< Apocalypsis 2 >
1 Angelo Ephesi ecclesiæ scribe: Hæc dicit, qui tenet septem stellas in dextera sua, qui ambulat in medio septem candelabrorum aureorum:
“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ɛfiri obi a ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu a ɔnante wɔ sika nkaneadua nson no ntam no.
2 Scio opera tua, et laborem, et patientiam tuam, et quia non potes sustinere malos: et tentasti eos, qui se dicunt apostolos esse, et non sunt: et invenisti eos mendaces:
Menim deɛ woayɛ. Menim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔneyɛfoɔ, na afei woasɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahunu sɛ wɔyɛ atorofoɔ.
3 et patientiam habes, et sustinuisti propter nomen meum, et non defecisti.
Wowɔ boasetɔ, na me enti, woahunu amane bebree, nanso wompaa aba.
4 Sed habeo adversum te, quod caritatem tuam primam reliquisti.
Nanso, deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛdeɛ kan no na wodɔ me no.
5 Memor esto itaque unde excideris: et age pœnitentiam, et prima opera fac: sin autem, venio tibi, et movebo candelabrum tuum de loco suo, nisi pœnitentiam egeris.
Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ.
6 Sed hoc habes, quia odisti facta Nicolaitarum, quæ et ego odi.
Nanso, deɛ ɛyɛ wɔ wo ho ne sɛ, wokyiri deɛ Nikolaifoɔ no yɛ no, na saa ara na me nso mekyiri.
7 Qui habet aurem, audiat quid Spiritus dicat ecclesiis: Vincenti dabo edere de ligno vitæ, quod est in paradiso Dei mei.
Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no bi. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.
8 Et angelo Smyrnæ ecclesiæ scribe: Hæc dicit primus, et novissimus, qui fuit mortuus, et vivit:
“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Smirna asafo no ano sɛ: Saa asɛm yi firi Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no nkyɛn. Deɛ ɔwuiɛ na ɔnyaneeɛ no.
9 Scio tribulationem tuam, et paupertatem tuam, sed dives es: et blasphemaris ab his, qui se dicunt Judæos esse, et non sunt, sed sunt synagoga Satanæ.
Menim amane a wohunu maa Awurade na menim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapadeɛ wɔ ɔsoro. Menim nsɛm a wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ Yudafoɔ no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam apamfoɔ.
10 Nihil horum timeas quæ passurus es. Ecce missurus est diabolus aliquos ex vobis in carcerem ut tentemini: et habebitis tribulationem diebus decem. Esto fidelis usque ad mortem, et dabo tibi coronam vitæ.
Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire.
11 Qui habet aurem, audiat quid Spiritus dicat ecclesiis: Qui vicerit, non lædetur a morte secunda.
Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wɔdi nkonim no renwu owuprenu.
12 Et angelo Pergami ecclesiæ scribe: Hæc dicit qui habet rhomphæam utraque parte acutam:
“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi deɛ ɔwɔ akofena anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.
13 Scio ubi habitas, ubi sedes est Satanæ: et tenes nomen meum, et non negasti fidem meam. Et in diebus illis Antipas testis meus fidelis, qui occisus est apud vos ubi Satanas habitat.
Menim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahennwa si. Wodi me nokorɛ; na ɛberɛ a wɔkumm Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.
14 Sed habeo adversus te pauca: quia habes illic tenentes doctrinam Balaam, qui docebat Balac mittere scandalum coram filiis Israël, edere, et fornicari:
Nanso, nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wɔdi Bileam nkyerɛkyerɛakyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak maa ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ wɔn adwamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no.
15 ita habes et tu tenentes doctrinam Nicolaitarum.
Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wɔdi Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ akyi.
16 Similiter pœnitentiam age: si quominus veniam tibi cito, et pugnabo cum illis in gladio oris mei.
Twe wo ho firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn, na mede sekan a ɛfiri mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.
17 Qui habet aurem, audiat quid Spiritus dicat ecclesiis: Vincenti dabo manna absconditum, et dabo illi calculum candidum: et in calculo nomen novum scriptum, quod nemo scit, nisi qui accipit.
Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahinta no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɛboɔ fitaa a wɔatwerɛ din foforɔ wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.
18 Et angelo Thyatiræ ecclesiæ scribe: Hæc dicit Filius Dei, qui habet oculos tamquam flammam ignis, et pedes ejus similes auricalco:
“Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn.
19 Novi opera tua, et fidem, et caritatem tuam, et ministerium, et patientiam tuam, et opera tua novissima plura prioribus.
Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɛ adwuma sene kane no.
20 Sed habeo adversus te pauca: quia permittis mulierem Jezabel, quæ se dicit propheten, docere, et seducere servos meos, fornicari, et manducare de idolothytis.
Nanso deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wogyee ɔbaa bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifoɔ no too mu. Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛ, na ɔdi mʼasomafoɔ anim ma wɔbɔ adwaman di abosom aduane.
21 Et dedi illi tempus ut pœnitentiam ageret: et non vult pœnitere a fornicatione sua.
Mama no ɛberɛ sɛ ɔnnu ne ho mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakyera firi nʼadwamammɔ mu.
22 Ecce mittam eam in lectum: et qui mœchantur cum ea, in tribulatione maxima erunt, nisi pœnitentiam ab operibus suis egerint.
Ɛno enti, sɛ wɔansesa amfiri amumuyɛ a wɔne no yɛeɛ no mu a, mɛto no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe awadeɛ no ahunu amane a ano yɛ den yie.
23 Et filios ejus interficiam in morte, et scient omnes ecclesiæ, quia ego sum scrutans renes, et corda: et dabo unicuique vestrum secundum opera sua. Vobis autem dico,
Afei, mɛkum nʼakyidifoɔ no, na asafo no nyinaa bɛhunu sɛ mene obi a mehunu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Deɛ mo mu biara yɛeɛ no, mɛtua no so ka pɛpɛɛpɛ.
24 et ceteris qui Thyatiræ estis: quicumque non habent doctrinam hanc, et qui non cognoverunt altitudines Satanæ, quemadmodum dicunt, non mittam super vos aliud pondus:
Nanso, momu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Monsuaa deɛ afoforɔ frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo sɛ, meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so.
25 tamen id quod habetis, tenete donec veniam.
Na monsɔ deɛ mowɔ no mu denden kɔsi sɛ mɛba.
26 Et qui vicerit, et custodierit usque in finem opera mea, dabo illi potestatem super gentes,
Wɔn a wɔdi nkonim na wɔkɔ so yɛ deɛ mepɛ kɔsi awieeɛ no, mede tumi korɔ no ara a menya firii
27 et reget eas in virga ferrea, et tamquam vas figuli confringentur,
mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dadeɛ poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkukuo.
28 sicut et ego accepi a Patre meo: et dabo illi stellam matutinam.
Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.
29 Qui habet aurem, audiat quid Spiritus dicat ecclesiis.
Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.