< Psalmorum 95 >
1 laus cantici David venite exultemus Domino iubilemus Deo salutari nostro
Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigye so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye Botan no.
2 praeoccupemus faciem eius in confessione et in psalmis iubilemus ei
Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so.
3 quoniam Deus magnus Dominus et rex magnus super omnes deos
Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn kɛse, ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so.
4 quia in manu eius fines terrae et altitudines montium ipsius sunt
Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔw mpampam wɔ no.
5 quoniam ipsius est mare et ipse fecit illud et siccam manus eius formaverunt
Po wɔ no, ɔno na ɔbɔe, na ne nsa na ɛnwenee asase kesee no.
6 venite adoremus et procidamus et ploremus ante Dominum qui fecit nos
Mommra, mma yɛnkotow nsom no. Momma yemmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfo no anim!
7 quia ipse est Deus noster et nos populus pascuae eius et oves manus eius
Ɔyɛ yɛn Nyankopɔn; yɛyɛ ne didibea nnipa, ne nguankuw a ɔhwɛ wɔn so. Nnɛ, sɛ mote ne nne a,
8 hodie si vocem eius audieritis nolite obdurare corda vestra
mummpirim mo koma sɛnea moyɛɛ wɔ Meriba no, sɛnea moyɛɛ da no wɔ Masa, sare no so no,
9 sicut in inritatione secundum diem temptationis in deserto ubi temptaverunt me patres vestri probaverunt me; et viderunt opera mea
Ɛhɔ no, mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe, a na wonim nea meyɛ maa wɔn.
10 quadraginta annis offensus fui generationi illi et dixi semper errant corde
Me bo fuw saa nnipa no mfe aduanan na mekae se, “Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, na wɔanhu mʼakwan.”
11 et isti non cognoverunt vias meas ut iuravi in ira mea si intrabunt in requiem meam
Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, “Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.”