< Liber Numeri 36 >

1 Accesserunt autem et principes familiarum Galaad filii Machir filii Manasse, de stirpe filiorum Joseph: locutique sunt Moysi coram principibus Israël, atque dixerunt:
Afei, Gilead abusua no ntuanofoɔ, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nana asefoɔ kɔɔ Mose ne Israel ntuanofoɔ nkyɛn de adesrɛdeɛ kɔtoo wɔn anim.
2 Tibi domino nostro præcepit Dominus ut terram sorte divideres filiis Israël, et ut filiabus Salphaad fratris nostri dares possessionem debitam patri:
Wɔkaa sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ bɔ ntonto kronkron na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfoɔ. Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ fa yɛn nuabarima Selofehad agyapadeɛ ma ne mmammaa.
3 quas si alterius tribus homines uxores acceperint, sequetur possessio sua, et translata ad aliam tribum, de nostra hæreditate minuetur.
Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforɔ mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ awadeɛ. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase kɛseɛ so bɛte.
4 Atque ita fiet, ut cum jubilæus, id est, quinquagesimus annus remissionis advenerit, confundatur sortium distributio, et aliorum possessio ad alios transeat.
Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, saa agyapadeɛ no bɛka hɔ ara. Na ɛbɛfiri abusuakuo a anka ɛwɔ no no nsam koraa.”
5 Respondit Moyses filiis Israël, et Domino præcipiente ait: Recte tribus filiorum Joseph locuta est.
Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a ɛfiri Awurade yi maa Israelfoɔ no: “Yosef abusuakuo mu nnipa no asɛm no yɛ nokorɛ.
6 Et hæc lex super filiabus Salphaad a Domino promulgata est: nubant quibus volunt, tantum ut suæ tribus hominibus:
Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɛfa Selofehad mmammaa no ho no nie: wɔtumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ɔfiri wɔn agya abusuakuo mu.
7 ne commisceatur possessio filiorum Israël de tribu in tribum. Omnes enim viri ducent uxores de tribu et cognatione sua:
Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔ abusuakuo foforɔ nsam, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ abusuakuo biara agyapadeɛ tena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ firi kane no.
8 et cunctæ feminæ de eadem tribu maritos accipient: ut hæreditas permaneat in familiis,
Mmammaa a wɔwɔ Israel mmusuakuo mu nyinaa a agyapadeɛ tumi kɔ wɔn nsam no, ɛsɛ sɛ wɔwareware wɔ wɔn mmusuakuo mu na wɔn agyapadeɛ amfiri wɔn abusuakuo mu.
9 nec sibi misceantur tribus, sed ita maneant
Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔdi ɔfoforɔ nsam, ɛsɛ sɛ Israel abusuakuo biara bɔ nʼagyapadeɛ ho ban.”
10 ut a Domino separatæ sunt. Feceruntque filiæ Salphaad ut fuerat imperatum:
Selofehad mmammaa no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
11 et nupserunt Maala, et Thersa, et Hegla, et Melcha, et Noa, filiis patrui sui
Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa warewaree wɔn agyanom nuammarima mma.
12 de familia Manasse, qui fuit filius Joseph: et possessio, quæ illis fuerat attributa, mansit in tribu et familia patris earum.
Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn abusuakuo mu.
13 Hæc sunt mandata atque judicia, quæ mandavit Dominus per manum Moysi ad filios Israël, in campestribus Moab supra Jordanem contra Jericho.
Yei ne mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ ɛberɛ a wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so so, wɔ Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ho.

< Liber Numeri 36 >