< Jeremiæ 47 >

1 Quod factum est verbum Domini ad Ieremiam prophetam contra Palaesthinos, antequam percuteret Pharao Gazam:
Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:
2 Haec dicit Dominus: Ecce aquae descendunt ab Aquilone, et erunt quasi torrens inundans, et operient terram, et plenitudinem eius, urbem et habitatores eius: clamabunt homines, et ululabunt omnes habitatores terrae
Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam; ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so. Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so, nkurow no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteɛteɛ mu; wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo
3 a strepitu pompae armorum, et bellatorum eius, a commotione quadrigarum eius, et multitudine rotarum illius. Non respexerunt patres filios manibus dissolutis
bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei, na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyigyei no. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
4 pro adventu diei, in quo vastabuntur omnes Philisthiim, et dissipabitur Tyrus, et Sidon cum omnibus reliquis auxiliis suis. depopulatus est enim Dominus Palaesthinos, reliquias insulae Cappadociae.
Na da no aba sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifo no, nkae a wofi Kreta mpoano no.
5 Venit calvitium super Gazam: conticuit Ascalon, et reliquiae vallis earum, usquequo concideris?
Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔ mum. Mo nkae a mowɔ tataw so, mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?
6 O mucro Domini usquequo non quiesces? Ingredere in vaginam tuam, refrigerare, et sile.
“‘Aa, Awurade afoa,’ ‘da bɛn na wobɛhome? San kɔhyɛ wo boha mu; gyae na da komm.’
7 Quomodo quiescet cum Dominus praeceperit ei adversus Ascalonem, et adversus maritimas eius regiones, ibique condixerit illi?
Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm bere a Awurade ahyɛ no bere a wahyɛ no se ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”

< Jeremiæ 47 >