< Jeremiæ 46 >

1 quod factum est verbum Domini ad Hieremiam prophetam contra gentes
Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.
2 ad Aegyptum adversum exercitum Pharaonis Nechao regis Aegypti qui erat iuxta flumen Eufraten in Charchamis quem percussit Nabuchodonosor rex Babylonis in quarto anno Ioachim filii Iosiae regis Iuda
Nea ɛfa Misraim ho: Eyi ne nsɛm a etia Misraimhene Farao Neko asraafo a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no:
3 praeparate scutum et clypeum et procedite ad bellum
“Siesie wo nkatabo akɛse ne nketewa nyinaa, na muntu santen nkɔ ɔsa!
4 iungite equos et ascendite equites state in galeis polite lanceas induite vos loricis
Munsiesie apɔnkɔ no, na momforo ntenatena wɔn so. Munnyinagyina mo afa a mohyehyɛ mo nnade kyɛw! Monsew mo mpeaw ano, na monhyɛ mo nkatabo.
5 quid igitur vidi ipsos pavidos et terga vertentes fortes eorum caesos fugerunt conciti nec respexerunt terror undique ait Dominus
Dɛn na mihu? Wɔabɔ hu, wɔresan wɔn akyi, wɔn dɔmmarima adi nkogu. Woguan ntɛm so a wɔnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ose.
6 non fugiat velox nec salvari se putet fortis ad aquilonem iuxta flumen Eufraten victi sunt et ruerunt
Ɔhoɔharefo ntumi nguan, na ɔhoɔdenfo nso saa ara. Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho wohintihintiw na wɔhwehwe ase.
7 quis est iste qui quasi flumen ascendit et veluti fluviorum intumescunt gurgites eius
“Hena, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔnten a mu nsu woro yi?
8 Aegyptus fluminis instar ascendet et velut flumina movebuntur fluctus eius et dicet ascendens operiam terram perdam civitatem et habitatores eius
Misraim ma ne homene so sɛ Nil, sɛ nsubɔnten a mu nsu woro. Ɔka se, ‘Mɛsɔre akata asase no so; mɛsɛe nkuropɔn ne mu nnipa.’
9 ascendite equos et exultate in curribus et procedant fortes Aethiopia et Lybies tenentes scutum et Lydii arripientes et iacientes sagittas
Monkɔ mo anim, apɔnkɔ! Monka wɔn anibere so, mo nteaseɛnamkafo! Muntu nteɛ, dɔmmarima, Kus ne Put mmarima a mukura nkatabo, Lidia mmarima a motow agyan.
10 dies autem ille Domini Dei exercituum dies ultionis ut sumat vindictam de inimicis suis devorabit gladius et saturabitur et inebriabitur sanguine eorum victima enim Domini exercituum in terra aquilonis iuxta flumen Eufraten
Nanso da no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea, aweretɔda, nʼatamfo so aweretɔ. Afoa bekunkum akosi sɛ ɔbɛmee, akosi bere a ɔde mogya bedwudwo ne osukɔm ano. Efisɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔre wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.
11 ascende in Galaad et tolle resinam virgo filia Aegypti frustra multiplicas medicamina sanitas non erit tibi
“Foro kɔ Gilead kogye aduru Misraim Babea Ɔbabun. Nanso nnuru bebrebe a wofa no yɛ ɔkwa, ayaresa biara nni hɔ ma wo.
12 audierunt gentes ignominiam tuam et ululatus tuus replevit terram quia fortis inpegit in fortem ambo pariter conciderunt
Amanaman no bɛte wʼanimguase; wʼagyaadwo bɛhyɛ asase so ma. Ɔkofo baako behintiw afa ɔfoforo so; na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”
13 verbum quod locutus est Dominus ad Hieremiam prophetam super eo quod venturus esset Nabuchodonosor rex Babylonis et percussurus terram Aegypti
Eyi ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so:
14 adnuntiate Aegypto et auditum facite Magdolo et resonet in Memphis et in Tafnis dicite sta et praepara te quia devoravit gladius ea quae per circuitum tuum sunt
“Mommɔ eyi ho dawuru wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol; monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso se, ‘Munnyinagyina na monyɛ krado, efisɛ, afoa rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’
15 quare conputruit fortis tuus non stetit quoniam Dominus subvertit eum
Adɛn nti na mo dɔmmarima bɛbotow sɛɛ? Wɔrentumi nnyina, efisɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.
16 multiplicavit ruentes ceciditque vir ad proximum suum et dicent surge et revertamur ad populum nostrum et ad terram nativitatis nostrae a facie gladii columbae
Wobehintihintiw atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka se, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne faako a wɔwoo yɛn, na yemfi nhyɛsofo no afoa ano.’
17 vocate nomen Pharao regis Aegypti Tumultum adduxit tempus
Ɛhɔ na wɔbɛteɛ mu se, ‘Misraimhene Farao tu ne ho kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwa mu.’
18 vivo ego inquit Rex Dominus exercituum nomen eius quoniam sicut Thabor in montibus et sicut Carmelus in mari veniet
“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ose, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔw no mu, sɛ Karmel wɔ mpoano.
19 vasa transmigrationis fac tibi habitatrix filia Aegypti quia Memphis in solitudinem erit et deseretur inhabitabilis
Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, efisɛ wɔbɛsɛe Memfis kurow na ɛbɛda mpan a obiara rentena mu.
20 vitula eligans atque formonsa Aegyptus stimulator ab aquilone veniet ei
“Misraim yɛ nantwi ba bere a ne ho yɛ fɛ, nanso ɔtɛn bi fi atifi fam reba ne so.
21 mercennarii quoque eius qui versabantur in medio eius quasi vituli saginati versi sunt et fugerunt simul nec stare potuerunt quia dies interfectionis eorum venit super eos tempus visitationis eorum
Asraafo apaafo a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ nantwimma a wɔadodɔ srade. Wɔn nso bɛdan wɔn ho abɔ mu aguan, wɔrentumi nnyina wɔn anan so, efisɛ amanehunu da no reba wɔn so, bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
22 vox eius quasi aeris sonabit quoniam cum exercitu properabunt et cum securibus venient ei quasi ligna caedentes
Misraim bɛteɛ mu sɛ ɔwɔ a ɔreguan bere a ɔtamfo de ahoɔden reba ne so no; wɔde mmonnua bɛba ne so te sɛ, mmarima a wobu nnua.
23 succiderunt saltum eius ait Dominus qui supputari non potest multiplicati sunt super lucustas et non est eis numerus
Wɔbɛsɛe ne kwae,” Awurade na ose, “sɛnea ayɛ kusuu yi mpo. Wɔdɔɔso bebree sen mmoadabi, na wɔrentumi nkan wɔn.
24 confusa est filia Aegypti et tradita in manu populi aquilonis
Wobegu Misraim Babea anim ase, wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”
25 dixit Dominus exercituum Deus Israhel ecce ego visitabo super tumultum Alexandriae et super Pharao et super Aegyptum et super deos eius et super reges eius et super Pharao et super eos qui confidunt in eo
Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka se, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao so no so.
26 et dabo eos in manu quaerentium animam eorum et in manu Nabuchodonosor regis Babylonis et in manu servorum eius et post haec habitabitur sicut diebus pristinis ait Dominus
Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfo no nsa. Nanso akyiri no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kan no,” Awurade na ose.
27 et tu ne timeas serve meus Iacob et ne paveas Israhel quia ecce ego salvum te faciam de longinquo et semen tuum de terra captivitatis suae et revertetur Iacob et quiescet et prosperabitur et non erit qui exterreat eum
“Nsuro, Yakob me somfo; nni yaw, Israel. Ampa ara megye wo afi beae a ɛwɔ akyirikyiri, ne wʼasefo afi wɔn nnommumfa asase so Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ, na obiara renhunahuna no.
28 et tu noli timere serve meus Iacob ait Dominus quia tecum ego sum quia consumam ego cunctas gentes ad quas eieci te te vero non consumam sed castigabo te in iudicio nec quasi innocenti parcam tibi
Nsuro, Yakob me somfo; na me ne wo wɔ hɔ,” Awurade na ose. “Ɛwɔ mu, mesɛe aman no nyinaa koraa aman a mehwetee mo kɔɔ so no de, nanso merensɛe mo korakora. Mede trenee nko ara na ɛbɛteɛteɛ mo so; meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”

< Jeremiæ 46 >