< Mattheum 24 >

1 Et egressus Jesus de templo, ibat. Et accesserunt discipuli ejus, ut ostenderent ei ædificationes templi.
Yesu refiri baabi a asɔredan no si hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahodoɔ a ɛwɔ asɔredan no mu.
2 Ipse autem respondens dixit illis: Videtis hæc omnia? amen dico vobis, non relinquetur hic lapis super lapidem, qui non destruatur.
Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛdwiri saa dan yi agu pasaa!”
3 Sedente autem eo super montem Oliveti, accesserunt ad eum discipuli secreto, dicentes: Dic nobis, quando hæc erunt? et quod signum adventus tui, et consummationis sæculi? (aiōn g165)
Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?” (aiōn g165)
4 Et respondens Jesus, dixit eis: Videte ne quis vos seducat:
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ na obi annaadaa mo.
5 multi enim venient in nomine meo, dicentes: Ego sum Christus: et multos seducent.
Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
6 Audituri enim estis prælia, et opiniones præliorum. Videte ne turbemini: oportet enim hæc fieri, sed nondum est finis:
Sɛ mote sɛ akokoakoko resi afanan nyinaa a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsane aba no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛsɛ sɛ yeinom ba, nanso awieeɛ no deɛ, ɛnnya mmaeɛ.
7 consurget enim gens in gentem, et regnum in regnum, et erunt pestilentiæ, et fames, et terræmotus per loca:
Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so, na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.
8 hæc autem omnia initia sunt dolorum.
Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.
9 Tunc tradent vos in tribulationem, et occident vos: et eritis odio omnibus gentibus propter nomen meum.
“Sɛ moyɛ me deɛ enti, wɔbɛyɛ mo ayayadeɛ, na wɔakum mo wɔ ewiase afanan nyinaa,
10 Et tunc scandalizabuntur multi, et invicem tradent, et odio habebunt invicem.
na mo mu pii bɛsane akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatan mo ho.
11 Et multi pseudoprophetæ surgent, et seducent multos.
Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.
12 Et quoniam abundavit iniquitas, refrigescet caritas multorum:
Bɔne bɛdɔɔso wɔ ewiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase.
13 qui autem perseveraverit usque in finem, hic salvus erit.
Nanso, wɔn a wɔbɛgyina pintinn akɔduru awieeɛ no, wɔbɛgye wɔn nkwa.
14 Et prædicabitur hoc Evangelium regni in universo orbe, in testimonium omnibus gentibus: et tunc veniet consummatio.
Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahennie no ho no wɔ ewiase afanan nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awieeɛ no bɛba.
15 Cum ergo videritis abominationem desolationis, quæ dicta est a Daniele propheta, stantem in loco sancto, qui legit, intelligat:
“Enti, sɛ mohunu ‘Adeɛ a Ɛyɛ Hu’ a, Odiyifoɔ Daniel kaa ho asɛm sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ,
16 tunc qui in Judæa sunt, fugiant ad montes:
wɔn a wɔte Yudea no nnwane nkɔ Yuda mmepɔ so.
17 et qui in tecto, non descendat tollere aliquid de domo sua:
Mma obiara a ɔwɔ ne efie ɛdan atifi no nsiane nkɔfa biribiara mfiri ne efie hɔ.
18 et qui in agro, non revertatur tollere tunicam suam.
Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa wɔn ntoma.
19 Væ autem prægnantibus et nutrientibus in illis diebus!
Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue!
20 Orate autem ut non fiat fuga vestra in hieme, vel sabbato:
Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ anaa Homeda.
21 erit enim tunc tribulatio magna, qualis non fuit ab initio mundi usque modo, neque fiet.
Ɛfiri sɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ ewiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da.
22 Et nisi breviati fuissent dies illi, non fieret salva omnis caro: sed propter electos breviabuntur dies illi.
“Nokorɛm, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre.
23 Tunc si quis vobis dixerit: Ecce hic est Christus, aut illic: nolite credere.
Sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohoa anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, monnye nni.
24 Surgent enim pseudochristi, et pseudoprophetæ: et dabunt signa magna, et prodigia, ita ut in errorem inducantur (si fieri potest) etiam electi.
Atorɔ Akristofoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa wɔn mpo a Onyankopɔn ayi wɔn no.
25 Ecce prædixi vobis.
Mabɔ mo kɔkɔ dada.
26 Si ergo dixerint vobis: Ecce in deserto est, nolite exire; Ecce in penetralibus, nolite credere.
“Enti, sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no asane aba na ɔwɔ ɛserɛ so a,’ monnha mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no; ‘anaasɛ nso ɔde ne ho asie baabi a,’ monnye nni!
27 Sicut enim fulgur exit ab oriente, et paret usque in occidentem: ita erit et adventus Filii hominis.
Na sɛdeɛ anyinam pa firi apueeɛ kɔ atɔeɛ no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ara ne no.
28 Ubicumque fuerit corpus, illic congregabuntur et aquilæ.
Na deɛ efunu wɔ no, ɛhɔ na apete mpa.
29 Statim autem post tribulationem dierum illorum sol obscurabitur, et luna non dabit lumen suum, et stellæ cadent de cælo, et virtutes cælorum commovebuntur:
“Ɔtaa no akyiri pɛ “‘awia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn; na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ɔsoro no.’
30 et tunc parebit signum Filii hominis in cælo: et tunc plangent omnes tribus terræ: et videbunt Filium hominis venientem in nubibus cæli cum virtute multa et majestate.
“Afei, Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi, na ɛsoro ne asase sofoɔ nyinaa bɛtwa agyaadwoɔ. Na ewiase amanaman bɛhunu me, sɛ mede tumi ne animuonyam nam ɛsoro omununkum mu reba.
31 Et mittet angelos suos cum tuba, et voce magna: et congregabunt electos ejus a quatuor ventis, a summis cælorum usque ad terminos eorum.
Na mɛsoma mʼabɔfoɔ a wɔrebɔ totorobɛnto aba, na wɔbɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano firi ɛsoro ano kɔka asase ano.
32 Ab arbore autem fici discite parabolam: cum jam ramus ejus tener fuerit, et folia nata, scitis quia prope est æstas:
“Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn.
33 ita et vos cum videritis hæc omnia, scitote quia prope est, in januis.
Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ meba a mɛsane aba no abɛn, aduru apono ano.
34 Amen dico vobis, quia non præteribit generatio hæc, donec omnia hæc fiant.
Nokorɛ mese mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
35 Cælum et terra transibunt, verba autem mea non præteribunt.
Ɛsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛbɛtena hɔ daa.
36 De die autem illa et hora nemo scit, neque angeli cælorum, nisi solus Pater.
“Nanso, ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na ɔnim.
37 Sicut autem in diebus Noë, ita erit et adventus Filii hominis:
Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara pɛ.
38 sicut enim erant in diebus ante diluvium comedentes et bibentes, nubentes et nuptum tradentes, usque ad eum diem, quo intravit Noë in arcam,
Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii ɛda a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu,
39 et non cognoverunt donec venit diluvium, et tulit omnes: ita erit et adventus Filii hominis.
na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii sɛ nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ.
40 Tunc duo erunt in agro: unus assumetur, et unus relinquetur.
Saa ɛberɛ no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no mu baako akɔ, na wɔagya ɔbaako.
41 Duæ molentes in mola: una assumetur, et una relinquetur.
Saa ara nso na mmaa baanu a wɔwɔ efie renoa aduane no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako no no.
42 Vigilate ergo, quia nescitis qua hora Dominus vester venturus sit.
“Enti, monwɛn ɛfiri sɛ, monnim da ko a Awurade bɛba.
43 Illud autem scitote, quoniam si sciret paterfamilias qua hora fur venturus esset, vigilaret utique, et non sineret perfodi domum suam.
Sɛdeɛ onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban firi akorɔmfoɔ ho no,
44 Ideo et vos estote parati: quia qua nescitis hora Filius hominis venturus est.
saa ara na ɛwɔ sɛ mosiesie mo ho, ɛfiri sɛ Onipa Ba no bɛba ɛberɛ a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.
45 Quis, putas, est fidelis servus, et prudens, quem constituit dominus suus super familiam suam ut det illis cibum in tempore?
“Hwan ne ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ no, deɛ ne wura de ne fidua mu asomfoɔ ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn adwuma wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu?
46 Beatus ille servus, quem cum venerit dominus ejus, invenerit sic facientem.
Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.
47 Amen dico vobis, quoniam super omnia bona sua constituet eum.
Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa.
48 Si autem dixerit malus servus ille in corde suo: Moram fecit dominus meus venire:
Na sɛ ɔyɛ akoa bɔne, na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, ‘Me Wura nnya mmaeɛ,’
49 et cœperit percutere conservos suos, manducet autem et bibat cum ebriosis:
na ɔhyɛ aseɛ ha ne mfɛfoɔ nkoa, na ɔdidi, boro nsã a,
50 veniet dominus servi illius in die qua non sperat, et hora qua ignorat:
ne Wura no bɛba ɛda a nʼani nna so sɛ ɔbɛba.
51 et dividet eum, partemque ejus ponet cum hypocritis: illic erit fletus et stridor dentium.
Ɔbɛtwe nʼaso denden, na ɔde no akɔ baabi a wɔbu nyaatwomfoɔ atɛn; ɛhɔ na wɔtwa agyaadwoɔ na wɔtwɛre wɔn se.

< Mattheum 24 >