< Mattheum 8 >
1 Cum autem descendisset de monte, secutae sunt eum turbae multae:
Bere a Yesu sian bepɔw no, dɔm dii nʼakyi.
2 et ecce leprosus veniens, adorabat eum, dicens: Domine, si vis, potes me mundare.
Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”
3 Et extendens Iesus manum, tetigit eum, dicens: Volo. Mundare. Et confestim mundata est lepra eius.
Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, “Mɛsa wo yare. Wo ho mfi!” Amono mu hɔ ara, kwata no fii ne ho.
4 Et ait illi Iesus: Vide, nemini dixeris: sed vade, ostende te sacerdoti, et offer munus, quod praecepit Moyses, in testimonium illis.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansede no.”
5 Cum autem introisset Capharnaum, accessit ad eum Centurio, rogans eum,
Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se,
6 et dicens: Domine, puer meus iacet in domo paralyticus, et male torquetur.
“Awurade, mʼabofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.”
7 Et ait illi Iesus: Ego veniam, et curabo eum.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Mɛba abɛsa no yare.”
8 Et respondens Centurio, ait: Domine, non sum dignus ut intres sub tectum meum: sed tantum dic verbo, et sanabitur puer meus.
Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den.
9 Nam et ego homo sum sub potestate constitutus, habens sub me milites, et dico huic: Vade, et vadit: et alio: Veni, et venit: et servo meo: Fac hoc, et facit.
Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no.”
10 Audiens autem Iesus miratus est, et sequentibus se dixit: Amen dico vobis, non inveni tantam fidem in Israel.
Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, “Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da.
11 Dico autem vobis, quod multi ab Oriente, et Occidente venient, et recumbent cum Abraham, et Isaac, et Iacob in regno caelorum:
Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro Ahenni no mu.
12 filii autem regni eiicientur in tenebras exteriores: ubi erit fletus, et stridor dentium.
Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔde wɔn nsa begu wɔn ti atwa agyaadwo na wɔatow wɔn agu sum kabii mu ama ɔyaw.”
13 Et dixit Iesus Centurioni: Vade, et sicut credidisti, fiat tibi. Et sanatus est puer in illa hora.
Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, “Kɔ fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!” Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu!
14 Et cum venisset Iesus in domum Petri, vidit socrum eius iacentem, et febricitantem:
Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo sɛ atiridii akyere Petro asebea ma ɔda hɔ.
15 et tetigit manum eius, et dimisit eam febris, et surrexit, et ministrabat eis.
Yesu soo ne nsa mu maa atiridii no tu fii no so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.
16 Vespere autem facto, obtulerunt ei multos daemonia habentes: et eiiciebat spiritus verbo: et omnes male habentes curavit:
Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn.
17 ut adimpleretur quod dictum est per Isaiam prophetam, dicentem: Ipse infirmitates nostras accepit: et aegrotationes nostras portavit.
Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se, “Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.
18 Videns autem Iesus turbas multas circum se, iussit discipulos ire trans fretum.
Yesu huu sɛ dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wontwa ɔtare no nkɔ nʼagya nohɔ.
19 Et accedens unus scriba, ait illi: Magister, sequar te, quocumque ieris.
Ɛhɔ ara Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!”
20 Et dicit ei Iesus: Vulpes foveas habent, et volucres caeli nidos: filius autem hominis non habet ubi caput suum reclinet.
Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”
21 Alius autem de discipulis eius ait illi: Domine, permitte me primum ire, et sepelire patrem meum.
Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, “Owura, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa na mabedi wʼakyi.”
22 Iesus autem ait illi: Sequere me, et dimitte mortuos sepelire mortuos suos.
Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufo.”
23 Et ascendente eo in naviculam, secuti sunt eum discipuli eius:
Yesu saa nyarewa no wiee no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu na nʼasuafo no dii nʼakyi.
24 et ecce motus magnus factus est in mari ita ut navicula operiretur fluctibus, ipse vero dormiebat.
Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada.
25 Et accesserunt ad eum Discipuli eius, et suscitaverunt eum, dicentes: Domine, salva nos, perimus.
Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”
26 Et dicit eis Iesus: Quid timidi estis, modicae fidei? Tunc surgens, imperavit ventis, et mari, et facta est tranquillitas magna.
Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
27 Porro homines mirati sunt, dicentes: Qualis est hic, quia venti et mare obediunt ei?
Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”
28 Et cum venisset Iesus trans fretum in regionem Gerasenorum, occurrerunt ei duo habentes daemonia, de monumentis exeuntes, saevi nimis, ita ut nemo posset transire per viam illam.
Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya wɔ Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so fii amusiei behyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ.
29 Et ecce clamaverunt, dicentes: Quid nobis, et tibi, Iesu fili Dei? Venisti huc ante tempus torquere nos?
Wohuu no pɛ, wofii ase teɛteɛɛ mu se, “Onyankopɔn Ba, dɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayade wɔ bere a mmere no nsoe ana?”
30 Erat autem non longe ab illis grex multorum porcorum pascens.
Saa bere koro no ara mu, na mprakokuw bi redidi wɔ nkyɛn baabi.
31 Daemones autem rogabant eum, dicentes: Si eiicis nos hinc, mitte nos in gregem porcorum.
Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Sɛ wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuw yi mu.”
32 Et ait illis: Ite. At illi exeuntes abierunt in porcos, et ecce magno impetu abiit totus grex per praeceps in mare: et mortui sunt in aquis.
Yesu teɛɛ wɔn se, “Mumfi!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no fii nnipa no mu, kowuraa mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sian bepɔw no, koguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.
33 Pastores autem fugerunt: et venientes in civitatem, nunciaverunt haec omnia, et de eis, qui daemonia habuerant.
Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa nea asi no kyerɛɛ nkurɔfo.
34 Et ecce tota civitas exiit obviam Iesu: et viso eo rogabant eum, ut transiret a finibus eorum.
Kurom hɔfo no tee nea aba no, wɔbɔɔ twi kɔɔ nea Yesu wɔ hɔ no. Wohuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn man mu hɔ nkɔ.