< Psalmorum 54 >

1 in finem in carminibus intellectus David cum venissent Ziphei et dixissent ad Saul nonne David absconditus est apud nos Deus in nomine tuo salvum me fac et in virtute tua iudica me
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.” Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me.
2 Deus exaudi orationem meam auribus percipe verba oris mei
Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm.
3 quoniam alieni insurrexerunt adversum me et fortes quaesierunt animam meam non proposuerunt Deum ante conspectum suum diapsalma
Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
4 ecce enim Deus adiuvat me Dominus susceptor animae meae
Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ.
5 avertet mala inimicis meis in veritate tua disperde illos
Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.
6 voluntarie sacrificabo tibi confitebor nomini tuo Domine quoniam bonum
Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ.
7 quoniam ex omni tribulatione eripuisti me et super inimicos meos despexit oculus meus
Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.

< Psalmorum 54 >