< Jeremiæ 5 >
1 circuite vias Hierusalem et aspicite et considerate et quaerite in plateis eius an inveniatis virum facientem iudicium et quaerentem fidem et propitius ero eius
“Munni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔnten so, monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ, monhwehwɛ guabɔbea nyinaa. Sɛ muhu onipa baako mpo a ɔyɛ pɛ na odi nokware a, mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.
2 quod si etiam vivit Dominus dixerint et hoc falso iurabunt
Ɛwɔ mu wɔka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ nanso wɔda so ka ntam hunu.”
3 Domine oculi tui respiciunt fidem percussisti eos et non doluerunt adtrivisti eos et rennuerunt accipere disciplinam induraverunt facies suas super petram noluerunt reverti
Awurade, wʼani mpɛ nokware ahu ana? Wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yaw biara; wodwerɛw wɔn, nanso wɔpoo nteɛso. Wɔyɛɛ wɔn anim dennen sen ɔbo na wɔansakra wɔn adwene.
4 ego autem dixi forsitan pauperes sunt et stulti ignorantes viam Domini iudicium Dei sui
Misusuw se, “Eyinom nko ara ne ahiafo no; wɔyɛ nkwaseafo nso, efisɛ wonnim Awurade akwan, nea wɔn Nyankopɔn hwehwɛ.
5 ibo igitur ad optimates et loquar eis ipsi enim cognoverunt viam Domini iudicium Dei sui et ecce magis hii simul confregerunt iugum ruperunt vincula
Enti mɛkɔ ntuanofo no nkyɛn akɔkasa akyerɛ wɔn; ampa ara wonim Awurade akwan nea wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.” Nanso wɔn nso de adwene koro abubu konnua no atetew nkyehama no mu.
6 idcirco percussit eos leo de silva lupus ad vesperam vastavit eos pardus vigilans super civitates eorum omnis qui egressus fuerit ex eis capietur quia multiplicatae sunt praevaricationes eorum confortatae sunt aversiones eorum
Ɛno nti gyata bi a ofi kwae mu bɛtow ahyɛ wɔn so, pataku bi a ofi nweatam so bɛtetew wɔn mu. Ɔsebɔ bi bɛtɛw abɛn wɔn nkurow, na obiara a obeyi ne ti no ɔbɛtetew ne mu nketenkete, efisɛ wɔn atuatew no ano yɛ den na wɔn akyirisan aboro so.
7 super quo propitius tibi esse potero filii tui dereliquerunt me et iurant in his qui non sunt dii saturavi eos et moechati sunt et in domo meretricis luxuriabantur
“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo? Mo mma apo me, wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam. Memaa wɔn nea wohia nyinaa, nanso wɔbɔɔ aguaman na wɔbɔɔ yuu kɔɔ nguamanfo afi mu.
8 equi amatores et admissarii facti sunt unusquisque ad uxorem proximi sui hinniebat
Mpɔnkɔnini aniberefo a wɔhwɛ wɔn yiye, wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.
9 numquid super his non visitabo dicit Dominus et in gente tali non ulciscetur anima mea
Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
10 ascendite muros eius et dissipate consummationem autem nolite facere auferte propagines eius quia non sunt Domini
“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no, nanso monnsɛe no koraa. Mompempan ne mman no, efisɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.
11 praevaricatione enim praevaricata est in me domus Israhel et domus Iuda ait Dominus
Israelfi ne Yudafi anni me nokware koraa,” Awurade na ose.
12 negaverunt Dominum et dixerunt non est ipse neque veniet super nos malum gladium et famem non videbimus
Wɔadi atoro afa Awurade ho, wɔkae se, “Ɔrenyɛ hwee! Ɔhaw biara remma yɛn so; yɛrenhu afoa anaa ɔkɔm da.
13 prophetae fuerunt in ventum et responsum non fuit in eis haec ergo evenient illis
Adiyifo no yɛ mframa bi kɛkɛ na asɛm no nte wɔn mu; enti momma nea wɔka no mmra wɔn so.”
14 haec dicit Dominus Deus exercituum quia locuti estis verbum istud ecce ego do verba mea in ore tuo in ignem et populum istum ligna et vorabit eos
Enti eyi ne nea Asafo Awurade, Nyankopɔn se: “Esiane sɛ, nnipa no aka saa nsɛm yi nti, mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanom no ogya na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhyew.
15 ecce ego adducam super vos gentem de longinquo domus Israhel ait Dominus gentem robustam gentem antiquam gentem cuius ignorabis linguam nec intelleges quid loquatur
Israelfi,” Awurade na ose, “Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebetia wo, tete man a ɛyɛ ɔmantease, nnipa a munnim wɔn kasa, na monnte wɔn kasa ase.
16 faretra eius quasi sepulchrum patens universi fortes
Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ ɔda a ano da hɔ; wɔn nyinaa yɛ dɔmmarima.
17 et comedet segetes tuas et panem tuum devorabit filios tuos et filias tuas comedet gregem tuum et armenta tua comedet vineam tuam et ficum tuam et conteret urbes munitas tuas in quibus tu habes fiduciam gladio
Wɔbɛsɛe mo nnɔbae ne mo nnuan, asɛe mo mmabarima ne mo mmabea; wɔbɛsɛe mo nguankuw ne mo anantwikuw, asɛe mo bobe ne mo mmrɔdɔma. Wɔde afoa bɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.
18 verumtamen et diebus illis ait Dominus non faciam vos in consummationem
“Afei saa nna no mu mpo,” sɛɛ na Awurade se, “Merensɛe mo korakora.
19 quod si dixeritis quare fecit Dominus Deus noster nobis haec omnia dices ad eos sicut dereliquistis me et servistis deo alieno in terra vestra sic servietis alienis in terra non vestra
Na sɛ nnipa no bisa se, ‘Adɛn nti na Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn sɛɛ’ a, mobɛka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea moagyaw me hɔ akɔsom ananafo anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na mprempren mobɛsom ananafo wɔ asase a ɛnyɛ mo dea no so.’
20 adnuntiate hoc domui Iacob et auditum facite in Iuda dicentes
“Monka eyi nkyerɛ Yakobfi na mo mpae mu nka wɔ Yuda se:
21 audi populus stulte qui non habes cor qui habentes oculos non videtis et aures et non auditis
Muntie, mo nkwaseafo ne nnipa a munni adwene, mowɔ ani nso munhu ade, na mowɔ aso nso monte asɛm:
22 me ergo non timebitis ait Dominus et a facie mea non dolebitis qui posui harenam terminum mari praeceptum sempiternum quod non praeteribit et commovebuntur et non poterunt et intumescent fluctus eius et non transibunt illud
Ɛnsɛ sɛ musuro me ana?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim ana? Mede nwea ato ɔhye ama po, ɔhye a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra. Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so; ebehuru so nanso ɛrentumi ntra.
23 populo autem huic factum est cor incredulum et exasperans recesserunt et abierunt
Nanso saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuatew koma; wɔatwe wɔn ho afi me ho kɔ.
24 et non dixerunt in corde suo metuamus Dominum Deum nostrum qui dat nobis pluviam temporaneam et serotinam in tempore suo plenitudinem annuae messis custodientem nobis
Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho wɔn ho se, ‘Momma yensuro Awurade yɛn Nyankopɔn, a ɔma osu tɔ wɔ ne mmere mu, nea ɔma yɛn awerehyɛmu wɔ otwabere nnapɛn a wahyɛ no ho.’
25 iniquitates nostrae declinaverunt haec et peccata nostra prohibuerunt bonum a nobis
Mo amumɔyɛ abɔ eyinom agu; mo bɔne ama ade pa abɔ mo.
26 quia inventi sunt in populo meo impii insidiantes quasi aucupes laqueos ponentes et pedicas ad capiendos viros
“Amumɔyɛfo bi wɔ me nkurɔfo yi mu a wɔtɛw sɛ nnipa a wosum nnomaa afiri, na wɔte sɛ wɔn a wosum mfiri yi nnipa.
27 sicut decipula plena avibus sic domus eorum plenae dolo ideo magnificati sunt et ditati
Sɛnea nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no saa ara na asisi ahyɛ wɔn afi amaama; wɔayeyɛ adefo anyinya tumi,
28 incrassati sunt et inpinguati et praeterierunt sermones meos pessime causam non iudicaverunt causam pupilli non direxerunt et iudicium pauperum non iudicaverunt
na wɔadodɔ srade ama wɔn ho ayɛ hanahana. Wɔn amumɔyɛsɛm no nni awiei; wɔnnka ayisaa asɛm mma wonni bem, na wɔmmɔ ahiafo tumi ho ban.
29 numquid super his non visitabo dicit Dominus aut super gentem huiuscemodi non ulciscetur anima mea
Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyinom ho ana?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
30 stupor et mirabilia facta sunt in terra
“Ade a ɛyɛ hu ne ahodwiriw asi wɔ asase no so:
31 prophetae prophetabant mendacium et sacerdotes adplaudebant manibus suis et populus meus dilexit talia quid igitur fiet in novissimo eius
Adiyifo no hyɛ akɔntoro, asɔfo no de wɔn dibea di tumi, na me nkurɔfo no pɛ no saa ara. Nanso awiei no dɛn na wobɛyɛ?”