< Filipiana 3 >

1 Figadoña’e, ry longo: mirebeha amy Talè! Tsy mahatsimboetse ahiko te isokirako indraike, fa fañarovañe anahareo.
Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnhaw me sɛ meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Ɛma mo akwankyerɛ.
2 Itaò o amboao, itaò o mpanao ratio, itaò o mpanao savatse tsieo.
Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte sɛ akraman a wɔka se twa na ɛsɛ sɛ onipa twa twetia ansa na wanya nkwagye no yiye.
3 Fa itikañe o fisavarañeo, t’ie mitoloñe amy Arofon’ Añahare naho mirenge am’ Iesoà Norizañey, vaho tsy miato-nofotse—
Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokware twetiatwa ato mu. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti yenya ahosɛpɛw. Yɛmmfa yɛn ho nto ɔhonam so.
4 ie ho nanam-piatoako amy nofotsey. He eo ty mihevetse t’ie ro mpiato amy nofotsey, lombolombo’e iraho:
Sɛ obi wɔ hɔ a osusuw sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanne so na eye a anka ɛyɛ me.
5 sinavatse ami’ty andro faha-valo, foko’ Israele, tarira’ i Benjamina, Hebreo’ o Heb­reoo; Fariseo ty amy Hake;
Bere a midii nnaawɔtwe pɛ na wotwaa me twetia. Meyɛ Israelni fi mʼawosu mu. Mifi Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifo kronkron no mu. Sɛ wɔka Yudafo mmara sodi ho asɛm nso a, meyɛ Farisini
6 nampisoañe o Fivorio an-joton-troke; tsy aman-tahiñe ami’ty fañorihañe Hake.
a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodi nko na ɛma obi yɛ ɔtreneeni a, ɛno de, na me so nni mfomso biara.
7 Le ndra inoñ’ inoñe ty ho nitombo’e ho ahiko, nadoko ho sira-an-tane ty amy Norizañey.
Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no, esiane Kristo nti, ayɛ adehwere.
8 Tsy izay avao, fe ataoko ho fonga tsy vente’e te ampanahafeñe ami’ty hajabahina’ ty faharendrehañe i Talèko Iesoà Norizañey, aa le hene nifarieko naho nanoeko forompotse, hahazoako i Norizañey
Ɛnyɛ ɛno nko, na migye di nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa sɛ nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo,
9 hahatendreke te ama’e, tsy t’ie nivañone’ ty fimanemaneañe Hake, fa ty figahiña’ i Norizañey, ty toe havantañan’ Añahare mioreñe am-patokisañe.
na mahu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ; pɛyɛ a efi mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a efi Kristo mu gyidi ne Onyankopɔn mu a gyidi na ɛyɛ ne fapem.
10 Eka, te ho fohiko re naho ty faozara’ i fivañom-belo’ey naho ty fitraofan-kina amy fijalea’ey, hihambañako amy havilasi’ey,
Nea merehwehwɛ ara ne sɛ, mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu osuahu, na mahu nʼamane no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne wu no mu;
11 hahatakarako ty fitroarañe an-kavilasy.
na mewɔ anidaso sɛ, me nso me wu akyi no, wɔbɛma masɔre afi owu mu.
12 Tsy t’ie nitàkako, toe tsy añon-draho, fe itoañako t’ie handrambe i nandrambesa’ Iesoà Norizañey ahikoy.
Ɛnyɛ sɛ manya eyinom nyinaa dedaw, anaasɛ madu me botae ho dedaw. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa beso nea enti a Kristo Yesu nso soo me mu no mu.
13 O ry longo, tsy t’ie rinambeko. Fe, Amoeako ze amboho ao naho ilozohako takatse o añeo
Anuanom, memfa no sɛ me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho.
14 eka imaneako talifitse ty tambem-pikanjiañ’ abon’ Añahare am’ Iesoà Norizañey.
Eyi nti mitu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.
15 Antao arè hiharo rehake, ze hene matoe aman-tikañe, fa naho hafa ty ereñeren-tro’areo, mbe hampalangesen’ Añahare avao.
Ɛsɛ sɛ yɛn a yenyin wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.
16 Fe soa t’ie hañavelo mañeva o fa nitakàren-tikañeo.
Nanso nea yɛn nsa aka dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.
17 O ry longo, mitraofa ami’ty fañorihañ’ ahy, naho rendreho o mpañavelo am-pitsikombeañe anay.
Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti muntie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no.
18 Fe maro—ie beteke nitalilieko naho mbe taroñeko an-tañy henaneo—ty mañavelo hoe rafelahi’ i hatae ajale’ i Norizañeiy.
Maka saa asɛm yi akyerɛ mo se, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a owui wɔ asennua no ho no atamfo.
19 Ie hijoroboñe an-karotsa­hañe ao, ty fisafoa’e ro ndrañahare’e naho ty hameñara’e ro fisengea’e. Mifahatse an-draha an-tane atoy o vetsevetse’ iareoo.
Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu wɔ ho no ho, na wodwen wiase nneɛma nko ara ho.
20 Boriza’ ty andindìñe añe tika, añe ty itamañe mpandrombake, toe Iesoà Talè Norizañey,
Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no.
21 ie ty hañova o sandrin-tikañe mirèkeo, hampihambaña’e amy fañòva’e aman’ engeñey amy haozara’e hampiambane ze he’e ama’ey.
Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no.

< Filipiana 3 >