< Jeremiæ 20 >
1 et audivit Phassur filius Emmer sacerdos qui constitutus erat princeps in domo Domini Hieremiam prophetantem sermones istos
Bere a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfo so panyin babarima ɔsɔfo Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no,
2 et percussit Phassur Hieremiam prophetam et misit eum in nervum quod erat in porta Beniamin superiori in domo Domini
ɔma wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Pon a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ no.
3 cumque inluxisset in crastinum eduxit Phassur Hieremiam de nervo et dixit ad eum Hieremias non Phassur vocavit Dominus nomen tuum sed Pavorem undique
Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.
4 quia haec dicit Dominus ecce ego dabo te in pavorem te et omnes amicos tuos et corruent gladio inimicorum suorum et oculi tui videbunt et omnem Iudam dabo in manu regis Babylonis et traducet eos in Babylonem et percutiet eos gladio
Na sɛɛ na Awurade se: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani behu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfo mfoa ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde afoa bekunkum wɔn.
5 et dabo universam substantiam civitatis huius et omnem laborem eius omneque pretium et cunctos thesauros regum Iuda dabo in manu inimicorum eorum et diripient eos et tollent et ducent in Babylonem
Mede kuropɔn yi ahode, nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo nnwetɛbona nyinaa bɛma wɔn atamfo. Wɔbɛfa no sɛ asade akɔ Babilonia.
6 tu autem Phassur et omnes habitatores domus tuae ibitis in captivitatem et in Babylonem venies et ibi morieris ibique sepelieris tu et omnes amici tui quibus prophetasti mendacium
Na wo Pashur, ne wo fifo nyinaa bɛkɔ nnommum mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn akɔntoro no nyinaa bewuwu na wɔasie mo.’”
7 seduxisti me Domine et seductus sum fortior me fuisti et invaluisti factus sum in derisum tota die omnes subsannant me
Awurade, wodaadaa me na ɛbaa mu saa; wudii me so na wutintim me so. Wodii me ho fɛw da mu nyinaa; na obiara serew me.
8 quia iam olim loquor vociferans iniquitatem et vastitatem clamito et factus est mihi sermo Domini in obprobrium et in derisum tota die
Bere biara a mɛkasa no, meteɛ mu, pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛe. Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa abrɛ me da mu nyinaa.
9 et dixi non recordabor eius neque loquar ultra in nomine illius et factus est in corde meo quasi ignis exaestuans claususque in ossibus meis et defeci ferre non sustinens
Sɛ meka se, “Meremmɔ ne din anaa merenkasa wɔ ne din mu” a, nʼasɛm te sɛ ogya wɔ me koma mu, ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu, mabrɛ ne ne kita nokware, merentumi.
10 audivi enim contumelias multorum et terrorem in circuitu persequimini et persequamur eum ab omnibus viris qui erant pacifici mei et custodientes latus meum si quo modo decipiatur et praevaleamus adversus eum et consequamur ultionem ex eo
Mete asomsɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi no atɔ ne so were.”
11 Dominus autem mecum est quasi bellator fortis idcirco qui persequuntur me cadent et infirmi erunt confundentur vehementer quia non intellexerunt obprobrium sempiternum quod numquam delebitur
Nanso Awurade ka me ho sɛ dɔmbarima; enti mʼataafo bɛwatiri na wɔrentumi. Wobedi nkogu na wobegu wɔn anim ase pasaa; wɔn werɛ remfi wɔn nsopa no da.
12 et tu Domine exercituum probator iusti qui vides renes et cor videam quaeso ultionem tuam ex eis tibi enim revelavi causam meam
Asafo Awurade! Wo a wosɔ ɔtreneeni hwɛ na wopɛɛpɛɛ koma ne adwene mu, ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, efisɛ mede mʼasɛm dan wo.
13 cantate Domino laudate Dominum quia liberavit animam pauperis de manu malorum
Monto dwom mma Awurade! Munyi Awurade ayɛ! Ogye ohiani nkwa fi amumɔyɛfo nsam.
14 maledicta dies in qua natus sum dies in qua peperit me mater mea non sit benedicta
Nnome nka da a wɔwoo me! Nhyira mpare da a me na woo me.
15 maledictus vir qui adnuntiavit patri meo dicens natus est tibi puer masculus et quasi gaudio laetificavit eum
Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ, nea ɔmaa nʼani gyei, na ɔkae se, “Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
16 sit homo ille ut sunt civitates quas subvertit Dominus et non paenituit eum audiat clamorem mane et ululatum in tempore meridiano
Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkurow a Awurade tu gui a wannya ahummɔbɔ no. Ma ɔnte osu anɔpa, ne akobɛn nnyigyei owigyinae.
17 qui non me interfecit a vulva ut fieret mihi mater mea sepulchrum et vulva eius conceptus aeternus
Sɛ wankum me wɔ awotwaa mu amma me na anyɛ ɔda amma me no nti, nʼawotwaa yɛɛ kɛse afebɔɔ.
18 quare de vulva egressus sum ut viderem laborem et dolorem et consumerentur in confusione dies mei
Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue behuu ɔhaw ne awerɛhow na mede aniwu rebewie me nkwa nna yi?