< Job 19 >

1 Respondens autem Job, dixit:
Na Hiob kasaa bio sɛ,
2 Usquequo affligitis animam meam, et atteritis me sermonibus?
“Mobɛhyɛ me aniɛyaa na mode nsɛm abubu me akɔsi da bɛn?
3 En decies confunditis me, et non erubescitis opprimentes me.
Mpɛn edu nie a moasopa me; mo ani nwu sɛ moto hyɛ me so.
4 Nempe etsi ignoravi, mecum erit ignorantia mea.
Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mafom ɛkwan a, me mfomsoɔ yɛ me nko ara asɛm.
5 At vos contra me erigimini, et arguitis me opprobriis meis.
Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so wɔ me so na mode mʼanimguaseɛ ayɛ adanseɛ atia me a,
6 Saltem nunc intelligite quia Deus non æquo judicio afflixerit me, et flagellis suis me cinxerit.
ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne na ɔde nʼatena atwa me ho ahyia.
7 Ecce clamabo, vim patiens, et nemo audiet; vociferabor, et non est qui judicet.
“Ɛwom sɛ mesu sɛ, ‘Wɔafom me’ deɛ, nanso obiara mmua me; meteam pɛ mmoa, nanso atɛntenenee biara nni hɔ.
8 Semitam meam circumsepsit, et transire non possum: et in calle meo tenebras posuit.
Wasi me ɛkwan enti mentumi mensene; wama mʼakwan so aduru sum.
9 Spoliavit me gloria mea, et abstulit coronam de capite meo.
Wayi mʼanimuonyam afiri me so na watu mʼahenkyɛ afiri me ti so.
10 Destruxit me undique, et pereo: et quasi evulsæ arbori abstulit spem meam.
Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me; watu mʼanidasoɔ ase te sɛ dua.
11 Iratus est contra me furor ejus, et sic me habuit quasi hostem suum.
Nʼabufuo huru tia me; na wakan me afra nʼatamfoɔ mu.
12 Simul venerunt latrones ejus, et fecerunt sibi viam per me, et obsederunt in gyro tabernaculum meum.
Nʼakodɔm ba anibereɛ so; wɔsisi mpie de tia me na wɔtwa me ntomadan ho hyia.
13 Fratres meos longe fecit a me, et noti mei quasi alieni recesserunt a me.
“Wayi me nuammarima afiri me ho; na mʼamanifoɔ nso, watwe wɔn ho koraa.
14 Dereliquerunt me propinqui mei, et qui me noverant obliti sunt mei.
Mʼabusuafoɔ kɔ; na me nnamfonom werɛ afiri me.
15 Inquilini domus meæ et ancillæ meæ sicut alienum habuerunt me, et quasi peregrinus fui in oculis eorum.
Mʼahɔhoɔ ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔhoɔ; mete sɛ ɔnanani ma wɔn.
16 Servum meum vocavi, et non respondit: ore proprio deprecabar illum.
Mefrɛ me ɔsomfoɔ, na ɔmmua; mpo, mete mʼano srɛ no.
17 Halitum meum exhorruit uxor mea, et orabam filios uteri mei.
Me home bɔn me yere; me ho afono mʼankasa nuammarima.
18 Stulti quoque despiciebant me: et cum ab eis recessissem, detrahebant mihi.
Mpo, mmarimmaa nkumaa bu me animtiaa; sɛ mepue a wɔdi me ho fɛw.
19 Abominati sunt me quondam consiliarii mei, et quem maxime diligebam, aversatus est me.
Me nnamfo berɛboɔ kyiri me; mʼadɔfoɔ asɔre atia me.
20 Pelli meæ, consumptis carnibus, adhæsit os meum, et derelicta sunt tantummodo labia circa dentes meos.
Maka honam ne nnompe, na ɛkaa kakraa bi, anka merewu.
21 Miseremini mei, miseremini mei saltem vos, amici mei, quia manus Domini tetigit me.
“Monhunu me mmɔbɔ, me nnamfonom, monhunu mmɔbɔ, na Onyankopɔn nsa abɔ me.
22 Quare persequimini me sicut Deus, et carnibus meis saturamini?
Adɛn enti na motaa me so, sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ no? Na mommfa me honam mu yea yi saa ara?
23 Quis mihi tribuat ut scribantur sermones mei? quis mihi det ut exarentur in libro
“Ao, anka wɔmfa me nsɛm nhyɛ nwoma mu, anka wɔntwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ so,
24 stylo ferreo et plumbi lamina, vel celte sculpantur in silice?
anka wɔmfa dadeɛ twerɛdua nyiyi wɔ sumpii so, anaa wɔnkrukyire wɔ abotan so afebɔɔ.
25 Scio enim quod redemptor meus vivit, et in novissimo die de terra surrecturus sum:
Menim sɛ me odimafoɔ te ase, na awieeɛ no ɔbɛsɔre agyina asase so.
26 et rursum circumdabor pelle mea, et in carne mea videbo Deum meum:
Na sɛ me wedeɛ wie sɛe a, mede mʼani bɛhunu Onyankopɔn.
27 quem visurus sum ego ipse, et oculi mei conspecturi sunt, et non alius: reposita est hæc spes mea in sinu meo.
Me ara mɛhunu no mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforɔ ani, bɛhunu no. Mʼakoma ho pere no wɔ me mu.
28 Quare ergo nunc dicitis: Persequamur eum, et radicem verbi inveniamus contra eum?
“Sɛ moka sɛ, ‘Yɛbɛteetee no, ɛfiri sɛ ɔhaw no firi ɔno ara’ a,
29 Fugite ergo a facie gladii, quoniam ultor iniquitatum gladius est: et scitote esse judicium.
ɛsɛ sɛ mosuro akofena no. Abufuo nam akofena so de asotwe bɛba, na mobɛhunu sɛ atemmuo wɔ hɔ.”

< Job 19 >