< Genesis 16 >

1 igitur Sarai uxor Abram non genuerat liberos sed habens ancillam aegyptiam nomine Agar
Saa ɛberɛ yi, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar;
2 dixit marito suo ecce conclusit me Dominus ne parerem ingredere ad ancillam meam si forte saltem ex illa suscipiam filios cumque ille adquiesceret deprecanti
enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Wo ara wonim sɛ Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.
3 tulit Agar Aegyptiam ancillam suam post annos decem quam habitare coeperant in terra Chanaan et dedit eam viro suo uxorem
Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ, ɔnware no.
4 qui ingressus est ad eam at illa concepisse se videns despexit dominam suam
Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ. Ɛberɛ a Hagar hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia.
5 dixitque Sarai ad Abram inique agis contra me ego dedi ancillam meam in sinum tuum quae videns quod conceperit despectui me habet iudicet Dominus inter me et te
Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu sɛ wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”
6 cui respondens Abram ecce ait ancilla tua in manu tua est utere ea ut libet adfligente igitur eam Sarai fugam iniit
Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, “Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn.
7 cumque invenisset illam angelus Domini iuxta fontem aquae in solitudine qui est in via Sur
Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar wɔ nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn.
8 dixit ad eam Agar ancilla Sarai unde venis et quo vadis quae respondit a facie Sarai dominae meae ego fugio
Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar sɛ, “Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?” Hagar buaa no sɛ, “Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn.”
9 dixitque ei angelus Domini revertere ad dominam tuam et humiliare sub manibus ipsius
Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Sane kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”
10 et rursum multiplicans inquit multiplicabo semen tuum et non numerabitur prae multitudine
Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho sɛ, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie.”
11 ac deinceps ecce ait concepisti et paries filium vocabisque nomen eius Ismahel eo quod audierit Dominus adflictionem tuam
Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri sɛ, Awurade ate wʼamanehunu.
12 hic erit ferus homo manus eius contra omnes et manus omnium contra eum et e regione universorum fratrum suorum figet tabernacula
Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu. Ɔbɛtia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso bɛtia no; atutupɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.”
13 vocavit autem nomen Domini qui loquebatur ad eam Tu Deus qui vidisti me dixit enim profecto hic vidi posteriora videntis me
Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Mahunu Deɛ ɔhunu me.” Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn a ɔhunu me” no, too no.
14 propterea appellavit puteum illum puteum Viventis et videntis me ipse est inter Cades et Barad
Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ.
15 peperitque Abrae filium qui vocavit nomen eius Ismahel
Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abɔfra no edin Ismael.
16 octoginta et sex annorum erat quando peperit ei Agar Ismahelem
Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.

< Genesis 16 >