< Psalmorum 54 >
1 In finem, in carminibus. Intellectus David, cum venissent Ziphæi, et dixissent ad Saul: Nonne David absconditus est apud nos? [Deus, in nomine tuo salvum me fac, et in virtute tua judica me.
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.” Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem.
2 Deus, exaudi orationem meam; auribus percipe verba oris mei.
Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm.
3 Quoniam alieni insurrexerunt adversum me, et fortes quæsierunt animam meam, et non proposuerunt Deum ante conspectum suum.
Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
4 Ecce enim Deus adjuvat me, et Dominus susceptor est animæ meæ.
Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo.
5 Averte mala inimicis meis; et in veritate tua disperde illos.
Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.
6 Voluntarie sacrificabo tibi, et confitebor nomini tuo, Domine, quoniam bonum est.
Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye.
7 Quoniam ex omni tribulatione eripuisti me, et super inimicos meos despexit oculus meus.]
Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.