< Liber Numeri 27 >
1 Accesserunt autem filiae Salphaad, filii Hepher, filii Galaad, filii Machir, filii Manasse, qui fuit filius Ioseph: quarum sunt nomina, Maala, et Noa, et Hegla, et Melcha, et Thersa.
Ɛda koro bi, Hefer babarima Selofehad mmammaa a wɔn edin ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano sɛ wɔde adesrɛ bi rebɛto Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua panin ne afoforɔ a wɔwɔ hɔ no anim.
2 Steteruntque coram Moyse et Eleazaro sacerdote, et cunctis principibus populi ad ostium tabernaculi foederis, atque dixerunt:
Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya.
3 Pater noster mortuus est in deserto, nec fuit in seditione, quae concitata est contra Dominum sub Core, sed in peccato suo mortuus est: hic non habet mares filios. Cur tollitur nomen illius de familia sua, quia non habuit filium? Date nobis possessionem inter cognatos patris nostri.
Wɔkaa sɛ, “Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ.
4 Retulitque Moyses causam earum ad iudicium Domini.
Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.”
Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim.
6 Iustam rem postulant filiae Salphaad: da eis possessionem inter cognatos patris sui, et ei in hereditatem succedant.
Awurade buaa Mose sɛ,
7 Ad filios autem Israel loqueris haec:
“Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no yɛ nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a sɛ wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn.
8 Homo cum mortuus fuerit absque filio, ad filiam eius transibit hereditas.
“Deɛ ɛdi hɔ bio ne sɛ, ɛsiane sɛ ɛyɛ mo mmara sɛ, sɛ obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ sɛ nʼagyapadeɛ kɔ ne mmammaa hɔ enti, monyɛ no saa.
9 si filiam non habuerit, habebit successores fratres suos.
Na sɛ ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ sɛ agyapadeɛ no kɔ ne nuammarima nkyɛn.
10 quod si et fratres non fuerint, dabitis hereditatem fratribus patris eius.
Na sɛ ɔnni nuammarima a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn.
11 sin autem nec patruos habuerit, dabitur hereditas his, qui ei proximi sunt. eritque hoc filiis Israel sanctum lege perpetua, sicut praecepit Dominus Moysi.
Na sɛ ɔnni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”
12 Dixit quoque Dominus ad Moysen: Ascende in montem istum Abarim, et contemplare inde Terram, quam daturus sum filiis Israel.
Ɛda bi, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim mmepɔ no so na to wʼani fa asubɔnten a ɛda hɔ no so ma ɛnkɔsi asase a mede maa Israelfoɔ no so.
13 cumque videris eam, ibis et tu ad populum tuum, sicut ivit frater tuus Aaron:
Sɛ wohwɛ wie a, wobɛwu sɛdeɛ wo nua Aaron wuiɛ no,
14 quia offendistis me in deserto Sin in contradictione multitudinis, nec sanctificare me voluistis coram ea super aquas. hae sunt aquae contradictionis in Cades deserti Sin.
ɛfiri sɛ, wosɔre tiaa me mmara wɔ Sin ɛserɛ so hɔ. Ɛberɛ a Israelfoɔ no sɔre tiaa me no, woamma wɔanhunu me kronkronyɛ wɔ nsuo no ho.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsuo “Akoeɛ” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin ɛserɛ so no so.
Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ,
16 Provideat Dominus Deus spirituum omnis carnis, hominem, qui sit super multitudinem hanc:
“Ao Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti ansa na worebɛfa me no, mesrɛ, yi obi si mʼanan
17 et possit exire et intrare ante eos, et educere eos vel introducere: ne sit populus Domini sicut oves absque pastore.
a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko na ɔbɛhwɛ wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade nnipa bɛnya odwanhwɛfoɔ a ɔbɛhwɛ wɔn so.”
18 Dixitque Dominus ad eum: Tolle Iosue filium Nun virum in quo est Spiritus Dei, et pone manum tuam super eum.
Awurade buaa no sɛ, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ Honhom no wɔ ne mu no,
19 Qui stabit coram Eleazaro sacerdote et omni multitudine:
na fa no kɔ ɔsɔfoɔ Eleasa nkyɛn, na nnipa no nyinaa rehwɛ mo no, fa nnipa no animdie so tumi hyɛ ne nsa.
20 et dabis ei praecepta cunctis videntibus, et partem gloriae tuae, ut audiat eum omnis synagoga filiorum Israel.
Fa wo tumi ma no wɔ badwam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israelfoɔ nyinaa bɛtie no.
21 Pro hoc, siquid agendum erit, Eleazar sacerdos consulet Dominum. Ad verbum eius egredietur et ingredietur ipse, et omnes filii Israel cum eo, et cetera multitudo.
Sɛ wɔhia akwankyerɛ a ɛfiri Awurade hɔ a, Yosua bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔsɔfoɔ Eleasa abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛdeɛ. Saa ɛkwan yi so na Yosua ne Israelfoɔ no bɛfa so ahwehwɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ.”
22 Fecit Moyses ut praeceperat Dominus. Cumque tulisset Iosue, statuit eum coram Eleazaro sacerdote et omni frequentia populi.
Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no nyinaa.
23 Et impositis capiti eius manibus, cuncta replicavit quae mandaverat Dominus.
Mose de ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.