< Hiezechielis Prophetæ 35 >
1 Et factus est sermo Domini ad me, dicens:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 Fili hominis pone faciem tuam adversum montem Seir, et prophetabis de eo, et dices illi:
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔ Seir; hyɛ nkɔm tia no
3 Hæc dicit Dominus Deus: Ecce ego ad te mons Seir, et extendam manum meam super te, et dabo te desolatum atque desertum.
na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Bepɔ Seir, na mɛtene me basa atia wo, na mɛma woada mpan.
4 Urbes tuas demoliar, et tu desertus eris: et scies quia ego Dominus.
Mɛdane wo nkuro ama ayɛ mmubuiɛ na wobɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.
5 Eo quod fueris inimicus sempiternus, et concluseris filios Israel in manus gladii in tempore afflictionis eorum, in tempore iniquitatis extremæ:
“‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na woyii Israelfoɔ maa akofena wɔ wɔn amanehunu mu, ɛberɛ a wɔn asotwe duruu ne mpɔnpɔnsoɔ no
6 Propterea vivo ego, dicit Dominus Deus: quoniam sanguini tradam te, et sanguis te persequetur: et cum sanguinem oderis, sanguis persequetur te.
enti, sɛ mete ase yi deɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede wo bɛma mogyahwieguo na ɛbɛdi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwieguo no enti, mogyahwiegu bɛtaa wo.
7 Et dabo montem Seir desolatum atque desertum: et auferam de eo euntem, et redeuntem.
Mɛma bepɔ Seir ada mpan, na mayi wɔn a wɔdi so akɔneaba no afiri hɔ.
8 Et implebo montes eius occisorum suorum: in collibus tuis, et in vallibus tuis, atque in torrentibus interfecti gladio cadent.
Mede atɔfoɔ bɛhyɛ wo mmepɔ so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ akofena ano bɛhwehwe ase wɔ wo nkokoɔ so, mmɔnhwa mu ne wo subɔnhwa mu.
9 In solitudines sempiternas tradam te, et civitates tuæ non habitabuntur: et scietis quia ego Dominus Deus.
Mɛma wada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkuro so. Afei, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.
10 Eo quod dixeris: Duæ gentes, et duæ terræ meæ erunt, et hereditate possidebo eas: cum Dominus esset ibi:
“‘Woaka sɛ, “Saa aman mmienu ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea na yɛbɛfa,” wɔ ɛberɛ a me Awurade mete hɔ,
11 Propterea vivo ego, dicit Dominus Deus, quia faciam iuxta iram tuam, et secundum zelum tuum, quem fecisti odio habens eos: et notus efficiar per eos cum te iudicavero.
enti, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn.
12 Et scies quia ego Dominus audivi universa opprobria tua, quæ locutus es de montibus Israel, dicens: Deserti, nobis ad devorandum dati sunt.
Afei, wobɛhunu sɛ me Awurade, mate animtiabuo nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ. Wokaa sɛ, “Wɔama ada mpan na wɔadane ama yɛn sɛ yɛmfa.”
13 Et insurrexistis super me ore vestro, et derogastis adversum me verba vestra: ego audivi.
Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ.
14 Hæc dicit Dominus Deus: Lætante universa terra, in solitudinem te redigam.
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛberɛ a ewiase nyinaa redi ahurisie no, mɛma woada mpan.
15 Sicuti gavisus es super hereditatem domus Israel, eo quod fuerit dissipata, sic faciam tibi: dissipatus eris mons Seir, et Idumæa omnis: et scient quia ego Dominus.
Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’”