< Job 28 >

1 Habet argentum, venarum suarum principia: et auro locus est, in quo conflatur.
Ɛwɔ deɛ wɔtu dwetɛ ne beaeɛ a wɔhoa sika kɔkɔɔ ho.
2 Ferrum de terra tollitur: et lapis solutus calore, in aes vertitur.
Wɔtu dadeɛ firi fam, na wɔnane kɔbere firi dadeben mu.
3 Tempus posuit tenebris, et universorum finem ipse considerat, lapidem quoque caliginis, et umbram mortis.
Onipa ma esum ba awieeɛ; na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu kɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu.
4 Dividit torrens a populo peregrinante, eos, quos oblitus est pes egentis hominis, et invios.
Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ, mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane.
5 Terra, de qua oriebatur panis in loco suo, igni subversa est.
Asase a ɛbɔ aduane no, wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ;
6 Locus sapphiri lapides eius, et glebae illius aurum.
aboɔdemmoɔ firi nʼabotan mu na sikakɔkɔɔ mpɔ nso wɔ ne mfuturo mu.
7 Semitam ignoravit avis, nec intuitus est eam oculus vulturis.
Ɔkɔdeɛ biara nnim saa kwan a ahinta no, akorɔma biara ani nhunuiɛ.
8 Non calcaverunt eam filii institorum, nec pertransivit per eam leaena.
Mmoa ahantanfoɔ nnante wɔ hɔ na agyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ.
9 Ad silicem extendit manum suam, subvertit a radicibus montes.
Onipa nsa paapae abotan denden na ɔma mmepɔ ase da hɔ.
10 In petris rivos excidit, et omne pretiosum vidit oculus eius.
Ɔtwa aka fa abotan mu, na ɔhunu nʼademudeɛ nyinaa.
11 Profunda quoque fluviorum scrutatus est, et abscondita in lucem produxit.
Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔntene ti wɔ na ɔda nneɛma a ahinta adi.
12 Sapientia vero ubi invenitur? et quis est locus intelligentiae?
Nanso ɛhe na yɛbɛhunu deɛ nyansa hyɛ? Ɛhe na nteaseɛ teɛ?
13 Nescit homo pretium eius, nec invenitur in terra suaviter viventium.
Onipa renhunu ne bo a ɛsom; wɔrenhunu wɔ ateasefoɔ asase so.
14 Abyssus dicit: Non est in me: et mare loquitur: Non est mecum.
Na ebunu ka sɛ, “Ɛnni me mu”; na ɛpo nso sɛ, “Ɛnni me nkyɛn.”
15 Non dabitur aurum obrizum pro ea, nec appendetur argentum in commutatione eius.
Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ, na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ.
16 Non conferetur tinctis Indiae coloribus, nec lapidi sardonycho pretiosissimo, vel sapphiro.
Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ apopobibirieboɔ anaa aboɔdemmoɔ nso saa ara.
17 Non adaequabitur ei aurum vel vitrum, nec commutabuntur pro ea vasa auri:
Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa.
18 Excelsa et eminentia non memorabuntur comparatione eius: trahitur autem sapientia de occultis.
Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahwene panin ne ahwehwɛboɔ din; nyansa boɔ sene nhwene pa.
19 Non adaequabitur ei topazius de Aethiopia, nec tincturae mundissimae componetur.
Etiopia akarateboɔ ne no nsɛ; wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronn ntɔ.
20 Unde ergo sapientia venit? et quis est locus intelligentiae?
Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firie? Ɛhe na nteaseɛ teɛ?
21 Abscondita est ab oculis omnium viventium, volucres quoque caeli latet.
Wɔde asie abɔdeɛ biara ani, wɔde asie ewiem nnomaa mpo.
22 Perditio et mors dixerunt: Auribus nostris audivimus famam eius.
Ɔsɛeɛ ne Owuo ka sɛ, “Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.”
23 Deus intelligit viam eius, et ipse novit locum illius.
Onyankopɔn te ɛkwan a ɛkɔ hɔ ase, na ɔno nko ara na ɔnim baabi a ɛteɛ,
24 Ipse enim fines mundi intuetur: et omnia, quae sub caelo sunt, respicit.
ɛfiri sɛ ɔhwɛ kɔduru nsase ano na ɔhunu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.
25 Qui fecit ventis pondus, et aquas appendit in mensura.
Ɛberɛ a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ na ɔsusuu nsuwa no,
26 Quando ponebat pluviis legem, et viam procellis sonantibus:
ɛberɛ a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ na ɔtwaa ɛkwan maa aprannaa no,
27 Tunc vidit illam, et enarravit, et praeparavit, et investigavit.
afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛeɛ; na ɔgyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛeɛ.
28 Et dixit homini: Ecce timor Domini, ipsa est sapientia: et recedere a malo, intelligentia.
Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ, “Awurade suro, ɛno ne nyansa; na sɛ wɔkyiri bɔne a, wowɔ nteaseɛ.”

< Job 28 >