< Mattheum 23 >
1 Tunc Jesus locutus est ad turbas, et ad discipulos suos,
Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafoɔ no sɛ,
2 dicens: Super cathedram Moysi sederunt scribæ et pharisæi.
“Atwerɛsɛm no Akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase.
3 Omnia ergo quæcumque dixerint vobis, servate, et facite: secundum opera vero eorum nolite facere: dicunt enim, et non faciunt.
Yei enti, ɛsɛ sɛ motie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso, monnyɛ deɛ wɔyɛ no bi ɛfiri sɛ, deɛ wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ.
4 Alligant enim onera gravia, et importabilia, et imponunt in humeros hominum: digito autem suo nolunt ea movere.
Wɔhyɛ mo, ma modi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wɔdi so.
5 Omnia vero opera sua faciunt ut videantur ab hominibus: dilatant enim phylacteria sua, et magnificant fimbrias.
“Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔatwerɛ Onyame Asɛm abɔ wɔn moma ne wɔn nsa so, na wɔhyɛ wɔn ntadeɛ de kyerɛ sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ.
6 Amant autem primos recubitus in cœnis, et primas cathedras in synagogis,
Na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanin tenabea. Afei, wɔkɔ asɔre nso a, wɔpɛ sɛ wɔtena mpanin tenabea pa.
7 et salutationes in foro, et vocari ab hominibus Rabbi.
Sɛ wode obuo kyea wɔn abɔntene so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a, ɛyɛ wɔn dɛ.
8 Vos autem nolite vocari Rabbi: unus est enim magister vester, omnes autem vos fratres estis.
“Mommma obiara mfrɛ mo saa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom.
9 Et patrem nolite vocare vobis super terram: unus est enim pater vester qui in cælis est.
Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa.
10 Nec vocemini magistri: quia magister vester unus est, Christus.
Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ ɛfiri sɛ, ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no.
11 Qui major est vestrum, erit minister vester.
Wobrɛ wo ho ase som afoforɔ a, wobɛyɛ ɔkɛseɛ. Wopɛ sɛ woyɛ kɛse a, yɛ ɔsomfoɔ.
12 Qui autem se exaltaverit, humiliabitur: et qui se humiliaverit, exaltabitur.
Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.
13 Væ autem vobis scribæ et pharisæi hypocritæ, quia clauditis regnum cælorum ante homines! vos enim non intratis, nec introëuntes sinitis intrare.
“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ, ɛfiri sɛ, mosi afoforɔ Ɔsoro Ahennie ho ɛkwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no ɛkwan.
14 Væ vobis scribæ et pharisæi hypocritæ, quia comeditis domos viduarum, orationes longas orantes! propter hoc amplius accipietis judicium.
Nyaatwomfoɔ! Mobɔ mpaeɛ atentene wɔ mmɔntene so de kyerɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ wɔ ɛberɛ a motu akunafoɔ firi wɔn afie mu.
15 Væ vobis scribæ et pharisæi hypocritæ, quia circuitis mare, et aridam, ut faciatis unum proselytum, et cum fuerit factus, facitis eum filium gehennæ duplo quam vos. (Geenna )
“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mokɔ ewiase afanan nyinaa sɛ mobɛnya onipa fua abɛfra mo mu. Na sɛ monya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sene sɛdeɛ moteɛ no. (Geenna )
16 Væ vobis duces cæci, qui dicitis: Quicumque juraverit per templum, nihil est: qui autem juraverit in auro templi, debet.
“Monnue! Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno deɛ, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam deɛ a, ɛnneɛ, ntam no kyekyere onii no.
17 Stulti et cæci: quid enim majus est? aurum, an templum, quod sanctificat aurum?
Anifirafoɔ nkwaseafoɔ! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛte sikakɔkɔɔ no ho no?
18 Et quicumque juraverit in altari, nihil est: quicumque autem juraverit in dono, quod est super illud, debet.
Na moka sɛ, ‘Sɛ obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu afɔrebukyia no so ntam deɛ a, ɛkyekyere onii no’
19 Cæci: quid enim majus est, donum, an altare, quod sanctificat donum?
Anifirafoɔ! Afɔrebukyia a ɛte ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no ho no ne ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo?
20 Qui ergo jurat in altari, jurat in eo, et in omnibus quæ super illud sunt.
Sɛ woka afɔrebukyia no ntam a, woka afɔrebukyia no ne ɛso ayɛyɛdeɛ no nyinaa ntam,
21 Et quicumque juraverit in templo, jurat in illo, et in eo qui habitat in ipso:
na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam.
22 et qui jurat in cælo, jurat in throno Dei, et in eo qui sedet super eum.
Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahennwa ne Onyankopɔn no ankasa ntam.
23 Væ vobis scribæ et pharisæi hypocritæ, qui decimatis mentham, et anethum, et cyminum, et reliquistis quæ graviora sunt legis, judicium, et misericordiam, et fidem! hæc oportuit facere, et illa non omittere.
“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Moyi ntotosoɔ dudu wɔ afifideɛ a ɛwɔ mo mfikyifuo mu no ho, nanso mogya nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntenenee, ahummɔborɔ ne nokorɛdie. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ moyiyi ntotosoɔ dudu no deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya nneɛma a ɛsom bo no.
24 Duces cæci, excolantes culicem, camelum autem glutientes.
Anifirafoɔ akwankyerɛfoɔ! Mosɔne deɛ morenom so, yi mu nwansena nanso momene yoma!
25 Væ vobis scribæ et pharisæi hypocritæ, quia mundatis quod deforis est calicis et paropsidis; intus autem pleni estis rapina et immunditia!
“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Motwi mo kuruwa ne mo ayowaa ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no deɛ, asisie ne pɛsɛmenkomenya ahyɛ no ma tɔ.
26 Pharisæe cæce, munda prius quod intus est calicis, et paropsidis, ut fiat id, quod deforis est, mundum.
Farisifoɔ anifirafoɔ! Montwi kuruwa no mu kane, na kuruwa no ho nyinaa bɛte!
27 Væ vobis scribæ et pharisæi hypocritæ, quia similes estis sepulchris dealbatis, quæ a foris parent hominibus speciosa, intus vero pleni sunt ossibus mortuorum, et omni spurcitia!
“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ! Mote sɛ ɛda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufoɔ nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ.
28 Sic et vos a foris quidem paretis hominibus justi: intus autem pleni estis hypocrisi et iniquitate.
Moyɛ mo anim sɛ ateneneefoɔ, nanso bɔne ahodoɔ ahyɛ mo mu ma tɔ.
29 Væ vobis scribæ et pharisæi hypocritæ, qui ædificatis sepulchra prophetarum, et ornatis monumenta justorum,
“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mosisi nna akɛseɛ ma adiyifoɔ a mo ara mo agyanom kunkumm wɔn, na mode nhwiren gugu ateneneefoɔ a wɔkunkum wɔn no da so,
30 et dicitis: Si fuissemus in diebus patrum nostrorum, non essemus socii eorum in sanguine prophetarum!
na motwa mo ho ka sɛ, ‘Sɛ na yɛte ase saa ɛberɛ no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛeɛ no.’
31 itaque testimonio estis vobismetipsis, quia filii estis eorum, qui prophetas occiderunt.
Sɛ moka saa a, mobu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimuɔdenfoɔ mma.
32 Et vos implete mensuram patrum vestrorum.
Na modi wɔn anammɔn akyi yɛ saa bɔne korɔ no ara bi pɛpɛɛpɛ.
33 Serpentes, genimina viperarum, quomodo fugietis a judicio gehennæ? (Geenna )
“Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu ogya mu atemmuo no? (Geenna )
34 Ideo ecce ego mitto ad vos prophetas, et sapientes, et scribas, et ex illis occidetis, et crucifigetis, et ex eis flagellabitis in synagogis vestris, et persequemini de civitate in civitatem:
Mɛsoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asɛnnua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa ebi firi nkuro so akɔ nkuro so.
35 ut veniat super vos omnis sanguis justus, qui effusus est super terram, a sanguine Abel justi usque ad sanguinem Zachariæ, filii Barachiæ, quem occidistis inter templum et altare.
Na ateneneefoɔ mogya a moahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel so de kɔsi Barakia ba Sakaria a mokumm no wɔ asɔredan ne afɔrebukyia ntam no, bɛba mo so.
36 Amen dico vobis, venient hæc omnia super generationem istam.
Mereka makyerɛ mo sɛ, atemmuo a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so.
37 Jerusalem, Jerusalem, quæ occidis prophetas, et lapidas eos, qui ad te missi sunt, quoties volui congregare filios tuos, quemadmodum gallina congregat pullos suos sub alas, et noluisti?
“Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ, mpɛn ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!
38 Ecce relinquetur vobis domus vestra deserta.
Wɔbɛgya mo efie fituo ama mo.
39 Dico enim vobis, non me videbitis amodo, donec dicatis: Benedictus, qui venit in nomine Domini.
Na mese mo sɛ, ɛfiri sɛsɛɛ morenhunu me bio kɔsi sɛ, mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.’”