< 1 KwabaseKhorinte 2 >
1 Lami, bazalwane, ekufikeni kwami kini, kangifikanga ngobugabazi belizwi kumbe benhlakanipho, ngitshumayela kini ubufakazi bukaNkulunkulu.
Anuanom, ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so.
2 Ngoba ngamisa ukuthi ngingazi lutho phakathi kwenu, ngaphandle kukaJesu Kristu, laye ebethelwe.
Meyɛɛ mʼadwene sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afiri biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titire no, ne wuo wɔ asɛnnua no so no.
3 Njalo mina ngangilani ebuthakathakeni lekwesabeni lekuthuthumeleni okukhulu.
Enti, ɛberɛ a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛ a ehu ne ahopopoɔ aka me.
4 Lokukhuluma kwami lokutshumayela kwami kakubanga ngamazwi enhlakanipho yabantu ahugayo, kodwa ngokubonakalisa kukaMoya lokwamandla;
Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛeɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛeɛ, na mmom, menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi.
5 ukuze ukholo lwenu lungabi enhlakanipheni yabantu, kodwa emandleni kaNkulunkulu.
Enti, mo gyidie nnyina onipa nyansa so, na mmom, ɛgyina Onyankopɔn tumi so.
6 Kodwa inhlakanipho siyikhuluma phakathi kwabapheleleyo, kodwa inhlakanipho engayisiyo yalelilizwe, kumbe eyababusi balelilizwe, abazakwenziwa ize; (aiōn )
Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyini wɔ Honhom mu. Nanso, saa nyansa no nyɛ ewiase nyansa anaa ewiase yi mu tumi ahodoɔ a wɔn tumi resa no. (aiōn )
7 kodwa sikhuluma inhlakanipho kaNkulunkulu eyimfihlo, eyayifihliwe, uNkulunkulu ayimisa ngaphambili kungakabi lomhlaba kube yinkazimulo yethu; (aiōn )
Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahinta nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dada sɛ yɛn animuonyam ahyɛdeɛ ansa na wɔrebɔ ewiase. (aiōn )
8 kungekho loyedwa wababusi balelilizwe owayekwazi; ngoba uba babekwazi, babengayikuyibethela iNkosi yenkazimulo. (aiōn )
Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu. (aiōn )
9 Kodwa njengokulotshiweyo ukuthi: Izinto ilihlo elingazibonanga, lendlebe engazizwanga, lezingangenanga enhliziyweni yomuntu, uNkulunkulu azilungisele abamthandayo.
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Deɛ onipa biara anhunu na wante da, deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no, ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
10 Kodwa uNkulunkulu usembulele thina lokhu ngoMoya wakhe; ngoba uMoya uhlolisisa zonke izinto, ngitsho izinto ezijulileyo zikaNkulunkulu.
Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kɔsi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so.
11 Ngoba ngubani ebantwini owazi okomuntu, ngaphandle komoya womuntu okuye? Ngokunjalo okukaNkulunkulu kakwaziwa muntu, ngaphandle koMoya kaNkulunkulu.
Onipa deɛ, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na ɛnim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na ɛnim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa.
12 Thina-ke kasemukelanga umoya womhlaba, kodwa uMoya ovela kuNkulunkulu, ukuze sazi izinto esiziphiwa ngesihle nguNkulunkulu;
Ɛnyɛ ewiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu deɛ Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa.
13 futhi esizitshoyo, kungeyisikho ngamazwi inhlakanipho yabantu ewafundisayo, kodwa ngamazwi afundiswa nguMoya oNgcwele, sichasisa okomoya ngokomoya.
Enti, ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom, nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokorɛ reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no.
14 Kodwa umuntu wemvelo kazemukeli izinto zikaMoya kaNkulunkulu; ngoba ziyibuthutha kuye, njalo kalawo amandla okuqedisisa, ngoba zihlolisiswa ngokomoya;
Nanso, obi a ɔnni Honhom no rentumi nnya akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente aseɛ da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, ɛfiri sɛ, wɔgyina Honhom no nko so na wɔbɛtumi anya nteaseɛ a ɛsɛ.
15 kodwa owomoya uyahlola zonke izinto, kodwa yena kahlolwa muntu.
Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn.
16 Ngoba ngubani owazi ingqondo yeNkosi, ukuthi ayifundise? Kodwa thina silengqondo kaKristu.
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Hwan na ɔnim Awurade adwene? Hwan na ɔbɛtumi atu no fo?” Nanso, yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene no bi.