< Genesis 29 >

1 Profectus ergo Iacob venit in terram Orientalem.
Yakob toaa nʼakwantuo so kɔduruu apueeɛfoɔ asase so.
2 Et vidit puteum in agro, tres quoque greges ovium accubantes iuxta eum: nam ex illo adaquabantur pecora, et os eius grandi lapide claudebatur.
Asase no so baabi na ɔkɔhunuu abura bi a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho. Ɛfiri sɛ, saa abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwan no nom. Na ɛboɔ kɛseɛ bi na ɛkata abura no so.
3 Morisque erat ut cunctis ovibus congregatis devolverent lapidem, et refectis gregibus rursum super os putei ponerent.
Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano.
4 Dixitque ad pastores: Fratres, unde estis? Qui responderunt: De Haran.
Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?” Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.”
5 Quos interrogans, Numquid, ait, nostis Laban filium Nachor? Dixerunt: Novimus.
Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?” Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.”
6 Sanusne est? inquit: Valet, inquiunt: et ecce Rachel filia eius venit cum grege suo.
Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.”
7 Dixitque Iacob: Adhuc multum diei superest, nec est tempus ut reducantur ad caulas greges: date ante potum ovibus, et sic eas ad pastum reducite.
Yakob kaa sɛ, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnuruiɛ. Momma wɔn nsuo nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.”
8 Qui responderunt: Non possumus, donec omnia pecora congregentur, et amoveamus lapidem de ore putei, ut adaquemus greges.
Nnwanhwɛfoɔ no buaa Yakob sɛ, “Sɛ yɛmmoaboaa nnwan no nyinaa ano, na yɛmpiree ɛboɔ no mfirii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsuo nnom.”
9 Adhuc loquebantur, et ecce Rachel veniebat cum ovibus patris sui: nam gregem ipsa pascebat.
Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ odwanhwɛfoɔ no de nʼagya nnwan baa hɔ.
10 Quam cum vidisset Iacob, et sciret consobrinam suam, ovesque Laban avunculi sui: amovit lapidem quo puteus claudebatur.
Ɛberɛ a Yakob hunuu ne maame nuabarima Laban babaa Rahel ne ne wɔfa Laban nnwan no, ɔkɔpiree ɛboɔ no firii abura no ano. Afei, wɔmaa nnwan no nsuo nomeeɛ.
11 Et adaquato grege, osculatus est eam: et elevata voce flevit,
Afei, Yakob fee Rahel ano, na ɔsuiɛ.
12 et indicavit ei quod frater esset patris sui, et filius Rebeccæ: at illa festinans nunciavit patri suo.
Na Yakob aka akyerɛ Rahel sɛ, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsane yɛ nʼagya Laban no nuabaa Rebeka babarima. Enti, Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.
13 Qui cum audisset venisse Iacob filium sororis suæ, cucurrit obviam ei: complexusque eum, et in oscula ruens, duxit in domum suam. Auditis autem causis itineris,
Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ.
14 respondit: Os meum es, et caro mea. Et postquam impleti sunt dies mensis unius,
Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome.
15 dixit ei: Num quia frater meus es, gratis servies mihi? dic quid mercedis accipias.
Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”
16 Habebat vero duas filias, nomen maioris Lia: minor vero appellabatur Rachel.
Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel.
17 Sed Lia lippis erat oculis: Rachel decora facie, et venusto aspectu.
Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie.
18 Quam diligens Iacob, ait: Serviam tibi pro Rachel filia tua minore, septem annis.
Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.”
19 Respondit Laban: Melius est ut tibi eam dem quam alteri viro, mane apud me.
Laban kaa sɛ, “Mepene so! Ɛyɛ sɛ mede no bɛma wo aware mmom sene sɛ mede no bɛma obi foforɔ bi a mennim no. Enti, tena me nkyɛn.”
20 Servivit ergo Iacob pro Rachel septem annis: et videbantur illi pauci dies præ amoris magnitudine.
Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel enti, ɔsomm Laban mfeɛ nson, na wanhunu koraa sɛ, wasom akyɛre saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.
21 Dixitque ad Laban: Da mihi uxorem meam: quia iam tempus impletum est, ut ingrediar ad illam.
Yakob som wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Laban sɛ, “Masom awie enti, fa Rahel ma me na menware no.”
22 Qui vocatis multis amicorum turbis ad convivium, fecit nuptias.
Ɛno enti, Laban too ɛpono kɛseɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa apontoɔ no ase.
23 Et vespere Liam filiam suam introduxit ad eum,
Na ɛduruu anadwo a esum aduru no, Laban de ne babaa Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no daeɛ.
24 dans ancillam filiæ, Zelpham nomine. Ad quam cum ex more Iacob fuisset ingressus, facto mane vidit Liam:
Ɛno akyiri no, Laban de nʼafenawa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no.
25 et dixit ad socerum suum: Quid est quod facere voluisti? nonne pro Rachel servivi tibi? quare imposuisti mihi?
Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban sɛ, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel enti na mesom wo? Adɛn enti na woadaadaa me sei?”
26 Respondit Laban: Non est in loco nostro consuetudinis, ut minores ante tradamus ad nuptias.
Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛha deɛ, ɛnyɛ yɛn amanneɛ sɛ yɛde ɔbabaa kumaa ma aware wɔ ɛberɛ a ɔpanin no nwareeɛ.
27 Imple hebdomadam dierum huius copulæ: et hanc quoque dabo tibi pro opere quo serviturus es mihi septem annis aliis.
Ma Lea nni nnawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnawɔtwe no akyiri no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasane asom mfirinhyia nson bio, na mede no ama wo aware.”
28 Acquievit placito: et hebdomada transacta, Rachel duxit uxorem:
Yakob penee so ne Lea tenaa nnawɔtwe. Ɛno akyiri, ɔsomm mfeɛ nson ansa na Laban de ne babaa Rahel nso maa no wareeɛ.
29 cui pater servam Balam tradiderat.
Laban de nʼafenawa Bilha nso maa ne babaa Rahel sɛ ɔnkɔsom no.
30 Tandemque potitus optatis nuptiis, amorem sequentis priori prætulit, serviens apud eum septem annis aliis.
Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sene Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, somm no mfirinhyia nson bio sɛdeɛ ɔne no hyehyɛeɛ no.
31 Videns autem Dominus quod despiceret Liam, aperuit vulvam eius, sorore sterili permanente.
Awurade hunuu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, ɔbuee ne yafunu mu, nanso Rahel deɛ, na ɔnwo.
32 Quæ conceptum genuit filium, vocavitque nomen eius Ruben, dicens: Vidit Dominus humilitatem meam, nunc amabit me vir meus.
Lea nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Ruben a asekyerɛ ne “Awurade ahunu mmɔborɔ a meyɛ.” Na Lea kaa sɛ, “Awurade ahunu me mmɔbɔ. Nokorɛm, afei na me kunu ani bɛgye me ho.”
33 Rursumque concepit et peperit filium, et ait: Quoniam audivit me Dominus haberi contemptui, dedit etiam istum mihi. Vocavitque nomen eius Simeon.
Lea nyinsɛnee bio na ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Awurade hunuu sɛ me kunu ani nnye me ho enti, wasane akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a asekyerɛ ne “Awurade ate!”
34 Concepitque tertio, et genuit alium filium: dixitque: Nunc quoque copulabitur mihi maritus meus, eo quod pepererim ei tres filios: et idcirco appellavit nomen eius, Levi.
Lea sane nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasa ama no.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Lewi a asekyerɛ ne “Ahofam.”
35 Quarto concepit, et peperit filium, et ait: Modo confitebor Domino. Et ob hoc vocavit eum, Iudam: cessavitque parere.
Lea sane nyinsɛnee. Ɛberɛ a ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, mɛkamfo Awurade.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Yuda, a asekyerɛ ne “Nkamfoɔ.” Yei akyiri no, ɔhomee awoɔ so.

< Genesis 29 >