eter sammen med ham.
Nea mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho se onua nanso ɔbɔ aguaman anaa ɔyɛ oniberefo anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfo. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.
12 For hvad har vel jeg med å dømme dem som er utenfor? dømmer ikke også I bare dem som er innenfor?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mibu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mubu wɔn atɛn?
13 men dem som er utenfor, skal Gud dømme. Støt da den onde ut fra eder!
Onyankopɔn na obebu wɔn a wonni asafo no mu atɛn, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mompam onipa bɔne no mfi mo mu.”