< I Regum 13 >

1 Et ecce vir Dei venit de Iuda in sermone Domini in Bethel, Ieroboam stante super altare, et thus iaciente.
Awurade hyɛɛ Onyame onipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na ɔduruu hɔ ɛberɛ a na Yeroboam rekɔ afɔrebukyia no ho akɔbɔ afɔdeɛ.
2 Et exclamavit contra altare in sermone Domini, et ait: Altare, altare, hæc dicit Dominus: Ecce filius nascetur domui David, Iosias nomine, et immolabit super te sacerdotes excelsorum, qui nunc in te thura succendunt, et ossa hominum super te incendet.
Na ɔfiri Awurade ɔhyɛ nsɛm mu teaam guu afɔrebukyia no sɛ, “Ao, afɔrebukyia! Afɔrebukyia! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no edin Yosia ato Dawid fie, na wo so na ɔde asɔfoɔ a wɔfiri asɔreeɛ so ha a wɔhye aduhwam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔdeɛ!’”
3 Deditque in illa die signum, dicens: Hoc erit signum quod locutus est Dominus: Ecce altare scindetur, et effundetur cinis qui in eo est.
Ɛda no ara, Onyankopɔn onipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na ɔkaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade ada no adi. Afɔrebukyia no mu bɛpae mmienu, na nsõ a ɛgu soɔ no ahwie agu.”
4 Cumque audisset rex sermonem hominis Dei, quem inclamaverat contra altare in Bethel, extendit manum suam de altari, dicens: Apprehendite eum. Et exaruit manus eius, quam extenderat contra eum: nec valuit retrahere eam ad se.
Ɔhene Yeroboam bo fuu Onyame onipa yi sɛ wakasa atia afɔrebukyia yi. Enti ɔtenee ne nsa wɔ ne so, teaam sɛ, “Monkyere no!” Nanso, ne nsa a ɔtenee wɔ ɔbarima no so no senseneeɛ a wantumi anyɛ ho hwee.
5 Altare quoque scissum est, et effusus est cinis de altari, iuxta signum quod prædixerat vir Dei in sermone Domini.
Na afɔrebukyia no mu paee mmienu, na nsõ a ɛgu so no hwie guiɛ, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn onipa nam Awurade ɔhyɛ nsɛm so daa no adi kyerɛeɛ no.
6 Et ait rex ad virum Dei: Deprecare faciem Domini Dei tui, et ora pro me, ut restituatur manus mea mihi. Oravitque vir Dei faciem Domini, et reversa est manus regis ad eum, et facta est sicut prius fuerat.
Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Srɛ Awurade, wo Onyankopɔn, ma me na me nsa no nnya ahoɔden.” Enti, Onyankopɔn onipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
7 Locutus est autem rex ad virum Dei: Veni mecum domum ut prandeas, et dabo tibi munera.
Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Ma yɛnkɔ fie, na kɔdidi, na mɛma wo akyɛdeɛ bi.”
8 Responditque vir Dei ad regem: Si dederis mihi mediam partem domus tuæ, non veniam tecum, nec comedam panem, neque bibam aquam in loco isto:
Nanso, Onyankopɔn onipa no buaa no sɛ, “Mpo, sɛ wode wʼagyapadeɛ mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na burodo nso, merenni na manom nsuo wɔ ha.
9 sic enim mandatum est mihi in sermone Domini præcipientis: Non comedes panem, neque bibes aquam, nec reverteris per viam qua venisti.
Awurade asɛm so na wɔnam hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi burodo anaa wonom nsuo wɔ hɔ. Afei, nsane mfa ɛkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’”
10 Abiit ergo per aliam viam, et non est reversus per iter, quo venerat in Bethel.
Enti, ɔfiri Bet-El faa ɛkwan foforɔ so, sɛ ɔrekɔ efie.
11 Prophetes autem quidam senex habitabat in Bethel, ad quem venerunt filii sui, et narraverunt ei omnia opera, quæ fecerat vir Dei illa die in Bethel: et verba quæ locutus fuerat ad regem, narraverunt patri suo.
Na ɛbaa sɛ na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Bet-El. Ne mmammarima bɛkaa deɛ Onyankopɔn onipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa, kyerɛɛ wɔn agya no.
12 Et dixit eis pater eorum: Per quam viam abiit? Ostenderunt ei filii sui viam, per quam abierat vir Dei, qui venerat de Iuda.
Odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa wɔn sɛ, “Na ɔfaa he?” Na ne mmammarima no kyerɛɛ no kwan a Onyankopɔn onipa no faa so kɔeɛ.
13 Et ait filiis suis: Sternite mihi asinum. Qui cum stravissent, ascendit,
Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no no, ɔhuri tenaa ne so
14 et abiit post virum Dei, et invenit eum sedentem subtus terebinthum: et ait illi: Tune es vir Dei qui venisti de Iuda? Respondit ille: Ego sum.
tii Onyankopɔn onipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn onipa a wofiri Yuda no anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Aane, me a.”
15 Dixitque ad eum: Veni mecum domum, ut comedas panem.
Afei, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ efie, na kɔdidi.”
16 Qui ait: Non possum reverti, neque venire tecum, nec comedam panem, neque bibam aquam in loco isto:
Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha.
17 quia locutus est Dominus ad me in sermone Domini, dicens: Non comedes panem, et non bibes aquam ibi, nec reverteris per viam, qua ieris.
Awurade hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi aduane biara anaa wonom nsuo ɛberɛ a wowɔ hɔ, anaa wofa ɛkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so sane wʼakyi.’”
18 Qui ait illi: Et ego propheta sum similis tui: et Angelus locutus est mihi in sermone Domini, dicens: Reduc eum tecum in domum tuam, ut comedat panem, et bibat aquam. Fefellit eum,
Odiyifoɔ akɔkoraa no buaa sɛ, “Me nso, meyɛ odiyifoɔ sɛ wo ara. Na ɔbɔfoɔ bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa no sane bra wo fie, na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’” Nanso na odiyifoɔ akɔkoraa no redaadaa no.
19 et reduxit secum: comedit ergo panem in domo eius, et bibit aquam.
Enti, Onyankopɔn onipa no ne no sane kɔeɛ, kɔdidi nomee wɔ ne fie.
20 Cumque sederent ad mensam, factus est sermo Domini ad prophetam, qui reduxerat eum.
Ɛberɛ a wɔte didipono ho redidi no, nkra firi Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ akɔkoraa no so.
21 Et exclamavit ad virum Dei, qui venerat de Iuda, dicens: Hæc dicit Dominus: Quia non obediens fuisti ori Domini, et non custodisti mandatum, quod præcepit tibi Dominus Deus tuus,
Ɔteaam guu Onyankopɔn onipa a ɔfiri Yuda no so sɛ, “Sei na Awurade ka: Woabu Awurade asɛm so, na woanni ahyɛdeɛ a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so.
22 et reversus es, et comedisti panem, et bibisti aquam in loco in quo præcepit tibi ne comederes panem, neque biberes aquam, non inferetur cadaver tuum in sepulchrum patrum tuorum.
Wosane baa ha bɛdii aduane, nom nsuo, nanso ɔka kyerɛɛ wo sɛ nni hwee, nnom hwee. Esiane yei enti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom damena mu.”
23 Cumque comedisset et bibisset, stravit asinum suum prophetæ, quem reduxerat.
Na Onyankopɔn onipa no didi nom wieeɛ no, odiyifoɔ no hyehyɛɛ nʼafunumu no maa no,
24 Qui cum abiisset, invenit eum leo in via, et occidit, et erat cadaver eius proiectum in itinere: asinus autem stabat iuxta illum, et leo stabat iuxta cadaver.
na Onyankopɔn onipa no sii ɛkwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bɛkumm no. Nʼamu no daa ɛkwan mu a, na afunumu no ne gyata no gyinagyina ho.
25 Et ecce, viri transeuntes viderunt cadaver proiectum in via, et leonem stantem iuxta cadaver. Et venerunt et divulgaverunt in civitate, in qua prophetes ille senex habitabat.
Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɛkwan mu a gyata no gyina ho. Enti, wɔkɔbɔɔ amaneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifoɔ akɔkoraa no te hɔ.
26 Quod cum audisset propheta ille, qui reduxerat eum de via, ait: Vir Dei est, qui inobediens fuit ori Domini, et tradidit eum Dominus leoni, et confregit eum, et occidit iuxta verbum Domini, quod locutus est ei.
Ɛberɛ a odiyifoɔ akɔkoraa no tee asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a wanni Awurade ahyɛdeɛ so no. Awurade ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata to hyɛɛ no so, kumm no.”
27 Dixitque ad filios suos: Sternite mihi asinum. Qui cum stravissent,
Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no.
28 et ille abiisset, invenit cadaver eius proiectum in via, et asinum et leonem stantem iuxta cadaver: non comedit leo de cadavere, nec læsit asinum.
Ɔkɔeɛ kɔhunuu sɛ amu no da ɛkwan mu. Na afunumu no ne gyata no da so gyinagyina ne ho a, gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afunumu no nso so.
29 Tulit ergo prophetes cadaver viri Dei, et posuit illud super asinum, et reversus intulit in civitatem prophetæ senis ut plangeret eum.
Enti, odiyifoɔ no faa Onyankopɔn onipa no amu no de no too nʼafunumu no so, sane de no kɔɔ kurom, kɔsuu no, siee no.
30 Et posuit cadaver eius in sepulchro suo: et planxerunt eum: Heu, heu, mi frater!
Ɔde amu no too nʼankasa ne damena mu, firii awerɛhoɔ mu, suu no sɛ, “Ao, me nua!”
31 Cumque planxissent eum, dixit ad filios suos: Cum mortuus fuero, sepelite me in sepulchro, in quo vir Dei sepultus est: iuxta ossa eius ponite ossa mea.
Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Sɛ mɛwu a, monsie me wɔ damena a wɔasie Onyankopɔn onipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho.
32 Profecto enim veniet sermo, quem prædixit in sermone Domini contra altare quod est in Bethel, et contra omnia fana excelsorum, quæ sunt in urbibus Samariæ.
Na asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka ntia afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ne abosomfie no a ɛwowɔ Samaria nkuro so no, ɛbɛba mu.”
33 Post verba hæc non est reversus Ieroboam de via sua pessima, sed econtrario fecit de novissimis populi sacerdotes excelsorum: quicumque volebat, implebat manum suam, et fiebat sacerdos excelsorum.
Nanso, yei akyi koraa no, Yeroboam annane ne ho amfiri nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfoɔ firi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, ɔtumi yɛɛ ɔsɔfoɔ wɔ abosomfie hɔ.
34 Et propter hanc causam peccavit domus Ieroboam, et eversa est, et deleta de superficie terræ.
Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, ma ne fiefoɔ nyinaa wuwuiɛ.

< I Regum 13 >