< Mattheum 20 >

1 simile est enim regnum caelorum homini patri familias qui exiit primo mane conducere operarios in vineam suam
Yesu san buu wɔn bɛ foforo bi se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ okuafo bi a ofii adi anɔpa bi sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa.
2 conventione autem facta cum operariis ex denario diurno misit eos in vineam suam
Ne nsa kaa apaafo no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ obetua wɔn da koro adwuma so akatua.
3 et egressus circa horam tertiam vidit alios stantes in foro otiosos
“Ankyɛ ofii adi bio kohuu nnipa bi nso, sɛ wogyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee.
4 et illis dixit ite et vos in vineam et quod iustum fuerit dabo vobis
Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuw no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso se, obetua wɔn nea eye.
5 illi autem abierunt iterum autem exiit circa sextam et nonam horam et fecit similiter
Enti wɔkɔe. “Ɔsan kɔɔ owigyinae ne nnɔn abiɛsa bere mu kɔbɔɔ nnipa foforo paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛe koro no ara bi.
6 circa undecimam vero exiit et invenit alios stantes et dicit illis quid hic statis tota die otiosi
Ɔsan fii adi bɛyɛ nnɔnnum bere mu, kohuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na da mu yi nyinaa mugyinagyina ha a monyɛ hwee?’
7 dicunt ei quia nemo nos conduxit dicit illis ite et vos in vineam
“Wobuae se, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa ɛ.’ “Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ɛno de, mo nso monkɔyɛ adwuma wɔ mʼafum.’
8 cum sero autem factum esset dicit dominus vineae procuratori suo voca operarios et redde illis mercedem incipiens a novissimis usque ad primos
“Eduu anwummere no, ɔfrɛɛ nea otua nʼapaafo no ka no ka kyerɛɛ no se, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, fi wɔn a wɔbaa akyiri yi no so kosi wɔn a wɔbaa kan no so.’
9 cum venissent ergo qui circa undecimam horam venerant acceperunt singulos denarios
“Apaafo a ɔfaa wɔn akyiri no nyinaa, otuaa wɔn da koro apaade.
10 venientes autem et primi arbitrati sunt quod plus essent accepturi acceperunt autem et ipsi singulos denarios
Wɔn a wɔfaa wɔn kan no nso bae. Wosusuw sɛ wobenya sika a ɛboro wɔn a wɔfaa wɔn akyiri no de no. Nanso wɔn nso wotuaa wɔn sɛnea wotuaa wɔn a wɔbaa akyiri no ara pɛ.
11 et accipientes murmurabant adversus patrem familias
Wɔn nsa kaa wɔn apaade no, anyɛ wɔn dɛ.
12 dicentes hii novissimi una hora fecerunt et pares illos nobis fecisti qui portavimus pondus diei et aestus
Wɔka kyerɛɛ afuw wura no se, ‘Nnipa a wɔbaa akyiri no yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nanso yɛn a yɛyɛɛ adwuma fi anɔpa maa owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’
13 at ille respondens uni eorum dixit amice non facio tibi iniuriam nonne ex denario convenisti mecum
“Obuaa wɔn mu baako se, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, metua wo da koro adwuma so akatua ana?
14 tolle quod tuum est et vade volo autem et huic novissimo dare sicut et tibi
Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Efi me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kan ne wɔn a wɔbaa akyiri no nyinaa ka pɛ.
15 aut non licet mihi quod volo facere an oculus tuus nequam est quia ego bonus sum
Mmara bi siw me ho kwan sɛ mede me sika yɛ nea mepɛ? Anaasɛ mʼayamye nti na wʼani abere yi?’
16 sic erunt novissimi primi et primi novissimi multi sunt enim vocati pauci autem electi
“Asɛm a Yesu ka de wiee ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wodi akyi no bedi kan, na wɔn a wodi kan no nso bedi akyi.’”
17 et ascendens Iesus Hierosolymam adsumpsit duodecim discipulos secreto et ait illis
Yesu sii mu sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafo no kaa ne ho.
18 ecce ascendimus Hierosolymam et Filius hominis tradetur principibus sacerdotum et scribis et condemnabunt eum morte
Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafo no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wobeyi me ama asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ.
19 et tradent eum gentibus ad deludendum et flagellandum et crucifigendum et tertia die resurget
Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asennua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afi awufo mu.”
20 tunc accessit ad eum mater filiorum Zebedaei cum filiis suis adorans et petens aliquid ab eo
Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn na baa Yesu nkyɛn. Ɔbea yi de adesrɛde bi bɛtoo Yesu anim.
21 qui dixit ei quid vis ait illi dic ut sedeant hii duo filii mei unus ad dexteram tuam et unus ad sinistram in regno tuo
Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma wo?” Obuaa no se, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahenni mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”
22 respondens autem Iesus dixit nescitis quid petatis potestis bibere calicem quem ego bibiturus sum dicunt ei possumus
Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wunnim nea worebisa no.” Afei ɔdan ne ho bisaa Yakobo ne Yohane se, “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi ana?” Wobuaa no se, “Yebetumi!”
23 ait illis calicem quidem meum bibetis sedere autem ad dexteram meam et sinistram non est meum dare vobis sed quibus paratum est a Patre meo
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me kuruwa ano de, mubetumi anom, nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼAgya ayi wɔn no.”
24 et audientes decem indignati sunt de duobus fratribus
Asuafo du a aka no tee nea Yakobo ne Yohane akobisa no, wɔn bo fuwii.
25 Iesus autem vocavit eos ad se et ait scitis quia principes gentium dominantur eorum et qui maiores sunt potestatem exercent in eos
Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wodi wɔn so no nso di afoforo so.
26 non ita erit inter vos sed quicumque voluerit inter vos maior fieri sit vester minister
Nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo.
27 et qui voluerit inter vos primus esse erit vester servus
Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ odikanfo wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.
28 sicut Filius hominis non venit ministrari sed ministrare et dare animam suam redemptionem pro multis
Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”
29 et egredientibus eis ab Hiericho secuta est eum turba multa
Yesu ne nʼasuafo fi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi.
30 et ecce duo caeci sedentes secus viam audierunt quia Iesus transiret et clamaverunt dicentes Domine miserere nostri Fili David
Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tete. Anifuraefo yi tee sɛ Yesu retwa mu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
31 turba autem increpabat eos ut tacerent at illi magis clamabant dicentes Domine miserere nostri Fili David
Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
32 et stetit Iesus et vocavit eos et ait quid vultis ut faciam vobis
Yesu duu nea wɔtete hɔ no, ogyina bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
33 dicunt illi Domine ut aperiantur oculi nostri
Wɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, yɛpɛ sɛ yehu ade!”
34 misertus autem eorum Iesus tetigit oculos eorum et confestim viderunt et secuti sunt eum
Anifuraefo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ wohuu ade, na wodii nʼakyi.

< Mattheum 20 >