< Isaiæ 7 >

1 et factum est in diebus Ahaz filii Ioatham filii Oziae regis Iuda ascendit Rasin rex Syriae et Phacee filius Romeliae rex Israhel in Hierusalem ad proeliandum contra eam et non potuerunt debellare eam
Ɛberɛ a Usia babarima Yotam babarima Ahas bɛdii Yudaman so ɔhene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoeɛ, nanso wɔantumi anni ne so.
2 et nuntiaverunt domui David dicentes requievit Syria super Ephraim et commotum est cor eius et cor populi eius sicut moventur ligna silvarum a facie venti
Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie sɛ, “Aram ne Efraim ayɛ apam.” Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso wɔ mframa ano no.
3 et dixit Dominus ad Isaiam egredere in occursum Ahaz tu et qui derelictus est Iasub filius tuus ad extremum aquaeductus piscinae superioris in via agri Fullonis
Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so.
4 et dices ad eum vide ut sileas noli timere et cor tuum ne formidet a duobus caudis titionum fumigantium istorum in ira furoris Rasin et Syriae et filii Romeliae
Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti.
5 eo quod consilium inierit contra te Syria malum Ephraim et filius Romeliae dicentes
Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho pɔ sɛ,
6 ascendamus ad Iudam et suscitemus eum et avellamus eum ad nos et ponamus regem in medio eius filium Tabeel
“Momma yɛnto nhyɛ Yuda so, na yɛntete wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yɛnsi Tabeel babarima ɔhene wɔ so.”
7 haec dicit Dominus Deus non stabit et non erit istud
Nanso deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “‘Ɛremma so, na ɛrensi da,
8 sed caput Syriae Damascus et caput Damasci Rasin et adhuc sexaginta et quinque anni et desinet Ephraim esse populus
Aram tiri ne Damasko, na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti. Mfirinhyia aduosia enum mu no Efraim mu bɛtete koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.
9 et caput Ephraim Samaria et caput Samariae filius Romeliae si non credideritis non permanebitis
Efraim tiri ne Samaria Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidie mu a, worennyina koraa.’”
10 et adiecit Dominus loqui ad Ahaz dicens
Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio sɛ,
11 pete tibi signum a Domino Deo tuo in profundum inferni sive in excelsum supra (Sheol h7585)
“Bisa Awurade wo Onyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ ɛwɔ ebunu ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohoa.” (Sheol h7585)
12 et dixit Ahaz non petam et non temptabo Dominum
Nanso, Ahas buaa sɛ, “Meremmisa. Merensɔ Awurade nhwɛ.”
13 et dixit audite ergo domus David numquid parum vobis est molestos esse hominibus quia molesti estis et Deo meo
Na Yesaia kaa sɛ, “Montie Dawid fie! Ɛnnɔɔso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboaseɛ ahwɛ? Na mobɛsɔ me Onyankopɔn nso ntoboaseɛ ahwɛ anaa?
14 propter hoc dabit Dominus ipse vobis signum ecce virgo concipiet et pariet filium et vocabitis nomen eius Emmanuhel
Ɛnneɛ, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ; ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na ɔbɛfrɛ no Immanuel.
15 butyrum et mel comedet ut sciat reprobare malum et eligere bonum
Ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ɛberɛ a wahunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ.
16 quia antequam sciat puer reprobare malum et eligere bonum derelinquetur terra quam tu detestaris a facie duum regum suorum
Nanso, ansa na abarimaa no bɛhunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ no, wɔbɛma ahemfo mmienu a wosuro wɔn no nsase ada mpan.
17 adducet Dominus super te et super populum tuum et super domum patris tui dies qui non venerunt a diebus separationis Ephraim a Iuda cum rege Assyriorum
Awurade de ɛberɛ bi bɛba wo ne wo nkurɔfoɔ ne wʼagya fie so a ɛso bi mmaa da, ɛfiri ɛberɛ a Efraim tee ne ho firii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”
18 et erit in die illa sibilabit Dominus muscae quae est in extremo fluminum Aegypti et api quae est in terra Assur
Ɛda no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afiri nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nwowa a wɔfiri Asiria asase so.
19 et venient et requiescent omnes in torrentibus vallium et cavernis petrarum et in omnibus frutectis et in universis foraminibus
Wɔn nyinaa bɛba abɛgu mmɔnhwa a emu dɔ ne ntokuro a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne nsuka mu.
20 in die illa radet Dominus in novacula conducta in his qui trans Flumen sunt in rege Assyriorum caput et pilos pedum et barbam universam
Ɛda no, Awurade de oyiwan a ɔbɛgye wɔ Asubɔnten no agya nohoa wɔ Asiriahene nkyɛn, na ɔde ayi motiri so ne monan ho nwi na wayi mo abɔgyesɛ nso.
21 et erit in die illa nutriet homo vaccam boum et duas oves
Saa ɛda no, obiara bɛyɛn nantwiburuwa baako ne mpɔnkye mmienu.
22 et prae ubertate lactis comedet butyrum butyrum enim et mel manducabit omnis qui relictus fuerit in medio terrae
Na ɛsiane nufosuo dodoɔ a wɔbɛma enti, ɔbɛnya nufosuo ani sradeɛ adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ.
23 et erit in die illa omnis locus ubi fuerint mille vites mille argenteis et in spinas et in vepres erunt
Saa ɛda no, baabiara a na anka bobe apem a ne boɔ yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wɔbɛhunu nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ.
24 cum sagittis et arcu ingredientur illuc vepres enim et spinae erunt in universa terra
Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, ɛfiri sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ agye hɔ.
25 et omnes montes qui in sarculo sarientur non veniet illuc terror spinarum et veprium et erit in pascua bovis et in conculcationem pecoris
Nkokoɔ a na anka kane no wɔde nsɔ yɛ so adwuma no, nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ ho hu enti wɔrenkɔ hɔ bio. Ɛbɛdane mmeammea a wogyaa anantwie ne nnwan ma wɔkɔ.

< Isaiæ 7 >