< Apenbaring 9 >
1 Den femte engelen blåste i trompeten. Da så jeg en stjerne som hadde falt ned på jorden fra himmelen. Stjernen fikk nøkkelen til den bunnløse avgrunnen. (Abyssos )
Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto. Mihuu nsoromma a atew fi ɔsoro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebun a ase nni awiei safe. (Abyssos )
2 Da den åpnet avgrunnen, veltet det fram røk som fra en enorm ovn. Solen og luften ble formørket av røken. (Abyssos )
Nsoromma no buee bun no, na wusiw kumɔnn fii mu sɛ fononoo kɛse bi, na wusiw no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. (Abyssos )
3 Så dukket det fram gresshopper i røken og slo seg ned på jorden. De fikk makt til å stikke på samme måten som skorpioner.
Mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwɛre.
4 De ble likevel nektet å skade gresset, vegetasjonen og trærne, men bare de menneskene som ikke var merket med Guds segl på pannene sine.
Wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnnsɛe sare anaa nnua anaa afifide biara. Na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔwano no bi nni wɔn moma so no de, wotumi haw wɔn.
5 De fikk ikke drepe noen, men skulle pine folkene i fem måneder. Smertene som de ble årsak til, kjentes som stikk fra en skorpion.
Wɔamma saa mmoadabi no kwan se wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan se wɔnhaw wɔn asram anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre de.
6 Når dette skjer, vil menneskene ta sine liv, men de skal ikke gjennomføre det. De vil lengte etter å dø, men døden skal rømme bort!
Saa asram anum no mu no, saa nnipa no bɛhwehwɛ owu, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan afi wɔn nkyɛn.
7 Gresshoppenne så ut som hester som var utrustet til kamp. Disse hadde noe som så ut som kranser av gull på hodene sine. Hestehodet lignet på ansiktet hos et menneske.
Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim.
8 Håret var langt som håret hos en kvinne. Tennene var som løvetenner.
Wɔn ti nwi te sɛ mmea ti nwi, na wɔn se nso te sɛ gyata se.
9 De hadde brystskjold av noe som lignet jern. Lyden av vingene deres lød som når en armé av hester og vogner stormer av sted til kamp.
Wɔde biribi te sɛ dade nkatabo akatakata wɔn bo. Na nnyigyei a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko.
10 De hadde haler og brodder som skorpioner. Det var med giftbroddene de kunne pine menneskene i fem måneder.
Bɔre wɔwɔ wɔn dua ano te sɛ akekantwɛre de. Na wɔn dua no nti na na wɔwɔ tumi a wɔde haw nnipa asram anum no.
11 Kongen deres var avgrunnens engel. På hebraisk blir han kalt Abaddon og på gresk Apollyon, som betyr”Ødeleggeren”. (Abyssos )
Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfo a ɔhwɛ bun no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” na Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion” (a ɛkyerɛ Ɔsɛefo). (Abyssos )
12 Den første katastrofen er over med dette, men det skal komme to til.
Ɔhaw baako atwa mu. Eyi akyi, ɔhaw abien bi bɛba.
13 Den sjette engelen blåste i trompeten. Da hørte jeg en stemme som talte fra de fire hornene på alteret av gull foran Guds trone.
Afei ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto. Metee nne bi fii sikakɔkɔɔ afɔremuka a esi Onyankopɔn anim no ntwea so nyinaa.
14 Stemmen sa til den sjette engelen:”Slipp løs de fire englene som er bundet nær den store elven Eufrat.”
Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a okura torobɛnto no se, “Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn wɔ, Asubɔnten Eufrate ho no.”
15 De hadde blitt holdt i beredskap nettopp for denne timen, denne dagen, denne måneden og dette året. Nå ble de sluppet løs for å drepe en tredjedel av menneskene.
Wɔsansan abɔfo baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwerew yi, saa da yi, saa ɔsram yi ne saa afe yi sɛ wonkunkum adesamma mu nkyɛmu abiɛsa mu baako.
16 De disponerte en armé med 200 millioner ryttere; jeg fikk greie på hvor mange de var.
Wodii asraafo ɔpepem ahannu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodow no ho amanneɛ ma metee.
17 I synet mitt så jeg hestene og rytterne. De så ut på denne måten: Rytterne bar brystskjold som var ildrøde, mørkeblå og gule som svovel. Hodet til hestenes lignet på hodet til en løve. Ut av munnen deres kom det røk, ild og svovel.
Na mʼanisoadehu no mu no, mihuu apɔnkɔ no ne wɔn akafo. Na wɔn nkatabo no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm, ne akokɔsrade sɛ sufre. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti na na ogya wusiw ne sufre fi wɔn anom.
18 En tredjedel av alle menneskene ble drept av disse tre plagene, ilden, røken, og svovel som kom ut fra munnen til hestene.
Saa ɔhaw ahorow abiɛsa no a ɛyɛ ogya, wusiw ne sufre no a efi apɔnkɔ no anom bae no kum adesamma nkyɛmu abiɛsa mu baako.
19 De hadde dødelig kraft i sin munn og hale. Halene deres var som slanger med hode som kunne skade.
Efisɛ na apɔnkɔ no tumi nyinaa fi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.
20 De menneskene som overlevde disse plagene, nektet fortsatt å vende om til Gud! De fortsatte å tilbe demoner og avgudsbilder, som de selv hadde laget av gull, sølv, bronse, stein og tre. Figurene kunne verken se, høre eller gå.
Adesamma a wɔkae no a ɔhaw no ankum wɔn no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne asanka ne abo ne nnua a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnantew no som.
21 De sluttet ikke med mordene sine, sin magi, okkultisme, seksuelle løssluppenhet og sine tyverier.
Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn akorɔmmɔ ho.