< Job 37 >
1 super hoc expavit cor meum et emotum est de loco suo
“Eyi ma me koma bɔ kitirikitiri na ehuruw fi nʼatenae.
2 audite auditionem in terrore vocis eius et sonum de ore illius procedentem
Tie! Tie ne nne mmubomu, ne huuyɛ a efi nʼanom reba no.
3 subter omnes caelos ipse considerat et lumen illius super terminos terrae
Ogyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa na ɔma ekodu asase ano.
4 post eum rugiet sonitus tonabit voce magnitudinis suae et non investigabitur cum audita fuerit vox eius
Ɛno akyi na ne mmubomu no ba; ɔde nne kɛse bobɔ mu. Sɛ ɔkasa a, biribiara nsianka no.
5 tonabit Deus in voce sua mirabiliter qui facit magna et inscrutabilia
Onyankopɔn nne bobɔ mu ma no yɛ nwonwa; ɔyɛ nneɛma akɛse a ɛboro yɛn adwene so.
6 qui praecipit nivi ut descendat in terram et hiemis pluviis et imbri fortitudinis suae
Ɔka kyerɛ sukyerɛmma se, ‘Tɔ gu asase so,’ ne osu nso se, ‘Yɛ osutɔ kɛse.’
7 qui in manu omnium hominum signat ut noverint singuli opera sua
Sɛnea nnipa a wabɔ wɔn nyinaa behu nʼadwuma nti, ɔma nnipa nyinaa gyae wɔn adwumayɛ.
8 ingredietur bestia latibulum et in antro suo morabitur
Wuram mmoa kɔtetɛw; wɔkɔhyehyɛ wɔn abon mu.
9 ab interioribus egreditur tempestas et ab Arcturo frigus
Ahum tu fi ne pia mu, na awɔw nso fi mframa a ɛrebɔ mu.
10 flante Deo concrescit gelu et rursum latissimae funduntur aquae
Onyankopɔn home de sukyerɛmma ba, na nsu tamaa no kyen.
11 frumentum desiderat nubes et nubes spargunt lumen suum
Ɔde fuonwini hyɛ omununkum ma; na otwa nʼanyinam fa mu.
12 quae lustrant per circuitum quocumque eas voluntas gubernantis duxerit ad omne quod praeceperit illis super faciem orbis terrarum
Ɔhyɛ ma wokyinkyin fa asase so nyinaa hyia yɛ nea ɔhyɛ sɛ wɔnyɛ biara.
13 sive in una tribu sive in terra sua sive in quocumque loco misericordiae suae eas iusserit inveniri
Ɔde omununkum ba bɛtwe nnipa aso, anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔe.
14 ausculta haec Iob sta et considera miracula Dei
“Tie eyi, Hiob; gyae na dwene Onyankopɔn anwonwade ho.
15 numquid scis quando praeceperit Deus pluviis ut ostenderent lucem nubium eius
Wunim sɛnea Onyankopɔn si fa di omununkum so, na ɔma nʼanyinam twa?
16 numquid nosti semitas nubium magnas et perfectas scientias
Wunim sɛnea omununkum si fa sensɛn wim, nea ɔwɔ nimdeɛ a so nni no anwonwade no?
17 nonne vestimenta tua calida sunt cum perflata fuerit terra austro
Mo a mufi fifiri wɔ mo ntade mu bere a anafo mframa ma asase no yɛ dinn no,
18 tu forsitan cum eo fabricatus es caelos qui solidissimi quasi aere fusi sunt
wubetumi aboa no ama watrɛw wim, a ɛyɛ den sɛ kɔbere mfrafrae ahwehwɛ?
19 ostende nobis quid dicamus illi nos quippe involvimur tenebris
“Kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no; yɛrentumi nka yɛn asɛm, efisɛ yennim.
20 quis narrabit ei quae loquor etiam si locutus fuerit homo devorabitur
Ɛsɛ sɛ wɔka nea mepɛ sɛ meka kyerɛ no ana? Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no ana?
21 at nunc non vident lucem subito aer cogitur in nubes et ventus transiens fugabit eas
Obiara rentumi nhwɛ owia, sɛnea ɛhyerɛn wɔ wim bere a mframa abɔ ama wim atew.
22 ab aquilone aurum venit et ad Deum formidolosa laudatio
Ofi atifi fam ba wɔ anuonyam sononko mu; Onyankopɔn ba wɔ ahenni nwonwaso mu.
23 digne eum invenire non possumus magnus fortitudine et iudicio et iustitia et enarrari non potest
Otumfo no korɔn wɔ yɛn so na wɔpagyaw no wɔ tumi mu; nʼatɛntrenee ne treneeyɛ kɛse akyi no mpo, ɔnyɛ nhyɛso.
24 ideo timebunt eum viri et non audebunt contemplari omnes qui sibi videntur esse sapientes
Ɛno nti nnipa de nidi ma no, efisɛ onnwen koma mu anyansafo nyinaa ho ana?”