< Psalmorum 133 >

1 canticum graduum David ecce quam bonum et quam iucundum habitare fratres in unum
Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bɔ mu tena faako!
2 sicut unguentum in capite quod descendit in barbam barbam Aaron quod descendit in ora vestimenti eius
Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na esian kogu bɔgyesɛ mu, esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu, ma bi kogu nʼatade kɔn mu.
3 sicut ros Hermon qui descendit in montes Sion quoniam illic mandavit Dominus benedictionem et vitam usque in saeculum
Ɛte sɛ Hermon bosu a ɛtɔ gu Bepɔw Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a to ntwa da no.

< Psalmorum 133 >