< Genesis 36 >
1 hae sunt autem generationes Esau ipse est Edom
Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ.
2 Esau accepit uxores de filiabus Chanaan Ada filiam Elom Hetthei et Oolibama filiam Anae filiae Sebeon Evei
Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne
3 Basemath quoque filiam Ismahel sororem Nabaioth
Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa.
4 peperit autem Ada Eliphaz Basemath genuit Rauhel
Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.
5 Oolibama edidit Hieus et Hielom et Core hii filii Esau qui nati sunt ei in terra Chanaan
Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.
6 tulit autem Esau uxores suas et filios et filias et omnem animam domus suae et substantiam et pecora et cuncta quae habere poterat in terra Chanaan et abiit in alteram regionem recessitque a fratre suo Iacob
Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri.
7 divites enim erant valde et simul habitare non poterant nec sustinebat eos terra peregrinationis eorum prae multitudine gregum
Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so.
8 habitavitque Esau in monte Seir ipse est Edom
Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so.
9 hae sunt generationes Esau patris Edom in monte Seir
Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no.
10 et haec nomina filiorum eius Eliphaz filius Ada uxoris Esau Rauhel quoque filius Basemath uxoris eius
Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi: Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.
11 fueruntque filii Eliphaz Theman Omar Sephu et Gatham et Cenez
Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.
12 erat autem Thamna concubina Eliphaz filii Esau quae peperit ei Amalech hii sunt filii Adae uxoris Esau
Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom.
13 filii autem Rauhel Naath et Zara Semma et Meza hii filii Basemath uxoris Esau
Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom.
14 isti quoque erant filii Oolibama filiae Ana filiae Sebeon uxoris Esau quos genuit ei Hieus et Hielom et Core
Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom: Yeus, Yalam ne Kora.
15 hii duces filiorum Esau filii Eliphaz primogeniti Esau dux Theman dux Omar dux Sephu dux Cenez
Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire: Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas,
16 dux Core dux Gatham dux Amalech hii filii Eliphaz in terra Edom et hii filii Adae
Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom.
17 hii quoque filii Rauhel filii Esau dux Naath dux Zara dux Semma dux Meza hii duces Rauhel in terra Edom isti filii Basemath uxoris Esau
Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom.
18 hii autem filii Oolibama uxoris Esau dux Hieus dux Hielom dux Core hii duces Oolibama filiae Ana uxoris Esau
Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no.
19 isti filii Esau et hii duces eorum ipse est Edom
Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no.
20 isti filii Seir Horrei habitatores terrae Lotham et Sobal et Sebeon et Anan
Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
21 Dison et Eser et Disan hii duces Horrei filii Seir in terra Edom
Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no.
22 facti sunt autem filii Lotham Horrei et Heman erat autem soror Lotham Thamna
Lotan mmammarima ne yeinom: Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa.
23 et isti filii Sobal Alvam et Maneeth et Hebal Sephi et Onam
Sobal nso mmammarima ne yeinom: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24 et hii filii Sebeon Ahaia et Anam iste est Ana qui invenit aquas calidas in solitudine cum pasceret asinos Sebeon patris sui
Na yeinom ne Sibeon mmammarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no.
25 habuitque filium Disan et filiam Oolibama
Ana mma nie: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no.
26 et isti filii Disan Amdan et Esban et Iethran et Charan
Dison mmammarima nie: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
27 hii quoque filii Eser Balaan et Zevan et Acham
Eser mmammarima ne yeinom: Bilhan, Saawan ne Akan.
28 habuit autem filios Disan Hus et Aran
Yeinom ne Disan mma: Us ne Aran.
29 isti duces Horreorum dux Lothan dux Sobal dux Sebeon dux Ana
Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
30 dux Dison dux Eser dux Disan isti duces Horreorum qui imperaverunt in terra Seir
Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so.
31 reges autem qui regnaverunt in terra Edom antequam haberent regem filii Israhel fuerunt hii
Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene:
32 Bale filius Beor nomenque urbis eius Denaba
Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba.
33 mortuus est autem Bale et regnavit pro eo Iobab filius Zare de Bosra
Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
34 cumque mortuus esset Iobab regnavit pro eo Husan de terra Themanorum
Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
35 hoc quoque mortuo regnavit pro eo Adad filius Badadi qui percussit Madian in regione Moab et nomen urbis eius Ahuith
Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.
36 cumque mortuus esset Adad regnavit pro eo Semla de Maserecha
Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
37 hoc quoque mortuo regnavit pro eo Saul de fluvio Rooboth
Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.
38 cumque et hic obisset successit in regnum Baalanam filius Achobor
Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.
39 isto quoque mortuo regnavit pro eo Adad nomenque urbis eius Phau et appellabatur uxor illius Meezabel filia Matred filiae Mizaab
Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.
40 haec ergo nomina Esau in cognationibus et locis et vocabulis suis dux Thamna dux Alva dux Ietheth
Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie: Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
41 dux Oolibama dux Ela dux Phinon
Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,
42 dux Cenez dux Theman dux Mabsar
Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
43 dux Mabdiel dux Iram hii duces Edom habitantes in terra imperii sui ipse est Esau pater Idumeorum
Magdiel abusua ne Iram abusua. Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ. Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ.