< Apocalypsis 15 >

1 et vidi aliud signum in caelo magnum et mirabile angelos septem habentes plagas septem novissimas quoniam in illis consummata est ira Dei
Mihuu ade foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfo baason a wokura ɔhaw ason a ɛno ne ɔhaw a etwa to, efisɛ ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuw a etwa to no.
2 et vidi tamquam mare vitreum mixtum igne et eos qui vicerunt bestiam et imaginem illius et numerum nominis eius stantes supra mare vitreum habentes citharas Dei
Afei mihuu biribi te sɛ ahwehwɛ po a wɔde ogya afra redɛw. Afei mihuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso honi ne nea wɔde agyirae asi ne din anan mu no so nkonim. Na wogyinagyina ahwehwɛ po no ho a wokurakura asanku a Onyankopɔn de ama wɔn no.
3 et cantant canticum Mosi servi Dei et canticum agni dicentes magna et mirabilia opera tua Domine Deus omnipotens iustae et verae viae tuae rex saeculorum
Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose ne Oguamma no dwom se, “Awurade, Otumfo Nyankopɔn, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa Amansan hene, wʼakwan teɛ na ɛyɛ nokware.
4 quis non timebit Domine et magnificabit nomen tuum quia solus pius quoniam omnes gentes venient et adorabunt in conspectu tuo quoniam iudicia tua manifestata sunt
Hena na ɔrensuro wo, Awurade? Hena na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, efisɛ obiara ahu wo nnwuma trenee no.”
5 et post haec vidi et ecce apertum est templum tabernaculi testimonii in caelo
Eyi akyi no, mihuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ Kronkron mu Kronkron no abue a adanse ntamadan si mu.
6 et exierunt septem angeli habentes septem plagas de templo vestiti lapide mundo candido et praecincti circa pectora zonis aureis
Abɔfo baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw ason mmra no pue fii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔso wɔ wɔn koko so.
7 et unus ex quattuor animalibus dedit septem angelis septem fialas aureas plenas iracundiae Dei viventis in saecula saeculorum (aiōn g165)
Afei ateasefo baanan no mu baako maa abɔfo baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa ason a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no ma. (aiōn g165)
8 et impletum est templum fumo a maiestate Dei et de virtute eius et nemo poterat introire in templum donec consummarentur septem plagae septem angelorum
Wusiw a efi Onyankopɔn anuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ ɔhaw ason a abɔfo baason no de bae no to twae.

< Apocalypsis 15 >