< Exodus 3 >

1 Moyses autem pascebat oves Iethro soceri sui sacerdotis Madian: cumque minasset gregem ad interiora deserti, venit ad montem Dei Horeb.
Na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian sɔfo nguan. Ɔde nguan no wuraa sare no mu kɔɔ akyirikyiri koduu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw no so.
2 Apparuitque ei Dominus in flamma ignis de medio rubi: et videbat quod rubus arderet, et non combureretur.
Prɛko pɛ, na Awurade bɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. Mose huu sɛ wura no redɛw nanso na ɛnhyew.
3 Dixit ergo Moyses: Vadam, et videbo visionem hanc magnam, quare non comburatur rubus.
Enti Mose kae se, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwonwade yi ahu nea nti a wura no nhyew.”
4 Cernens autem Dominus quod pergeret ad videndum, vocavit eum de medio rubi, et ait: Moyses, Moyses. Qui respondit: Adsum.
Bere a Awurade huu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no fii wura no mu se, “Mose! Mose!” Mose gyee so se, “Me ni.”
5 At ille: Ne appropies, inquit, huc: solve calceamentum de pedibus tuis: locus enim, in quo stas, terra sancta est.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mmɛn me. Yi wo mpaboa na faako a wugyina no yɛ asase kronkron.”
6 Et ait: Ego sum Deus patris tui, Deus Abraham, Deus Isaac, et Deus Iacob. Abscondit Moyses faciem suam: non enim audebat aspicere contra Deum.
Ɔtoaa so se, “Mene wʼagyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no.” Mose kataa nʼanim, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim.
7 Cui ait Dominus: Vidi afflictionem populi mei in Ægypto, et clamorem eius audivi propter duritiam eorum qui præsunt operibus:
Awurade ka kyerɛɛ no se, “Mahu amanehunu a me manfo a wɔwɔ Misraim no wɔ mu no, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na minim wɔn ahohia.
8 et sciens dolorem eius, descendi ut liberem eum de manibus Ægyptiorum, et educam de terra illa in terram bonam, et spatiosam, in terram quæ fluit lacte et melle, ad loca Chananæi, et Hethæi, et Amorrhæi, et Pherezæi, et Hevæi, et Iebusæi.
Maba sɛ merebegye wɔn afi Misraimfo nsam na mayi wɔn afi Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa a ɛso bae so, asase a ɛwo ne nufusu wɔ so; asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so no so.
9 Clamor ergo filiorum Israel venit ad me: vidique afflictionem eorum, qua ab Ægyptiis opprimuntur.
Mate Israelfo no su na mahu nya a Misraimfo di wɔn no.
10 Sed veni, et mittam te ad Pharaonem, ut educas populum meum, filios Israel de Ægypto.
Enti afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, na woakoyi me man Israel afi Misraim.”
11 Dixitque Moyses ad Deum: Quis sum ego ut vadam ad Pharaonem, et educam filios Israel de Ægypto?
Mose kae se, “Mene hena a ɛsɛ sɛ mekɔ Farao anim akoyi Israelfo afi Misraim asase so?”
12 Qui dixit ei: Ego ero tecum: et hoc habebis signum, quod miserim te: Cum eduxeris populum meum de Ægypto, immolabis Deo super montem istum.
Onyankopɔn buaa no se, “Mɛka wo ho. Adansede a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no ni. Sɛ wuyi nnipa no fi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so.”
13 Ait Moyses ad Deum: Ecce ego vadam ad filios Israel, et dicam eis: Deus patrum vestrorum misit me ad vos. Si dixerint mihi: Quod est nomen eius? quid dicam eis?
Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?”
14 Dixit Deus ad Moysen: EGO SUM QUI SUM. Ait: Sic dices filiis Israel: QUI EST, misit me ad vos.
Obuaa Mose se, ka se, “Mene nea ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Mene Nea Mene na wasoma me mo nkyɛn.’”
15 Dixitque iterum Deus ad Moysen: Hæc dices filiis Israel: Dominus Deus patrum vestrorum, Deus Abraham, Deus Isaac, et Deus Iacob misit me ad vos: hoc nomen mihi est in æternum, et hoc memoriale meum in generationem et generationem.
Onyankopɔn toaa so se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Awurade a ɔyɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.’” Eyi ne me din a wɔde bɛkae me daa fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.
16 Vade, et congrega seniores Israel, et dices ad eos: Dominus Deus patrum vestrorum apparuit mihi, Deus Abraham, Deus Isaac, et Deus Iacob, dicens: Visitans visitavi vos, et vidi omnia quæ acciderunt vobis in Ægypto:
“Kɔ, frɛ Israelfo mpanyimfo na ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no daa ne ho adi kyerɛɛ me, kae se: Mawɛn mo na mahu nea wɔde ayɛ mo wɔ Misraim.
17 Et dixi ut educam vos de afflictione Ægypti in terram Chananæi et Hethæi et Amorrhæi et Pherezæi et Hevæi et Iebusæi, ad terram fluentem lacte et melle.
Mehyɛ bɔ sɛ meyi mo afi mo awerɛhow mu wɔ Misraim de mo akɔ asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so nnɛ yi a ɛwo ne nufusu wɔ so no so.’
18 Et audient vocem tuam: ingredierisque tu, et seniores Israel ad regem Ægypti, et dices ad eum: Dominus Deus Hebræorum vocavit nos: ibimus viam trium dierum in solitudinem, ut immolemus Domino Deo nostro.
“Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn se, yentu nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma no.’
19 Sed ego scio quod non dimittet vos rex Ægypti ut eatis nisi per manum validam.
Nanso minim sɛ Misraimhene remma mo kwan da, gye sɛ nsa bi a ɛyɛ duru hyɛ no ketee.
20 Extendam enim manum meam, et percutiam Ægyptum in cunctis mirabilibus meis, quæ facturus sum in medio eorum: post hæc dimittet vos.
Enti mɛteɛ me nsa na mede anwonwade ahorow a mɛyɛ wɔ wɔn mu no nyinaa atia wɔn. Ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ.
21 Daboque gratiam populo huic coram Ægyptiis: et cum egrediemini, non exibitis vacui:
“Mɛma mo anim aba nyam wɔ Misraimfo no anim na wɔahyehyɛ akyɛde ama mo, na moankɔ no nsapan.
22 sed postulabit mulier a vicina sua, et ab hospita sua, vasa argentea et aurea, ac vestes: ponetisque eas super filios et filias vestras, et spoliabitis Ægyptum.
Ɔbea biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntama pa mfi nʼafipamfo ne ne fifo mmea nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ho. Saayɛ so na mobɛfa afow Misraimfo no.”

< Exodus 3 >