< Zaccharias Propheta 9 >

1 onus verbi Domini in terra Adrach et Damasci requiei eius quia Domini est oculus hominis et omnium tribuum Israhel
Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko efisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaa ani wɔ Awurade so.
2 Emath quoque in terminis eius et Tyrus et Sidon adsumpserunt quippe sibi sapientiam valde
Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hye, ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ anyansafo.
3 et aedificavit Tyrus munitionem suam et coacervavit argentum quasi humum et aurum ut lutum platearum
Tiro asi abandennen ama ne ho; waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma, ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so.
4 ecce Dominus possidebit eam et percutiet in mari fortitudinem eius et haec igni devorabitur
Nanso Awurade begye nʼahode nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so, na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee.
5 videbit Ascalon et timebit et Gaza et dolebit nimis et Accaron quoniam confusa est spes eius et peribit rex de Gaza et Ascalon non habitabitur
Askelon behu na wasuro Gasa de ɔyaw bebubu ne mu, na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa. Gasa bɛhwere ne hene na wobegyaw Askelon ofituw.
6 et sedebit separator in Azoto et disperdam superbiam Philisthinorum
Ananafo bɛtena Asdod, na metwa Filistifo ahantan agu.
7 et auferam sanguinem eius de ore eius et abominationes eius de medio dentium eius et relinquetur etiam ipse Deo nostro et erit quasi dux in Iuda et Accaron quasi Iebuseus
Meyi mogya afi wɔn ano, akyiwade nnuan nso meyi afi wɔn ano. Nkae no bɛyɛ yɛn Nyankopɔn de; wɔbɛyɛ Yuda ntuanofo, na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifo.
8 et circumdabo domum meam ex his qui militant mihi euntes et revertentes et non transibit super eos ultra exactor quia nunc vidi in oculis meis
Nanso mɛbɔ me Fi ho ban wɔ wɔn a wɔtetɛw bɔ korɔn ho. Ɔhyɛsoni biara ntumi mfa me nkurɔfo so bio, efisɛ afei merewɛn.
9 exulta satis filia Sion iubila filia Hierusalem ecce rex tuus veniet tibi iustus et salvator ipse pauper et ascendens super asinum et super pullum filium asinae
Di ahurusi, Ɔbabea Sion! Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn. Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye, odwo, na ɔte afurum so, afurum ba so na ɔte.
10 et disperdam quadrigam ex Ephraim et equum de Hierusalem et dissipabitur arcus belli et loquetur pacem gentibus et potestas eius a mari usque ad mare et a fluminibus usque ad fines terrae
Megye nteaseɛnam afi Efraim ne akofo apɔnkɔ afi Yerusalem, na akodi tadua no wobebubu mu. Ɔbɛpae mu aka asomdwoe nsɛm akyerɛ aman no. Nʼahenni befi po akɔka po; ebefi Asubɔnten no akɔpem nsase ano.
11 tu quoque in sanguine testamenti tui emisisti vinctos tuos de lacu in quo non est aqua
Na wo de, esiane me ne wo mogya apam no nti, meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu.
12 convertimini ad munitionem vincti spei hodie quoque adnuntians duplicia reddam tibi
Monsan nkɔ mʼaban mu, nneduafo a mowɔ anidaso; mprempren mpo merebɔ mo nkae sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.
13 quoniam extendi mihi Iudam quasi arcum implevi Ephraim et suscitabo filios tuos Sion super filios tuos Graecia et ponam te quasi gladium fortium
Mɛkom Yuda sɛnea mikuntun me tadua na mede Efraim bɛhyɛ mu. Mɛkanyan wo mmabarima, Sion, atia wo Hela mmabarima, na mɛyɛ wo sɛ ɔkofo afoa.
14 et Dominus Deus super eos videbitur et exibit ut fulgur iaculum eius et Dominus Deus in tuba canet et vadet in turbine austri
Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔ wɔn so; nʼagyan betwa yerɛw te sɛ anyinam. Otumfo Awurade bɛhyɛn torobɛnto no; ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔe fam ahum mu,
15 Dominus exercituum proteget eos et devorabunt et subicient lapidibus fundae et bibentes inebriabuntur quasi vino et replebuntur ut fialae et quasi cornua altaris
Asafo Awurade bɛkata wɔn so. Wɔde ahwimmo bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔremuka ntwea so.
16 et salvabit eos Dominus Deus eorum in die illa ut gregem populi sui quia lapides sancti elevantur super terram eius
Awurade wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da no sɛ oguanhwɛfo gye ne nguan. Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so, sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho.
17 quid enim bonum eius est et quid pulchrum eius nisi frumentum electorum et vinum germinans virgines
Sɛnea wɔn ho betwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa! Aduan bɛma mmerante anyin ahoɔden so na nsa foforo bɛma mmabaa anyin saa ara.

< Zaccharias Propheta 9 >