< Pāvila 1. Vēstule Korintiešiem 8 >

1 Bet par elkadievu upuriem zinām, ka mums visiem ir atzīšana. Atzīšana uzpūš, bet mīlestība uztaisa.
Asɛm a ɛfa nnuane a wɔde ma ahoni ho nso nie: Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso, saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; ɔdɔ deɛ, ɛma nkɔsoɔ.
2 Bet ja kam šķiet, ka ko zinot, tas vēl nezin nenieka tā, kā piederās zināt.
Onipa a ɔgye ne ho di sɛ ɔnim biribi no nnim sɛdeɛ anka ɛsɛ sɛ ɔhunu.
3 Bet ja kas Dievu mīl, tas no Viņa ir atzīts.
Nanso, onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.
4 Tad nu par elku upuru ēšanu zinām, ka neviena elka nav pasaulē un ka cita Dieva nav kā vien Tas Vienīgais,
Enti, nnuane a wɔde ma ahoni a wɔdi no, yɛnim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yɛnim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ.
5 Un jebšu ir tā saucami dievi, tā debesīs, kā virs zemes - tā kā ir daudz dievu un daudz kungu;
Nneɛma bebree wɔ soro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom.
6 Tomēr mums ir viens Dievs, Tas Tēvs, no kā visas lietas, un mēs uz Viņu, un viens Kungs Jēzus Kristus, caur ko visas lietas, un mēs caur Viņu.
Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.
7 Tomēr tā atzīšana nav iekš visiem; bet kādi, kas līdz šim apzinās, elkus esam, ēd tā kā no elku upuriem, un viņu zināma sirds, vāja būdama, top apgānīta.
Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔnim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kɔsi sɛ, sɛ wɔdi saa nnuane no a, wɔnim pefee sɛ ohoni aduane na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ enti, wɔgye di nso sɛ aduane no gu wɔn ho fi.
8 Bet barība nedara mūs Dievam pieņēmīgus; jo ēzdami mēs neesam labāki, un neēzdami mēs neesam sliktāki.
Ɛnyɛ aduane a yɛdie no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduane no a, yɛntɔ sin, ɛnna sɛ yɛdi nso a, yɛn mmoro so.
9 Bet pielūkojiet, ka šī jūsu vaļa vājiem nekļūst par piedauzīšanu.
Monhwɛ yie na moamma mo ahofadie no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛ wɔ gyidie mu no ankɔ bɔne mu.
10 Jo, ja kas redzētu tevi, kam tā atzīšana, elka namā pie galda sēžam, vai tā vājā brāļa zināma sirds netaps skubināta, elku upurus ēst?
Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛ wɔ saa asɛm yi mu hunu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkɔdi aduane a wɔde ama ahoni no bi anaa?
11 Un caur tavu atzīšanu pazudīs tavs vājais brālis, kā labad Kristus ir miris.
Enti, saa onipa a ɔyɛ mmerɛ yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, ɛsiane wo “nimdeɛ” enti ɔbɛyera!
12 Bet pret brāļiem tā grēkodami un viņu vājo zināmu sirdi ievainodami, jūs grēkojat pret Kristu.
Na ɛnam saa ɛkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, ɛfiri sɛ wonam wɔn adwenem mmerɛ so adaadaa wɔn.
13 Tādēļ, ja manam brālim barība par piedauzīšanu, tad es nemūžam gaļu neēdīšu, lai savu brāli neapgrēcināju. (aiōn g165)
Enti, sɛ aduane ma me nua yɛ bɔne a, merenwe ɛnam bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu. (aiōn g165)

< Pāvila 1. Vēstule Korintiešiem 8 >