< Psalmorum 15 >
1 Psalmus David. Domine, quis habitabit in tabernaculo tuo? aut quis requiescet in monte sancto tuo?
Dawid dwom. Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?
2 Qui ingreditur sine macula, et operatur justitiam;
Nea ne ho nni asɛm na ɔyɛ nea ɛteɛ, nea ɔka nokware a efi ne koma mu
3 qui loquitur veritatem in corde suo: qui non egit dolum in lingua sua, nec fecit proximo suo malum, et opprobrium non accepit adversus proximos suos.
na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,
4 Ad nihilum deductus est in conspectu ejus malignus; timentes autem Dominum glorificat. Qui jurat proximo suo, et non decipit;
nea obu afideyɛni animtiaa na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade, nea odi ne ntam so, bere a etia no mpo,
5 qui pecuniam suam non dedit ad usuram, et munera super innocentem non accepit: qui facit hæc non movebitur in æternum.
nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho na onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom no renhinhim da.