< 1 Korintierne 2 >
1 Og jeg, da jeg kom til eder, brødre, kom jeg ikke med mesterskap i tale eller i visdom og forkynte eder Guds vidnesbyrd;
Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so.
2 for jeg vilde ikke vite noget iblandt eder uten Jesus Kristus og ham korsfestet.
Meyɛɛ mʼadwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko; na ne titiriw no, ne wu wɔ asennua no so no.
3 Og jeg var hos eder i skrøpelighet og i frykt og i megen beven,
Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me.
4 og min tale og min forkynnelse var ikke med visdoms overtalende ord, men med Ånds og krafts bevis,
Na nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so, na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi.
5 forat eders tro ikke skulde være grunnet på menneskers visdom, men på Guds kraft.
Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so, na mmom egyina Onyankopɔn tumi so.
6 Dog, visdom taler vi blandt de fullkomne, men en visdom som ikke tilhører denne verden eller denne verdens herrer, de som forgår; (aiōn )
Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi ahorow a wɔn tumi resa no. (aiōn )
7 men som en hemmelighet taler vi Guds visdom, den skjulte, som Gud fra evighet av har forut bestemt til vår herlighet, (aiōn )
Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase. (aiōn )
8 den som ingen av denne verdens herrer kjente; for hadde de kjent den, da hadde de ikke korsfestet herlighetens herre; (aiōn )
Aman sodifo biara nnim saa nyansa no. Sɛ wonim a anka wɔremmɔ Awurade a anuonyam ahyɛ no ma no asennua mu. (aiōn )
9 men, som skrevet er: Hvad øie ikke så og øre ikke hørte, og hvad ikke opkom i noget menneskes hjerte, hvad Gud har beredt for dem som elsker ham.
Kyerɛwsɛm no ka se, “Nea onipa biara anhu na wante da, nea onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no, ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
10 Men oss har Gud åpenbaret det ved sin Ånd. For Ånden ransaker alle ting, også dybdene i Gud;
Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so.
11 for hvem iblandt mennesker vet hvad som bor i mennesket, uten menneskets ånd, som er i ham? Således vet heller ingen hvad som bor i Gud, uten Guds Ånd;
Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa.
12 men vi har ikke fått verdens ånd, vi har fått den Ånd som er av Gud, forat vi skal kjenne det som er gitt oss av Gud,
Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa.
13 det som vi også taler om, ikke med ord som menneskelig visdom lærer, men med ord som Ånden lærer, idet vi tolker åndelige ting med åndelige ord.
Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no.
14 Men et naturlig menneske tar ikke imot det som hører Guds Ånd til; for det er ham en dårskap, og han kan ikke kjenne det, for det dømmes åndelig;
Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ.
15 men den åndelige dømmer alt, men selv dømmes han av ingen;
Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn.
16 for hvem har kjent Herrens sinn, så at han skulde lære ham? men vi har Kristi sinn.
Kyerɛwsɛm no ka se, “Hena na onim Awurade adwene? Hena na obetumi atu no fo?” Nanso yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi.