< Osee Propheta 8 >
1 in gutture tuo sit tuba quasi aquila super domum Domini pro eo quod transgressi sunt foedus meum et legem meam praevaricati sunt
“Monhyɛn torobɛnto! Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo so efisɛ nnipa no abu mʼapam so na wɔasɔre atia me mmara.
2 me invocabunt Deus meus cognovimus te Israhel
Afei Israel su frɛ me se, ‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’
3 proiecit Israhel bonum inimicus persequetur eum
Nanso Israel apo nea eye; ɔtamfo bɛtaa no.
4 ipsi regnaverunt et non ex me principes extiterunt et non cognovi argentum suum et aurum suum fecerunt sibi idola ut interirent
Wosisi ahemfo a minnim ho hwee, wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛe wɔn ankasa ho.
5 proiectus est vitulus tuus Samaria iratus est furor meus in eis usquequo non poterunt emundari
Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria! Mʼabufuwhyew reba wɔn so. Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?
6 quia ex Israhel et ipse est artifex fecit illum et non est Deus quoniam in aranearum telas erit vitulus Samariae
Wofi Israel! Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wobebubu mu asinasin, saa Samaria nantwi ba no.
7 quia ventum seminabunt et turbinem metent culmus stans non est in eis germen non faciet farinam quod si et fecerit alieni comedent eam
“Wodua mframa na wotwa mfɛtɛ. Awi a egyina hɔ no nni ti; nti wɔrennya siam mfi mu. Sɛ ɛsow aduan mpo a, ahɔho na wobedi.
8 devoratus est Israhel nunc factus est in nationibus quasi vas inmundum
Wɔamene Israel; afei ɔfra aman no mu te sɛ ade a so nni mfaso biara.
9 quia ipsi ascenderunt ad Assur onager solitarius sibi Ephraim munera dederunt amatoribus
Na wɔakɔ Asiria te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.
10 sed et cum mercede conduxerint nationes nunc congregabo eos et quiescent paulisper ab onere regis et principum
Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so befi ase atew wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.
11 quia multiplicavit Ephraim altaria ad peccandum factae sunt ei arae in delictum
“Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de, ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.
12 scribam ei multiplices leges meas quae velut alienae conputatae sunt
Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade.
13 hostias adfer adfer immolabunt carnes et comedent Dominus non suscipiet eas nunc recordabitur iniquitatis eorum et visitabit peccata eorum ipsi in Aegyptum convertentur
Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔre na wɔwe nam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm na wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsan akɔ Misraim.
14 et oblitus est Israhel factoris sui et aedificavit delubra et Iudas multiplicavit urbes munitas et mittam ignem in civitates eius et devorabit aedes illius
Israel werɛ afi ne yɛfo na wasisi ahemfi akɛseakɛse; Yuda abɔ nkurow bebree ho ban. Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya a ɛbɛhyew wɔn aban.”