< I Paralipomenon 2 >

1 filii autem Israhel Ruben Symeon Levi Iuda Isachar et Zabulon
Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,
2 Dan Ioseph Beniamin Nepthali Gad Aser
Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
3 filii Iuda Her Aunan Sela tres nati sunt ei de filia Sue Chananitidis fuit autem Her primogenitus Iuda malus coram Domino et occidit eum
Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.
4 Thamar autem nurus eius peperit ei Phares et Zara omnes ergo filii Iuda quinque
Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmammarima baanum.
5 filii autem Phares Esrom et Hamul
Na Peres mmammarima din de Hesron ne Hamul.
6 filii quoque Zarae Zamri et Ethan et Eman Chalchal quoque et Darda simul quinque
Serah mmammarima din de Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.
7 filii Carmi Achar qui turbavit Israhel et peccavit in furto anathematis
Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.
8 filii Ethan Azarias
Na Etan babarima ne Asaria.
9 filii autem Esrom qui nati sunt ei Ieremahel et Ram et Chalubi
Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
10 porro Ram genuit Aminadab Aminadab autem genuit Naasson principem filiorum Iuda
Ram yɛ Aminadab agya. Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
11 Naasson quoque genuit Salma de quo ortus est Boez
Nahson yɛ Salma agya. Na Salma nso yɛ Boas agya.
12 Boez vero genuit Obed qui et ipse genuit Isai
Boas yɛ Obed agya. Obed yɛ Yisai agya.
13 Isai autem genuit primogenitum Heliab secundum Abinadab tertium Samaa
Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea.
14 quartum Nathanahel quintum Raddai
Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum.
15 sextum Asom septimum David
Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson.
16 quorum sorores fuerunt Sarvia et Abigail filii Sarviae Abisai Ioab et Asahel tres
Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
17 Abigail autem genuit Amasa cuius pater fuit Iether Ismahelites
Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.
18 Chaleb vero filius Esrom accepit uxorem nomine Azuba de qua genuit Ierioth fueruntque filii eius Iesar et Sobab et Ardon
Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.
19 cumque mortua fuisset Azuba accepit uxorem Chaleb Ephrath quae peperit ei Ur
Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.
20 porro Ur genuit Uri et Uri genuit Beselehel
Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
21 post haec ingressus est Esrom ad filiam Machir patris Galaad et accepit eam cum esset annorum sexaginta quae peperit ei Segub
Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.
22 sed et Segub genuit Iair et possedit viginti tres civitates in terra Galaad
Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.
23 cepitque Gessur et Aram oppida Iair et Canath et viculos eius sexaginta civitatum omnes isti filii Machir patris Galaad
(Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ.
24 cum autem mortuus esset Esrom ingressus est Chaleb ad Ephrata habuit quoque Esrom uxorem Abia quae peperit ei Assur patrem Thecue
Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).
25 nati sunt autem filii Hieramehel primogeniti Esrom Ram primogenitus eius et Buna et Aran et Asom et Ahia
Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.
26 duxit quoque uxorem alteram Hieramehel nomine Atara quae fuit mater Onam
Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
27 sed et filii Ram primogeniti Hieramehel fuerunt Moos et Iamin et Achar
Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛ Maas, Yamin ne Eker.
28 Onam autem habuit filios Semmei et Iada filii autem Semmei Nadab et Abisur
Onam mmammarima yɛ Samai ne Yada. Na Samai mmammarima yɛ Nadab ne Abisur.
29 nomen vero uxoris Abisur Abiail quae peperit Ahobban et Molid
Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid.
30 filii autem Nadab fuerunt Saled et Apphaim mortuus est autem Saled absque liberis
Na Nadab mmammarima yɛ Seled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma;
31 filius vero Apphaim Iesi qui Iesi genuit Sesan porro Sesan genuit Oholi
na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi. Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
32 filii autem Iada fratris Semmei Iether et Ionathan sed et Iether mortuus est absque liberis
Na Samai nuabarima Yada woo Yeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara,
33 porro Ionathan genuit Phaleth et Ziza isti fuerunt filii Hieramehel
nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ wɔn Pelet ne Sasa. Na yeinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefoɔ.
34 Sesan autem non habuit filios sed filias et servum aegyptium nomine Ieraa
Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa. Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha.
35 deditque ei filiam suam uxorem quae peperit ei Eththei
Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.
36 Eththei autem genuit Nathan et Nathan genuit Zabad
Atai woo Natan na Natan woo Sabad.
37 Zabad quoque genuit Ophlal et Ophlal genuit Obed
Sabad woo Efial. Efial woo Obed.
38 Obed genuit Ieu Ieu genuit Azariam
Obed woo Yehu na Yehu woo Asaria.
39 Azarias genuit Helles Helles genuit Elasa
Asaria woo Heles. Heles woo Eleasa.
40 Elasa genuit Sisamoi Sisamoi genuit Sellum
Eleasa woo Sisemai na Sisemai woo Salum.
41 Sellum genuit Icamian Icamian genuit Elisama
Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.
42 filii autem Chaleb fratris Hieramehel Mosa primogenitus eius ipse est pater Ziph et filii Maresa patris Hebron
Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
43 porro filii Hebron Core et Thapphu et Recem et Samma
Na Hebron mmammarima yɛ Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
44 Samma autem genuit Raam patrem Iercaam et Recem genuit Semmei
Na Sema woo Raham. Raham woo Yorkeam. Na Rekem woo Samai.
45 filius Semmei Maon et Maon pater Bethsur
Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur.
46 Epha autem concubina Chaleb peperit Arran et Musa et Gezez porro Arran genuit Gezez
Na Kaleb mpena Efa woo Haran, Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases.
47 filii Iadai Regom et Iotham et Gesum et Phaleth et Epha et Saaph
Na Yahdai mmammarima yɛ Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
48 concubina Chaleb Maacha peperit Saber et Tharana
Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo Seber ne Tirhana.
49 genuit autem Saaph pater Madmena Sue patrem Machbena et patrem Gabaa filia vero Chaleb fuit Achsa
Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya. Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa.
50 hii erant filii Chaleb filii Ur primogeniti Ephrata Sobal pater Cariathiarim
Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ. Kaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima yɛ Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya
51 Salma pater Bethleem Ariph pater Bethgader
Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
52 fuerunt autem filii Sobal patris Cariathiarim qui videbat dimidium requietionum
Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛ Haroe a ne fa yɛ Manahatini
53 et de cognatione Cariathiarim Iethrei et Apphutei et Semathei et Maserei ex his egressi sunt Saraitae et Esthaolitae
na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.
54 filii Salma Bethleem et Netophathi coronae domus Ioab et dimidium requietionis Sarai
Salma asefoɔ yɛ Betlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ,
55 cognationes quoque scribarum habitantium in Iabis canentes atque resonantes et in tabernaculis commorantes hii sunt Cinei qui venerunt de calore patris domus Rechab
ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.

< I Paralipomenon 2 >