< Isaiæ 46 >

1 conflatus est Bel contritus est Nabo facta sunt simulacra eorum bestiis et iumentis onera vestra gravi pondere usque ad lassitudinem
Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu; mfunumu soa wɔn ahoni. Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru, ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ.
2 contabuerunt et contrita sunt simul non potuerunt salvare portantem et anima eorum in captivitatem ibit
Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase; wɔntumi nsi amanehunu ano, wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.
3 audite me domus Iacob et omne residuum domus Israhel qui portamini a meo utero qui gestamini a mea vulva
“Montie me, Ao Yakob fiefoɔ, mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa, mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo.
4 usque ad senectam ego ipse et usque ad canos ego portabo ego feci et ego feram et ego portabo et salvabo
Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu, Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu. Mabɔ mo na mɛturu mo; mɛwowa mo na mɛgye mo.
5 cui adsimilastis me et adaequastis et conparastis me et fecistis similem
“Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso? Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho?
6 qui confertis aurum de sacculo et argentum statera ponderatis conducentes aurificem ut faciat deum et procidunt et adorant
Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkoto sɔre no.
7 portant illud in umeris gestantes et ponentes in loco suo et stabit ac de loco suo non movebitur sed et cum clamaverint ad eum non audiet de tribulatione non salvabit eos
Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so, wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfiri faako a esie. Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua; ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu.
8 mementote istud et fundamini redite praevaricatores ad cor
“Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim, monnwene ho mo atuatefoɔ.
9 recordamini prioris saeculi quoniam ego sum Deus et non est ultra Deus nec est similis mei
Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.
10 adnuntians ab exordio novissimum et ab initio quae necdum facta sunt dicens consilium meum stabit et omnis voluntas mea fiet
Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ, ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ. Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina, na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.
11 vocans ab oriente avem et de terra longinqua virum voluntatis meae et locutus sum et adducam illud creavi et faciam illud
Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam; afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma. Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu; deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.
12 audite me duro corde qui longe estis a iustitia
Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ, mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware;
13 prope feci iustitiam meam non elongabitur et salus mea non morabitur dabo in Sion salutem et Israheli gloriam meam
Mede me tenenee repinkyɛ, ɛnni akyirikyiri; na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre. Mɛma Sion nkwagyeɛ, na mede mʼanimuonyam ama Israel.

< Isaiæ 46 >