< Zaccharias Propheta 2 >
1 Et levavi oculos meos, et vidi, et ecce vir, et in manu ejus funiculus mensorum.
Afei memaa mʼani so, na mihuu ɔbarima bi a okura susuhama sɛ ogyina mʼanim!
2 Et dixi: Quo tu vadis? Et dixit ad me: Ut metiar Jerusalem, et videam quanta sit latitudo ejus, et quanta longitudo ejus.
Mibisaa no se, “Ɛhe na worekɔ?” Obuae se, “Merekosusuw Yerusalem, ahu ne trɛw ne ne tenten.”
3 Et ecce angelus qui loquebatur in me egrediebatur, et angelus alius egrediebatur in occursum ejus:
Na ɔbɔfo a na ɔne me rekasa na kɔe, na ɔbɔfo foforo behyiaa no
4 et dixit ad eum: Curre, loquere ad puerum istum, dicens: Absque muro habitabitur Jerusalem, præ multitudine hominum et jumentorum in medio ejus.
na ɔka kyerɛɛ no se, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberante no se, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a enni afasu esiane nnipa ne mmoa dodow a wɔwɔ mu nti.
5 Et ego ero ei, ait Dominus, murus ignis in circuitu, et in gloria ero in medio ejus.
Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasu, atwa ho ahyia,’ sɛnea Awurade se ni, ‘na mayɛ ne mu anuonyam.’
6 O, o, fugite de terra aquilonis, dicit Dominus, quoniam in quatuor ventos cæli dispersi vos, dicit Dominus.
“Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi asase no so,” sɛ Awurade se ni, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa anan no,” sɛnea Awurade se ni.
7 O Sion! fuge, quæ habitas apud filiam Babylonis:
“Mommra, Sion! Munguan, mo a mote Ɔbabea Babilonia!”
8 quia hæc dicit Dominus exercituum: Post gloriam misit me ad gentes quæ spoliaverunt vos: qui enim tetigerit vos, tangit pupillam oculi mei:
Efisɛ sɛɛ na Asafo Awurade se, “Onuonyamfo no asoma me akotia aman a wɔafow mo nneɛma no akyi no, nea ɔde ne nsa bɛka mo biara no de nsa aka AWURADE aniwa nkesua.
9 quia ecce ego levo manum meam super eos, et erunt prædæ his qui serviebant sibi: et cognoscetis quia Dominus exercituum misit me.
Nokware, mɛma me nsa so de atia wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma moahu sɛ Asafo Awurade na wasoma me.
10 Lauda et lætare, filia Sion, quia ecce ego venio, et habitabo in medio tui, ait Dominus.
“Teɛ mu na ma wʼani nnye, Ɔbabea Sion. Efisɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛnea Awurade se ni.
11 Et applicabuntur gentes multæ ad Dominum in die illa, et erunt mihi in populum, et habitabo in medio tui: et scies quia Dominus exercituum misit me ad te.
“Aman bebree bɛka Awurade ho saa da no na wɔabɛyɛ me nkurɔfo. Me ne mo bɛtena, na mubehu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.
12 Et possidebit Dominus Judam partem suam in terra sanctificata, et eliget adhuc Jerusalem.
Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapade wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio.
13 Sileat omnis caro a facie Domini, quia consurrexit de habitaculo sancto suo.
Monyɛ komm wɔ Awurade anim, adesamma nyinaa, efisɛ wakanyan ne ho wɔ ne tenabea kronkron hɔ.”