< Psalmi 129 >
1 Svētku dziesma. Tie mani daudzkārt apbēdinājuši no manas jaunības, tā lai Israēls saka;
Ɔsoroforo dwom. “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, ma Israel nka ɛ.
2 Tie mani daudzkārt apbēdinājuši no manas jaunības, bet tie mani nav pārvarējuši.
“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ.
3 Arāji ir aruši uz manas muguras, tie savas vagas garas dzinuši.
Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyi ayɛ wɔn nkɔmoa atenten.
4 Tas Kungs ir taisns, Viņš sacirtis bezdievīgo valgus.
Nanso Awurade yɛ ɔtreneeni; watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.”
5 Lai top kaunā un atpakaļ dzīti visi kas Ciānu ienīst.
Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi.
6 Lai tie top kā zāle uz jumtiem, kas nokalst, pirms tā top plūkta,
Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi, a ennyin na ɛhyew;
7 Ar ko pļāvējs nepilda savu roku, nedz kopiņu sējējs savu klēpi.
na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma, na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma.
8 Un tie, kas garām iet, lai nesaka: Tā Kunga svētība lai nāk pār jums, mēs jūs svētījam Tā Kunga Vārdā.
Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se, “Awurade nhyira mmra mo so; yehyira mo wɔ Awurade din mu.”